Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 2/15 kr. 23-26
  • Bible Mu Nokware a Wɔtrɛw Wɔ Portugal

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Mu Nokware a Wɔtrɛw Wɔ Portugal
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wɔn a Wɔpɛ Nyamesom a Wɔboa Wɔn
  • Abusuafo a Wɔne Wɔn Kyɛ Nokware No
  • “Mede Me Nan ne Mpire Bɛboro Wɔn Apam Wɔn”
  • Wɔ Asasesin a Wɔtaa Yɛ Mu Adwuma Mu
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 2/15 kr. 23-26

Bible Mu Nokware a Wɔtrɛw Wɔ Portugal

EFI Caminha a ɛwɔ kusuu fam kosi Vila Real de Santo Antônio wɔ kesee fam no, akorow a ɛyɛ fɛ a wɔde kɔ mpataayi apete Portugal Atlantic Mpoano a ɛyɛ kilomita 800 hɔ nyinaa. Apofofo ‘asian akɔ po so wɔ ahyɛn mu’ mfehaha pii ni, na ama mpataa ayɛ Portugalfo pii aduan titiriw.—Dwom 107:23.

Mfirihyia 70 a atwam ni no, mpataayi foforo akɔ so wɔ Portugal. Yehowa Adansefo de asɛmpa no rema sɛnkyerɛnne kwan so mpataa ɔpedudu pii a adagyew nnim koraa. (Mateo 4:19) Wɔ May 1995 mu no, na Ahenni adawurubɔfo dodow a ɛsen biara yɛ 44,650—sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a 1 kasa kyerɛ ɛhɔfo bɛyɛ 210. Wɔ nkuropɔn ahorow bi mu no, nkyekyem no yɛ ɛno fã.

Esiane sɛ adwumayɛfo no dɔɔso nti, wɔyɛ nsasesin a wɔka mu asɛm no mu adwuma wie nnawɔtwe biara anaa nea ɛte saa. Enti Portugalfo Adansefo no ma ehia wɔn yiye sɛ wɔbɛdannan nsɛm a wɔka kyerɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne afoforo bɛkyɛ wɔn Bible mu anidaso no. Yiw, wohu hia a ehia sɛ wɔbɛfa ɔkwan biara a wobetumi so ada Bible mu nokware adi.—1 Korintofo 9:20-23.

Wɔn a Wɔpɛ Nyamesom a Wɔboa Wɔn

Sɛnea nnipa a wɔkan wɔn wɔ 1991 mu daa no adi no, wɔn a wɔadi mfe 18 anaa nea ɛboro saa no mu ɔha biara mu 70 a wɔwɔ Portugal no kyerɛ sɛ wɔyɛ Roma Katolekfo. Eyi nyinaa akyi no, ɔmanfo no Bible nimdeɛ wɔ fam koraa. Atesɛm krataa Jornal de Notícias kae sɛ: “Katolek nsase so awerɛhosɛm akɛse a ɛsen biara no mu biako ni: Bible no a wonnim!” Dɛn nti na eyi te saa? Portugalfo atesɛm krataa Expresso de mmuae no ma. Ɛrebɔ nhyiam bi a asɔfo 500 yɛe wɔ Fátima ho amanneɛ no, atesɛm krataa no ka sɛ: “Sɛnea asɔfo no kyerɛ no, ɛho hia sɛ ɔsɔfo twe ne ho fi nnwuma bebree mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsan akura ne gyinabea sɛ ‘ɔsɛnkafo’ no mu a biribiara mmatabata ho. . . . Sɛ ɔsɔfo no de ne ho nyinaa hyɛ Asɛmpa no ka mu a, ɔrennya adagyew mma dwumadi foforo biara.”

Nea ɛne no bɔ abira no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Portugal no nam ɔkwan biara a wobetumi so reda Bible mu nokware adi a adagyew nnim. Ne saa nti, Katolekfo komapafo pii renya Bible mu nimdeɛ.

