-
Yehowa Hura Tiro a Ɛyɛ Ahantan no HoYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
“Mo Tarsis Ahyɛn, Muntwa Adwo”
3, 4. (a) Ɛhe na na Tarsis wɔ, na abusuabɔ bɛn na na ɛwɔ Tiro ne Tarsis ntam? (b) Dɛn nti na hyɛn mu adwumayɛfo a wɔne Tarsis di gua no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ ‘wotwa adwo’?
3 Wɔ asɛmti, “Tiro ho atemmusɛm” ase no, Yesaia ka sɛ: “Mo Tarsis ahyɛn, muntwa adwo, efisɛ wɔasɛe no a ofi nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio!” (Yesaia 23:1a) Wogye di sɛ na Tarsis yɛ Spain a efi Tiro a ɛwɔ Mediterranea apuei fam rekɔ hɔ ware yiye no fã.a Nanso, na Foinikefo no nim po so adwuma yiye, na na wɔwɔ po so ahyɛn akɛse a eye ma po so akwantu. Abakɔsɛm akyerɛwfo bi gye di sɛ Foinikefo na wodii kan huu abusuabɔ a ɛwɔ ɔsram ne asorɔkye ntam, na wɔde nsoromma ho nimdeɛ dii dwuma sɛ ade a ɛboa wɔn wɔ po so akwantu mu. Enti na kwantenten a efi Tiro kɔ Tarsis no nyɛ akwanside mma wɔn.
4 Wɔ Yesaia bere so no, na Tarsis a ɛwɔ akyirikyiri no yɛ Tiro aguadibea, ebia ɛhɔ ne beae titiriw a ɛma onyaa ne ho bere a osii so no. Spain tu nkoron pii a fagude te sɛ dwetɛ, dade, sɛnyaa, ne afoforo ka ho. (Fa toto Yeremia 10:9; Hesekiel 27:12 ho.) “Tarsis ahyɛn,” ɛda adi sɛ ahyɛn a efi Tiro a ɛne Tarsis di gua no, wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ ‘wotwa adwo,’ na wodi abooboo wɔ wɔn man no po so hyɛn gyinabea a wɔbɛsɛe no no ho.
5. Ɛhe na hyɛn mu adwumayɛfo a wofi Tarsis reba no bɛte Tiro asehwe no ho asɛm?
5 Ɔkwan bɛn so na hyɛn mu adwumayɛfo a wɔwɔ po so no bɛte Tiro asehwe ho asɛm? Yesaia bua sɛ: “Efi Kitim asase so na woyi kyerɛ wɔn.” (Yesaia 23:1b) Ɛda adi sɛ, “Kitim asase” no kyerɛ Kipro supɔw a ɛwɔ Foinike mpoano atɔe fam bɛyɛ kilomita 100 no. Ɛha ne baabi a etwa to a apuei fam ahyɛn a efi Tarsis no gyina ansa na adu Tiro. Enti, hyɛn mu adwumayɛfo no bɛte wɔn man mu po so hyɛn gyinabea a wɔdɔ no asehwe no ho amanneɛbɔ bere a wogyina Kipro no. Hwɛ sɛnea wɔn ho bedwiriw wɔn! Ahodwiriw nti, wɔde awerɛhow ‘betwa adwo.’
-
-
Yehowa Hura Tiro a Ɛyɛ Ahantan no HoYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
a Nhomanimfo bi aka sɛ Tarsis yɛ Sardinia, supɔw a ɛwɔ Mediterranea atɔe fam no. Sardinia nso mmɛn Tiro koraa.
-