-
Nkwagye ne Ahurusidi Wɔ Mesia no Nniso AseYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
4, 5. Nkɔm bɛn na Yesaia hyɛ faa Mesia no ba ho, na ɔkwan bɛn so na ɛda adi sɛ Mateo de Yesaia nsɛm no dii dwuma?
4 Mfehaha pii ansa na Yesaia reba no, Hebri Bible no akyerɛwfo foforo twee adwene sii Mesia, Ɔkannifo ankasa a na Yehowa bɛsoma no aba Israel, no ba so. (Genesis 49:10; Deuteronomium 18:18; Dwom 118:22, 26) Afei, Yehowa nam Yesaia so de nkyerɛkyerɛmu foforo ka ho. Yesaia kyerɛw sɛ: “Duforo bi befifi afi Yisai dunsin no mu, na dubaa afi ne ntini mu asow aba.” (Yesaia 11:1; fa toto Dwom 132:11 ho.) “Duforo” ne “dubaa” no nyinaa kyerɛ sɛ Mesia no bɛyɛ Yisai aseni denam ne ba Dawid, a wɔsraa no ngo sɛ Israel hene, no so. (1 Samuel 16:13; Yeremia 23:5; Adiyisɛm 22:16) Sɛ Mesia no ankasa ba a, na saa “dubaa” a ofi Dawid fie yi bɛsow aba pa.
5 Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no ne Yesu. Asɛmpa kyerɛwfo Mateo twee adwene sii Yesaia 11:1 mu nsɛm so bere a ɔkae sɛ Yesu a wɔfrɛɛ no “Nasareni” no maa odiyifo no nsɛm no baam no. Esiane sɛ wɔtetee Yesu wɔ Nasaret kurow mu nti, na wɔfrɛ no Nasareni, edin a ɛda adi sɛ ɛne Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma maa “dubaa” wɔ Yesaia 11:1 no hyia.b—Mateo 2:23, NW ase hɔ asɛm; Luka 2:39, 40.
-
-
Nkwagye ne Ahurusidi Wɔ Mesia no Nniso AseYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
b Hebri asɛmfua a wɔde di dwuma ma “dubaa” ne neʹtser, na nea wɔde di dwuma ma “Nasareni” ne Nots·riʹ.
-