Ná Carlota yɛ Katolekni amapa ne mmofra nyamesom kuw bi muni. Ná ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ mmotafowa sukuu a na Antônio a ɔyɛ Ɔdansefo no yɛ adwuma. Sɛ́ daa ɔkwampaefo anaa bere nyinaa somfo no, Antônio bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ ɔne ne mfɛfo adwumayɛfo bɛka Bible no ho asɛm awiabere a wɔrekodidi no. Da bi, Carlota bisaa no hellgya ne Maria som ho gyidi ho asɛm. Antônio kyerɛɛ no nea Bible no kyerɛkyerɛ wɔ nsɛm yi ho, na ɛkɔfaa Bible mu nkɔmmɔbɔ pii bae. Carlota ani gyee yiye bere a ɔkɔɔ ne nhyiam a edi kan wɔ Ahenni Asa so no. Nanso, na bere a wɔde yɛ nhyiam no ne asɔre a ɔwom no nhyia. Ohui sɛ ɛsɛ sɛ osi gyinae. Dɛn na ɔbɛyɛ?

Carlota boaboaa mmofra kuw no nyinaa ano na ofi Bible mu kyerɛɛ wɔn nea enti a ɔregyae. Wɔn mu biara ne no anyɛ adwene, gye abeawa biako a wɔfrɛ no Stela a otiee no yiye no. Bere a Carlota ne no kasae akyiri yi no, Stela bisaa nsɛm pii faa nea asetra fi ne n’atirimpɔw ho. Carlota de nhoma, Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?a maa no na ɔne no fii Bible adesua ase.

Wɔ saa bere no mu no, Carlota nyaa honhom mu nkɔanim kɛse, wɔbɔɔ no asu wɔ June 1991 mu, na ofii ase som sɛ ɔkwampaefo asram asia akyi. Wɔ May 1992 mu no, ɔne Antônio waree, na wɔretoa akwampae adwuma no so wɔ asafo bi a ɛbɛn a mmoa ho hia kɛse mu. Na Stela nso ɛ? Wɔbɔɔ no asu wɔ May 1993 mu na ɔsom mprempren sɛ daa ɔkwampaefo.

Ná abofra Francisco yɛ nyamesomni papa. Kwasida anɔpa biara na ɔkɔ Mass na ɔkɔsew Rosary awiabere. Ɔsomee sɛ asɔredan mu nnwinne sohwɛfo, a na ɔboa ɔsɔfo bere a wɔreyɛ Mass no. Ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae mpo sɛ daakye bi ɔnyɛ no “ɔhotefo”!

Ná Francisco pɛ sɛ onya Bible ankasa, na da bi n’adamfo bi maa no bi. Ne ho dwiriw no sɛ ohui sɛ Onyankopɔn wɔ din, Yehowa. (Exodus 6:3; Dwom 83:18) Ne ho dwiriw no kɛse mpo bere a ɔkenkan wɔ Exodus 20:4, 5 sɛ Onyankopɔn bara ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu no! Bere a ohui sɛ ahoni ahyɛ asɔre no mu ma no, ofi komam bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa no ma ɔnte tebea a ama n’adwenem ayɛ no basaa no ase. Nna bi akyi no, ohuu ne yɔnko sukuuni bi na obisaa no nea enti a wagyae anadwo sukuu no.

N’adamfo no buae sɛ: “Mekɔ anadwo sukuu a eye sen ɛno seesei.”

Francisco bisae sɛ: “Ɛyɛ sukuu bɛn, na dɛn na moresua?” Na ɔnhwɛ n’adamfo no mmuae no kwan koraa.

N’adamfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Meresua Bible no wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Wobɛpɛ sɛ woma yɛkɔ?”

Nea Francisco hui wɔ da a edi kan a ɔkɔɔ nhyiam no yɛɛ no sɛ dae—anigyefo a wɔn anim tew; nkurɔfo a wɔne wɔn ho wɔn ho kasa wɔ adamfofa a emu yɛ den so; mmofra a wɔne wɔn awofo tete faako retie nea wɔreka wɔ hɔ no.

Francisco teɛm kae sɛ: “Na meyɛ ɔhɔho koraa, nanso metee nka sɛ meka abusua no ho!” Efi saa bere no ɔkɔ nhyiam horow daa. Mprempren Francisco som sɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu, na ɔne ne yere ne ne mma baanu di ahurusi wɔ Ahenni bɔhyɛ akɛse a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no mu.

