Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 3/8 kr. 7-8
  • Ahenni A Eye Kyɛn So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahenni A Eye Kyɛn So
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • l. Atemmu a Ɛteɛ
  • II. Mmara a Ɛsen Biara
  • III. Nitan Awiei Reba
  • Wo Gyinaesi
  • Britania Ahenni No—So Ebetumi Atwa 1980 Mfe No?
    Nyan!—1983
  • Ɔsoro Ahenni Reba
    Nyan!—1983
  • Ma Obiara Nhu Sɛ Wiase Nyinaa Ahotɔ Abɛn
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Ebesi wo Dɛn wɔ Atemmu Agua no Anim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 3/8 kr. 7-8

Ahenni A Eye Kyɛn So

ANSA na wɔrehyia wɔn adehye-ayeforo no, Britaniani nsɛm-kyerɛwfo Malcolm Muggeridge kyerɛwee sɛ “wɔ mmere a ɔhaw ayɛ mu ma na ɛresakra yi mu no, gye wɔn a wɔka daakye nsɛm, Marxistfo ne Yehowa Adansefo nkutoo na wobesi wɔn bo ahyɛ nkɔm sɛ ebia Ɔheneba Charles ne Awuraa Diana bɛtra ahengua no so ankasa sɛ England Hene ne Ɔhemmea da bi.”

Mmom na Owura Muggeridge redi mfomso. Yehowa Adansefo nhyɛ nkɔm biara a ɛte saa. Nanso, nea Yehowa Adansefo ka ne sɛ, sɛ ɛba sɛ Charles tra England ahengua no so mpo a, bere a ɔde bɛtra so no betumi ayɛ tiaa.

Dɛn nti na ɛte saa? Ɛnyɛ sɛ esiane mfomso bi wɔ ɔdehye no fam nti. Saa ara na ɛnyɛ ɔman anidan bi a ebetumi asi ankasa wɔ Britania nti. Dabi, nea enti a ɛte saa no mu yɛ den sen eyi koraa.

Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ Britania ahenni no ne afoforo a ɛkeka ho nyinaa yɛ nea ɛrenkyɛ wɔde ahenni a eye kyɛn so koraa besi ananmu​—nea ebetumi adi nhyehyɛe ahorow pii a ɛho hia kɛse a akyinnye biara nni ho sɛ Ɔheneba Charles ankasa begye atom no ho dwuma. Ampa, nsɛm a ɔdehye no aka da sɛnea nea ɔpɛ ne wiase ahenni a ɛreba wɔ Yesu Kristo nniso ase no botae ahorow hyia yiye no adi. Nhwɛso ahorow abiɛsa ni:

l. Atemmu a Ɛteɛ

“Wogyina nea aniwa hu so bu nnipa pii atɛn,” saa na Ɔheneba Charles kae bere a ɔkɔɔ nnipa a wɔyare wɔn adwene mu ayaresabea bi nnansa yi no. “Ɛsɛ sɛ mokɔ so ka kyerɛ mo ho sɛ nea aniwa hu ntaa nyɛ nokware.” Ɔpɛ a ɔdehye no wɔ sɛ obekwati atemmu a ɛyɛ aniani no yɛ nea ɛfata nkamfo, nanso so onipa bi wɔ nhumu ankasa a ɔde bɛyɛ saa? Sɛnea Onyankopɔn daa no adi wɔ ɔkwan a ɛfata so kyerɛɛ ne diyifo Samuel no: “Onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa] de, ɔhwɛ komam.” (1 Samuel 16:7) Yehowa de saa tumi yi ama ne Ba no. Enti, ná Yesu betumi aka sɛ: “Mo de, mubu ɔhonam ani atɛn; me de, mimmu obiara atɛn. Na sɛ mibu atɛn po a, m’atemmu no yɛ nokware; efisɛ ɛnyɛ me nko, na me ne nea ɔsomaa me no.”​—Yohane 8:15, 16.

Bere a wɔansoma Yesu amma asase so sɛ ɔtemmufo wɔ afeha a edi kan no mu no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Temmufo wɔ Onyankopɔn ahenni a ɛreba no mu. Ɛdefa saa bere no ho no, odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔmsɛ “ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm, na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo.” (Yesaia 11:3, 4) Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

II. Mmara a Ɛsen Biara

Bere a ɔdehye no kɔsraa adwumayɛbea bi no, ɔkae sɛ: “Asɛm koro pɛ a migyina so yɛ m’ade ne, ‘Nea wopɛ sɛ afoforo yɛ ma wo no, yɛ ma wɔn saa ara.’ Mebɔ mmɔden sɛ mede me ho besi nnipa afoforo ananmu. Wɔ saa kwan no so no mewɔ anidaso sɛ metumi ayɛ nea ɛteɛ.”

