-
Ɔfã 9: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni AbɛnƆwɛn-Aban—1981 | September 1
-
-
3 “Na duforo bi befifi afi Yisai dunsin no mu, na dubaa afi ne ntini mu afefɛw asow aba; na Yehowa honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne Yehowa osuro honhom. Na Yehowa osuro bɛyɛ no huam, na ɛnyɛ nea n’ani hu so na obu ntɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na odi asɛm: na trenee na ɔde bebu abrɛfo ntɛn, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo; na ɔde n’anom abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’ano honhom akum abɔnefo; na trenee bɛyɛ n’asen so abɔso, na gyidi ayɛ n’akwaa mu abɔmu.”—Yes. 11:1-5.
-
-
Ɔfã 9: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni AbɛnƆwɛn-Aban—1981 | September 1
-
-
6. Ɛdenam ne dwumadi wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no so no, ɔkwan bɛn so na ɔbɛfa akyerɛ sɛ ne mfirihyia apem atemmu dwumadi no bɛyɛ nea ɛteɛ?
6 Sɛnea ɛbɛyɛ na wakyerɛ nea ne mfirihyia apem atemmu dwumadi no bɛyɛ no, Ɔtemmufo yi a Yehowa honhom ahyɛ no ma kɛse yi bɛda ne ho adi sɛ ahiafo ne ahobrɛasefo Gyefo wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛba awiei wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ, da kɛse no mu ko” no mu wɔ Harmagedon, no mu. (Mat. 24:21; Adi. 7:14; 16:14, 16) Ahyɛde ne akwankyerɛ a ɔde bɛma ne soro dɔm no bɛyɛ te sɛ “dade poma” a efi n’anom, efisɛ, nea ɔka sɛ ɔsraani panyin no mmamu mu no, obebubu ‘asase dedaw’ a ɛnteɛ no pasapasa. Yehowa honhom bɛka n’ano na ɔbɛda n’adwene ne ne nkate wɔ abɔnefo a wɔwɔ asase so ho no adi, na wakunkum wɔn. Wobeyi ahantanfo ne abɔnefo afi yɛn asase yi nyinaa so. Na, wɔbɛkyekyere eyinom so difo a aniwa nhu no a ɔne Satan no na wɔatow no akyene bun mu.
-