-
Ɔfã 9: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni AbɛnƆwɛn-Aban—1981 | September 1
-
-
3 “Na duforo bi befifi afi Yisai dunsin no mu, na dubaa afi ne ntini mu afefɛw asow aba; na Yehowa honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne Yehowa osuro honhom. Na Yehowa osuro bɛyɛ no huam, na ɛnyɛ nea n’ani hu so na obu ntɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na odi asɛm: na trenee na ɔde bebu abrɛfo ntɛn, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo; na ɔde n’anom abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’ano honhom akum abɔnefo; na trenee bɛyɛ n’asen so abɔso, na gyidi ayɛ n’akwaa mu abɔmu.”—Yes. 11:1-5.
-
-
Ɔfã 9: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni AbɛnƆwɛn-Aban—1981 | September 1
-
-
7, 8. (a) Sɛnea ɛbɛyɛ na ɛde yiyedi abrɛ adesamma no, ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔde trenee abɔ Ɔtemmufo no mu na wɔde nokwaredi akyekyere n’asen? (b) Tumi bɛn na eyi benya wɔ adesamma so a ɛde nsakrae horow bɛba wɔn mu?
7 Nokwarem no, biribi foforo biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ adesamma hwɛ kwan fi Ɔtemmufo Yesu Kristo a Yehowa apaw no no mfirihyia apem atemmu no mu sɛ trenee ne nokwaredi a ɛde mfaso bɛbrɛ wɔn. Ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔde trenee abɔ ɔsoro Temmufo yi mu, na wɔde trenee nnwuma akyekyere n’asen. Yiw, ɛte sɛ nea ɔde nokwaredi bɔ abɔso anaasɛ ɔde kyekyere n’asen na watumi de nokwaredi adi nnipa a obu wɔn ntɛn sɛnea Onyankopɔn gyinapɛn ahorow te no yiyedi ho dwuma. Oo, asomdwoe ne ahotɔ bɛn ara na ɛbɛba asase so sɛɛ yi! Nsakrae bɛn ara na ɛbɛba adwene a nnipa wɔ ma wɔn ho wɔn ho no mu sɛɛ yi, na nsakrae bɛn ara na ɛbɛba nipasu ahorow mu ma ɛde yiyedi abrɛ afoforo sɛɛ yi! Wɔayɛ eyi ho mfonini fɛfɛ wɔ Yesaia nkɔmhyɛ asɛm no mu, bere a ose:
-