So Woasusuw Ho Pɛn Anaa—
So Nnipa Begyae Ade A Ɛyɛ Yaw A Wɔde Yɛ Wɔn Ho Wɔn Ho No Da Bi?
ƐNYƐ na sɛ wobɛte sɛ wɔayɛ obi ade ama ayɛ no yaw. Saa ɛyaw anaa awerɛhow a wɔhyɛ obi no kyɛ kyɛn pira a wɔhyɛ da pira obi ankasa wɔ nipadua mu. Ebia na ɛte sɛ nea sɛnea asetra bɛyɛ ara ni. Nanso yɛwɔ nea yebegyina so agye adi sɛ biribi pa betumi aba. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ahu sɛnea eyi betumi ayɛ yiye no, ɛbɛyɛ mmoa sɛ yebedi kan asusuw eyi ho—
DƐN NTI NA NNIPA HYƐ WƆN HO WƆN HO YAW?
Nea ɛde eyi ba titiriw no fi sɛ́ onipa no resusuw ne nkutoo ne ne nkate horow ho. Ebia na ɛnyɛ sɛ ɔpɛ ankasa sɛ ɔhyɛ obi yaw anaa awerɛhow, na mmom wɔ saa bere no mu de na pɛsɛmenkominya agye afoforo ho a obesusuw no afa.
Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi betumi ayɛ adwuma da mu nyinaa wɔ adwuma no mu ɔpanyin bi a onye ase. N’abasamtu no kɔ so dɔɔso, nanso adwuma no ho hia no enti ɔyɛ komm. Nanso dɛn na ɛba bere a ɔkɔ fie no? Ne bo fuw ne yere a ebia na nsɛm mu ayɛ den ama no wɔ da mu no mu no. Ɔbea yi nso de n’anibere bɛkɔ akowie ne mma no so.
Sɛ obi te ade nka dodo a, obetumi ahyɛ obi awerɛhow wɔ ade ketewaa bi ho. Wɔ kurow kɛse bi mu na dua a abusua bi ayɛ a wɔde hama asa so de hata wɔn nneɛma no kɔhwee wɔn fipamfo bi mfikyiri sɛee biribi kakra wɔ hɔ. Eyi de akameakame baa mmusua horow abien no mu mfirihyia abien, na awiei no, ofipamfo no tow awarefo baanu a dua no yɛ wɔn dea no tuo kunkum wɔn wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so. Wo de susuw eyi ho hwɛ, eyi nyinaa fi mfɛnsere bi a asɛe ne wura a dua no sɛee no nti. Obi a ne bo nkyɛ fuw na osusuw ne nkutoo ho no bu n’ani gu mmɔborohunu anaa ayamhyehye nkate nyinaa so.
Enti nhyɛso a efi afoforo hɔ, abasamtu ahorow, bobɔne—eyinom nyinaa bɛma yɛayɛ ade atia afoforo. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, wɔn a yɛyɛ wɔn ayayade no taa yɛ yɛn ankasa adɔfo.
DƐN NA EBETUMI ABOA YƐN NA YƐADI SAA ƆHAW NO SO NKONIM?
Adwene horow pii a ɛfa eyi ho wɔ hɔ. Nanso hena na onim yɛn yiye kyɛn obiara? So ɛnyɛ yɛn Bɔfo no? Afotu bɛn a wotumi di ho dwuma na ɔde ma?
“N’awiei ne sɛ, mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene. Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, nso mommfa ɔyaw ntua ɔyaw so ka.”—1 Pet. 3:8, 9.
Wosi sɛnea ehia sɛ ‘yehu ma yɛn ho’ no so dua. Fa wo ho hyɛ tebea a ɔfoforo no wom no mu. So eyi nyɛ nea ɛtaa yɛ mmuae no? Ansa na wobɛkasa no, bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ obi ka saa ara kyerɛ me a me nso mɛte nka dɛn? So ɛbɛyɛ me yaw? Sɛ ɛte saa, ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ woka?—Luka 6:31.
Sɛ ‘yehu ma yɛn ho’ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛ ebia na wɔn a wɔyɛ katee wɔ yɛn so no wɔ nhyɛso ase, wɔabrɛ anaasɛ wɔyare na eyi na ɛrehaw wɔn. Te a yɛbɛte nka ama afoforo yi bɛboa yɛn na yɛakwatia bɔne a yɛde betua bɔne so ka.
Ɛwom sɛ Bible mu afotu no ye de, nanso wɔn a wɔasɔ ahwɛ no hu sɛ ɛho dwumadi nyɛ mmerɛw saa. Dɛn nti na eyi te saa?
SO BIRIBI A ƐFA ONIPA SU NE NE BAN HO KA HO?
Sɛ yedi yɛn ho nokware a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛpene so sɛ yɛn nyinaa wɔ su bi a ɛdan yɛn kɔ bɔneyɛ ho. Sɛnea Bible no kyerɛkyerɛɛ mu no, wɔde bɔne na awo yɛn sɛ agyapade.—Dw. 51:5.
Ebinom bɛka sɛ, “sɛnea ɛte ara nen. Wɔwoo yɛn nyinaa sɛ abɔnefo. Yɛyɛ mmerɛw na sɛnea yɛn awosu te no bɔne na yɛyɛ. Biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ wɔ ho. Sɛnea yɛte ara nen!” Nea ɛne eyi bɔ abira no, yebetumi akwati di a bɔne su horow no bedi yɛn so no. Wɔ nokwarem no, bɔne tebea a yɛwom no ho nimdeɛ bɛma ayɛ mmerɛw ama yɛn na yɛakwati ade a ɛyɛ yaw a yɛbɛyɛ afoforo. Ɔkwan bɛn so?
Sɛ yehu sɛ yɛyɛ abɔnefo te sɛ afoforo nyinaa a, yɛrente nka sɛ yɛkorɔn kyɛn afoforo da. Hu a yebehu eyi no ma ɛyɛ mmerɛw ma yɛn sɛ yebedi Bible mu afotusɛm yi akyi: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyerɛ. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; [Dɛn nti?] Sɛnea Awurade [Yehowa] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.” (Kol. 3:12, 13) Onipa a ɔte saa no kae sɛ wasrɛ bɔne fafiri afi Onyankopɔn hɔ pɛn na wɔde akyɛ no. Eyi ma otumi gyina afoforo mmerɛwyɛ ahorow ano, wɔ bere a ɔwɔ ‘nea obegyina so akasa mpo.’
NA WIASE NYINAA A WƆNYƐ OBI ADE A ƐYƐ YAW WƆ MU NO NSO Ɛ?
Eyi betumi aba saa—yiw, ɛyɛ nokware—efisɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsɛe wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔne wɔn mfɛfo nnipa tra ase wɔ asomdwoe mu no nyinaa. Bere a ɔsomafo Petro akyerɛkyerɛ “nnipa amumɔyɛfo sɛe” no mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.”—2 Pet. 3:7, 13.
Tebea a ɛyɛ anigye a mprempren yi ɛwɔ nnipa a wodi Bible mu nnyinasosɛm akyi no mu no bɛtrɛw afa asase so baabiara. Nnipa a kan no na woyi mmoa su adi no beyi odwo adi akyerɛ. Odiyifo Yesaia kyerɛkyerɛɛ eyi mu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ:
“Ɛna habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewaa aka wɔn. . . . Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio.”—Yes. 11:6-9.
Wo de susuw eyi ho, obi “rensɛe ade” bio, anaasɛ wɔrenyɛ ade a ɛyɛ yaw mfa ntia wɔn ho! Onyankopɔn bɛhwɛ ama wɔayi bɔne afi hɔ koraa, na ɛde nkate horow a ɛkanyan ɔko no nyinaa aka ho akɔ.