-
Ahenni no Bɛyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Asase SoOnyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
-
-
9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 11:6-9 no renya mmamu nnɛ? (b) Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo wɔ asomdwoe?
9 Ahobammɔ. Yehu biakoyɛ ne asomdwoe ho asɛm a ɛyɛ anigye wɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 11:6-9 no mu. Asomdwoe ne biakoyɛ wɔ wuram mmoa ne nnipa ne wɔn afieboa ntam. So saa asɛm no anya mmamu nnɛ wɔ honhom fam? Yiw! Wɔakyerɛ nea enti a mmoa a wɔte saa no renyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio no wɔ nkyekyɛm 9. Ɛka sɛ: “Efisɛ Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛnea nsu akata po so no.” So “Yehowa ho nimdeɛ” tumi ma mmoa sesa wɔn su? Dabi, mmom no, nnipa na sɛ wɔba behu Ɔsorosoroni Nyankopɔn no na wosuasua sɛnea ɔyɛ n’ade asomdwoe mu no a, wɔsesa wɔn su ahorow. Ɛno nti, sɛ yɛhwɛ yɛn honhom fam paradise no mu nnɛ a, yetumi hu saa nkɔmhyɛ no mmamu a ɛma akomatɔyam no. Esiane sɛ Kristo akyidifo no wɔ Ahenni nniso no ase nti, wɔresua sɛ wɔbɛtow su ahorow a ɛyɛ hu te sɛ mmoa de no agu, na wɔne wɔn nuanom a wɔne wɔn resom Onyankopɔn no atena asomdwoe ne biakoyɛ mu.
10 Sɛ nhwɛso no, yɛasusuw nea enti a Kristofo mfa wɔn ho nhyehyɛ wiase no nsɛm mu ho wɔ nhoma yi mu. Yɛahu Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a enti Onyankopɔn nkurɔfo mfa wɔn ho nhyehyɛ wiase no nsɛm mu ne ɔtaa a ama wɔahyia no nso. Wɔ saa wiase a basabasayɛ ahyɛ mu mã yi mu no, so ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛwɔ nnipadɔm bi a sɛ wohunahuna wɔn sɛ wobekum wɔn mpo a, wɔremfa wɔn ho nhyɛ basabasayɛ biara mu? Hwɛ sɛnea eyi yɛ adanse a edi mũ koraa sɛ Mesia Ahenni no so Hene no manfo wɔ asomdwoe te sɛ nea Yesaia kaa ho asɛm no! Yesu kae sɛ ɔdɔ a n’akyidifo bɛdodɔ wɔn ho no na wɔde behu wɔn. ( Yoh. 13:34, 35) Wɔ asafo no mu no, Kristo nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de nkakrankakra rekyerɛkyerɛ nokware Kristofo nyinaa ma wɔayɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe, wɔwɔ ɔdɔ, na wodwo.—Mat. 24:45-47.
-
-
Ahenni no Bɛyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Asase SoOnyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
-
-
16. Dɛn na Bible ka fa ahobammɔ a yebenya wɔ Paradise no ho?
16 Ahobammɔ. Awiei koraa no, anigyesɛm a ɛwɔ Yesaia 11:6-9 no benya ne mmamu ankasa wɔ honam fam mpo. Asase so baabiara a mmarima, mmea, ne mmofra bɛkɔ no, wɔrensuro. Abɔde biara—sɛ́ ɛyɛ onipa anaa aboa—renhunahuna obiara. Wo de, twa bere a ɛbɛba sɛ asase yi nyinaa bɛyɛ wo fie, wubetumi aguare nsubɔnten, atare, ne ɛpo mu; adi mmepɔw so aforosian; akyinkyin sare so a asiane biara rento wo no ho mfonini hwɛ. Afei, sɛ ade sã nso a, worensuro. Saa bere no, asɛm a ɛwɔ Hesekiel 34:25 no bɛbam ma Onyankopɔn nkurɔfo atumi ‘atena sare so dwoodwoo na wɔadeda kwae mu’ mpo.
-