Abusuafo a Wɔne Wɔn Kyɛ Nokware No

Manuela a ɔyɛ daa ɔkwampaefo wɔ Lisbon mpɔtam hɔ no ayi honhom mu mpataa pii esiane gyae a onnyae sɛ obefi ayamye mu adi obiara, a n’abusuafo nso ka ho, adanse nti. Nea ɔka eyinom ho ne ne nuabarima, José Eduardo a na wasua sɛnea wɔko ntɔkwaw ne sɛnea wɔde akode ahorow di dwuma no. Obuu mmara so mpɛn pii araa ma awiei koraa no, wobuu no fɔ wɔ sobo ahorow 22 a wɔbɔɔ no ho, hyɛe sɛ wɔmfa no nkɔto afiase mfirihyia 20. Ná n’ani yɛ den araa ma enti na ne mfɛfo a ɔne wɔn da afiase no suro no, na wɔde ne nkutoo too afiase dan biako mu.

Manuela de boasetɔ sraa José Eduardo mfe ason, nanso bere nyinaa ɔpow Bible mu asɛm a ɔka kyerɛɛ no no. Awiei koraa no, bere a wotintim nhoma Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? no, ogyei, na wofii Bible adesua ase. Ntɛm ara, ɔyɛɛ nsakrae kɛse wɔ n’abrabɔ mu. Dapɛn biako akyi no, n’ankasa dii nneduafo 200 adanse, ne 600 foforo dapɛn a edi hɔ no. Wɔmaa no hokwan mpo ma ɔkɔsraa nneduafo a wɔwɔ afiase adan foforo mu. Esiane nsakrae kɛse a onyae wɔ ne suban mu no nti, wɔtew n’afiase nna no so beduu mfirihyia 15. Bere a odii mfirihyia 10 no, wogyae no hwɛɛ ne suban. Efi saa bere no, mfe anum abɛsen kɔ, na mprempren José Eduardo yɛ Yehowa Ɔdansefo a wɔabɔ no asu, a ɔresom sɛ asafo mu ɔsomfo wɔ asafo a ɛwɔ hɔ no mu. Nokwarem no, ‘ɔyɛ habɔdɔm a ɔne oguanten ba te’!—Yesaia 11:6.

Esiane mmɔden a wakɔ so abɔ de adi n’abusuafo adanse nti, Manuela atumi aboa ne kunu ne n’abusua mufo foforo anan ma wɔabɛyɛ nnam wɔ Yehowa som mu ama n’ani agye. Mprempren, ne kunu yɛ asafo mu ɔsomfo.

“Mede Me Nan ne Mpire Bɛboro Wɔn Apam Wɔn”

Ná Maria do Carmo te Lisbon mpɔtam bi na Adansefo no baa ne nkyɛn. N’ani gyee nea ɔtee no ho na obisaa ne kunu Antônio sɛ ebia ɔbɛpene ma wɔne no ayɛ Bible adesua wɔ fie anaa. Ne kunu no buae sɛ: “Ɛnna nnwene ho koraa! Sɛ mihu Yehowa Adansefo wɔ yɛn fie ha a, mede me nan ne mpire bɛboro wɔn apam wɔn.” Asɛm no ne sɛ, ná Antônio kyerɛ karate bɔ, na na ɔwɔ abasobɔde a ɛma ɔbɔ abomu tuntum. Enti Maria do Carmo sii gyinae sɛ ɔbɛyɛ ne Bible adesua no wɔ baabi foforo.

Akyiri yi, na ɛsɛ sɛ Antônio kɔ England kɔyɛ nnawɔtwe adesua wɔ karate ho, na Maria do Carmo de ahwɛyiye faa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm nhoma no bi hyɛɛ n’adaka mu.b Esiane sɛ na Antônio wɔ bere pii wɔ n’akwantu no mu nti, ɔkenkan nhoma no. Bere a ɔresan aba no, ahum kɛse bi wosow wimhyɛn no denneennen, na ɛyɛɛ den sɛ ebesi fam. Antônio bɔɔ Yehowa mpae, bere a edi kan koraa wɔ n’asetra mu.

Bere a Antônio duu fie no, Ɔdansefo a na ɔne ne yere sua ade no too nsa frɛɛ no sɛ ɔmmra nhyiam bi. Ɔkɔe, na ohui sɛ obiara pɛ nnipa. Wɔyɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe, na bere tiaa bi mu no, Antônio behui sɛ ɛsɛ sɛ osi gyinae ahorow bi. Nea efi mu bae ne sɛ, ogyaee karate kyerɛ na ofii ase kyerɛkyerɛɛ n’adesuafo no sɛnea wɔbɛtra ase asomdwoe mu nnɛ ne daa nyinaa. Mprempren, wɔn mu biako a na ɔno nso wɔ abasobɔde a ɛma ɔbɔ abomu tuntum no, abɔ asu sɛ Kristoni.

Antônio de, wɔbɔɔ no asu wɔ April 1991 mu. Ofii ase som sɛ akwampaefo boafo da a edi n’asubɔ akyi no. Asram asia akyi no, ofii ase somee sɛ daa ɔkwampaefo, na bere tiaa bi akyi no na ɔyɛ ofie Bible adesua ahorow 12. Wɔ July 1993 mu no, wɔpaw no sɛ asafo mu ɔsomfo.

Wɔ Asasesin a Wɔtaa Yɛ Mu Adwuma Mu

Wɔ ɔman no mu mmeae pii no, wɔyɛ asasesin no mu adwuma wie dapɛn biara anaa nea ɛte saa. Ɔkwan bɛn so na Adansefo no yɛ wɔn “mpataayi” adwuma no ma ɛsow aba?

João bɔ mmɔden sɛ obenya ofie biara mu nnipa. Bere bi a ɔkɔɔ awuraa bi nkyɛn no, obisae sɛ ebia afoforo te fie hɔ anaa. Awuraa no buae sɛ ne kunu ne ne mma mmarima baanu te hɔ, nanso ɛrenyɛ mmerɛw sɛ ne nsa bɛka wɔn esiane sɛ wɔyɛ adwuma na anwummere nko na wɔba fie nti. Enti João toaa so kodii afoforo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no adanse. Bɛyɛ dɔnhwerew biako ne fã akyi no, ɔbarima bi baa ne nkyɛn.

“Wokae sɛ wopɛ sɛ wo ne me kasa,” ɔbarima no bisaa João. “Mesrɛ wo ka nea wopɛ sɛ woka kyerɛ me.”

João a ne ho adwiriw no no buae sɛ: “Mesrɛ wo, minnim wo. Wone hena?”

“Wɔfrɛ me Antônio na mete ɔkwan yi ara so. Woka kyerɛɛ me maame sɛ wopɛ sɛ wo ne abusua no mufo a aka no kasa, enti maba sɛ merebetie nea na wopɛ sɛ woka no.”

João dii Antônio adanse fefeefe na ɔne no fii Bible adesua ase. Adesua a ɛto so abien akyi no, Antônio bisae sɛ ebia wobetumi ayɛ adesua no mprenu dapɛn biara anaa. Asram anan pɛ akyi no, ɔbɛkaa João ho, fii asɛmpa no ka ase wɔ ne mpɔtam hɔ. Asram abiɛsa akyi no, wɔbɔɔ no asu. Nnansa yi ara, ne maame nso fii ase suaa Bible no. Hwɛ mfaso ara a ɛwɔ so sɛ yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛne abusua mufo nyinaa bɛkasa wɔ ɔsom adwuma no mu!

Osuahu a ɛtete saa a ɛyɛ anigye yi kyerɛ sɛ honhom mu mpataayi adwuma pii da so ara wɔ Portugal a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Yehowa de Bible adesua mpempem a ɛrenya nkɔso ahyira Adansefo a wɔyɛ no. Bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ akwan pii a wɔbɛfa so ada Bible mu nokware adi akyerɛ obiara no, ɔsomafo Paulo nsɛm ma Kristofo a na wɔwɔ Filipi no renya mmamu ankasa wɔ Portugal nnɛ: “Akwan nyinaa mu no . . . Kristo ho asɛm ara na wɔka.”—Filipifo 1:18.

[Ase hɔ nsɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.

b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.

[Asase mfonini wɔ kratafa 23]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

SPAIN

PORTUGAL

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]

Adansefo a wɔwɔ Portugal de hokwan biara di dwuma de da Bible mu nokware adi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena