-
Yehowa Brɛ Kurow Bi a Ɛyɛ Ahantan AseYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
17, 18. Nhyira bɛn na Babilon so nkonim a wobedi no de bɛbrɛ Israel?
17 Babilon asehwe no bɛma Israel ho adwo no. Ɛbɛkyerɛ yi a wobeyi wɔn afi nnommumfa mu ne hokwan a wobenya asan akɔ Bɔhyɛ Asase no so. Enti, afei Yesaia ka sɛ: “[Yehowa, “NW”] yam bɛhyehye no Yakob ho, na wapaw Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafo de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fi ho. Na aman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn trabea, na Israel fi afa wɔn adi [Yehowa, “NW”] asase no so ma wɔayeyɛ nkoa ne mfenaa, na wɔafa wɔn nnommumfafo nnommum, na wɔahom wɔn ahoguanfo so.” (Yesaia 14:1, 2) Ɛha no, “Yakob” kyerɛ Israel man no nyinaa—mmusuakuw 12 no nyinaa. Yehowa behu “Yakob” mmɔbɔ denam ɔman no a ɔbɛma wɔasan akɔ wɔn asase so no so. Ananafo mpempem pii bɛka wɔn ho, na wɔn mu pii bɛsom Israelfo no sɛ asɔrefie asomfo. Israelfo bi mpo bɛba abenya wɔn kan nnommumfafo so tumi.c
-
-
Yehowa Brɛ Kurow Bi a Ɛyɛ Ahantan AseYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
19. Dɛn na ehia na ama Israel anya Yehowa hɔ fafiri, na dɛn na yesua fi eyi mu?
19 Nanso, yennya Yehowa mmɔborohunu kwa. Ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo nu wɔn ho wɔ wɔn amumɔyɛ a ɛmaa Onyankopɔn de asotwe a emu yɛ den baa wɔn so no ho. (Yeremia 3:25) Komam a wobefi aka wɔn bɔne koraa no bɛma wɔanya Yehowa hɔ fafiri. (Hwɛ Nehemia 9:6-37; Daniel 9:5.) Saa asɛm yi da so yɛ adwuma nnɛ. Esiane sɛ “onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne” nti, yɛn nyinaa hia Yehowa mmɔborohunu. (2 Beresosɛm 6:36) Yehowa, ahummɔbɔ Nyankopɔn no, fi ɔdɔ mu to nsa frɛ yɛn sɛ yɛnka yɛn bɔne nkyerɛ no, yɛnsakra, na yennyae bɔne biara a yɛyɛ, na ama wasa yɛn yare. (Deuteronomium 4:31; Yesaia 1:18; Yakobo 5:16) Eyi mma yennya n’anim dom nko, na mmom ɛma yenya awerɛkyekye nso.—Dwom 51:1; Mmebusɛm 28:13; 2 Korintofo 2:7.
-