Ampa Ɔheneba Charles kura adwene a eye paa. Ebia woahu sɛ na ɔrefa asɛm aka afi Bepɔw so Asɛnka no mu, faako a Yesu kae sɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara; na eyi na mmara ne adiyifo no kyerɛ.”​—Mateo 7:12.

Ɛnde, hena na obetumi de saa “asɛm” no adi dwuma yiye sen Yesu ankasa? So wamfa n’asetra bere nyinaa anyɛ nkurɔfo papa? Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no ka ne ho asɛm sɛ “oguanhwɛfo pa” a awiei koraa no “ɔde ne kra to hɔ ma nguan” no. (Yohane 10:11) Ampa, Yesu daa n’ani a egye sɛ ɔbɛyɛ papa ama adesamma no adi mpɛn pii.

III. Nitan Awiei Reba

“Pɛsɛmenkominya adɔɔso dodo, ɛyɛ ahobow. Ehu . . . anibiannaso. . . . Sɛ́ dɛn ara nti na ɛma wɔyɛ saa no, ɛyɛ asiane kɛse. Efisɛ awiei koraa no ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bom te yɛn ho yɛn ho ase, anyɛ saa a, dɛn na daakye bɛyɛ?” Na ɔdehye no reka ɔhaw kɛse bi a ɛwɔ Britaniafo man mu ho asɛm wɔ ha, nanso n’asɛm no yɛ nokware saa ara wɔ wiase no mmeae horow pii nnɛ, Ɔheneba Charles kyi a okyi abusua mu nitan ne n’ankasa ɔpɛ pa ma nnipa a wofi mmusua horow nyinaa mu ho nhwɛso fata nkamfo kɛse, nanso dɛn na Ɔheneba Charles anaa onipa sodifo biara betumi ayɛ de asesa adwemmɔne ahorow a ase atim kɛse? Kakraa bi, sɛnea nnipa pii hu no.

Nanso, wɔ Onyankopɔn ahenni no fam de, ɛyɛ soronko. Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛbɛma onipa adaeso fi tete a ɛfa adesamma nuayɛ ho no abam. Nea ɛnte sɛ nnipa nniso horow no, Onyankopɔn ahenni no de nnyinasosɛm a ɔsomafo Petro ani sɔe no bedi dwuma, ɔkae sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”​—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ anisoadehu mu no ɔsomafo Yohane huu “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim . . . wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne Oguammaa no dea.” (Adiyisɛm 7:9, 10) Yiw, ná Yohane rehu nnipa a wɔbɛtra ase wɔ Onyankopɔn ahenni no mu, na na ɔman anaa abusua mu mpaapaemu nni saa nnipa no mu. Na wɔabom resom Nyankopɔn wɔ biakoyɛ mu, sɛnea Yehowa Adansefo reyɛ mprempren mpo wɔ wiase afanan nyinaa no.

Wo Gyinaesi

Asase so ahenni ananmusifo ahorow, te sɛ Ɔheneba Charles, su pa ahorow no ma nnipa pii pɛ wɔn asɛm. Nanso wɔn su pa ahorow no bɛyɛ nea ɛnsɛ hwee, sɛ wode toto Kristo a ɔyɛ Yehowa, “Onyankopɔn a wonhu no no suban” de no ho a. (Kolosefo 1:15) Nokwarem, so obi wɔ hɔ a obetumi adi asase yi so yiye sen Kristo? Dabi!

Nanso yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn ahenni bedi asase yi so ampa, ne sɛ ɛnyɛ nsusuwii hunu bi ara kwa sɛnea nnipa pii susuw no? Nea ɛho hia titiriw no, adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ Sɛ saa ahenni yi befi ase adi tumi nnansa yi ara, bere a asase so ahene no pii wɔ hɔ? Yɛn asɛm a edi hɔ no bua nsemmisa atitiriw yi.

[Kratafa 8 adaka]

“Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro. Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ, na fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka.”​—Mateo 6:9-12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena