-
Yehowa Di HeneYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
13, 14. (a) Dɛn ne Yehowa mmara a ɛfa nnɔbae no twa ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesaia de nnɔbae twa ho mmara yɛ mfatoho sɛ ebinom benya wɔn ti adidi mu wɔ Yehowa atemmu no mu? (d) Ɛwom sɛ na sɔhwɛ mu mmere bɔne da wɔn anim de, nanso dɛn ho awerɛhyem na na Yudafo anokwafo betumi anya?
13 Sɛ Israelfo no retwa ngo aba a, na wɔde mmaa boro nnua no mu ma nnuaba no porow. Sɛnea Onyankopɔn Mmara kyerɛ no, na ɛnsɛ sɛ wɔforo kɔ dubaa no so kɔtetew aba a aka so no. Na saa ara na na ɛnsɛ sɛ wɔtase bobe a aka bere a wɔatwa wɔn bobe nturo mu aba awie no. Ná ɛsɛ sɛ wogyaw nea ɛbɛka no ma ahiafo—“ahɔho, nyisaa ne akunafo”—na wodi mu mpɛpɛw. (Deuteronomium 24:19-21) Bere a Yesaia retwe adwene asi mmara a na wonim no yiye yi so no, ɔma mfatoho bi a ɛyɛ awerɛkyekye a ɛkyerɛ sɛ nnipa bi benya wɔn ti adidi mu wɔ Yehowa atemmu a ɛreba no mu sɛ: “Saa na ɛbɛba asase no so, aman no mu, sɛ ngodua porow, sɛ bobe abatew akyi mpɛpɛwadi. Wɔn de, wɔbɛma wɔn nne so ato dwom. [Yehowa, “NW”] kɛseyɛ nti wɔde ahosɛpɛw bɛteɛm afi po fam. Enti monhyɛ [Yehowa, “NW”] anuonyam apuei, po mu nsupɔw mu nso monkamfo [Yehowa, “NW”], Israel Nyankopɔn, din. Yɛte nnwom a efi asase ano sɛ: Anuonyam nka ɔtreneeni no.”—Yesaia 24:13-16a.
14 Sɛnea aba ka dua anaa bobe so wɔ ne twa akyi no, saa ara na ebinom bɛka wɔ Yehowa atemmu mu—“bobe abatew akyi mpɛpɛwadi.” Sɛnea wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ nkyekyem 6 no, odiyifo no aka eyi ho asɛm dedaw sɛ ‘aka adesamma ketewaa bi.’ Nanso, ɛmfa ho sɛ wosua no, ebinom benya wɔn ti adidi mu wɔ Yerusalem ne Yuda sɛe no mu, na akyiri yi nkaefo bi befi nnommum mu aba abɛwo ahyɛ asase no so ma. (Yesaia 4:2, 3; 14:1-5) Ɛwom sɛ komapafo behyia sɔhwɛ mu mmere bɔne de, nanso wobetumi anya awerɛhyem sɛ ogye ne anigye bi da wɔn anim. Wɔn a wobefi mu aka no behu sɛ Yehowa nkɔmhyɛ asɛm anya mmamu, na wobehu sɛ Yesaia yɛ Onyankopɔn diyifo nokwafo. Anigye bɛhyɛ wɔn koma ma bere a wohu sanba ho nkɔmhyɛ no mmamu no. Wobefi baabiara a wɔapete—sɛ́ ɛyɛ Mediterranea nsupɔw a ɛwɔ Atɔe fam, Babilon a ɛwɔ “apuei” (baabi a owia pue fi), anaa akyirikyiri beae foforo no—wobeyi Onyankopɔn ayɛ sɛ wakora wɔn so, na wɔbɛto dwom sɛ: “Anuonyam nka ɔtreneeni no.”
-
-
Yehowa Di HeneYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
15, 16. (a) Yesaia te nka dɛn wɔ nea ɛbɛto ne nkurɔfo no ho? (b) Dɛn na ɛbɛba asase no sofo a wonni nokware no so?
15 Nanso, mprempren ahurusidi no renkyɛ. Yesaia de ne bere sofo no ba mprempren tebea mu, na ɔka sɛ: “Na mise: Meresã, meresã, minnue! Afowfo refow, afow na afowfo refow. Ehu ne oku ne hentia da wo a wote asase so hɔ; na nea oguan fi ehu nkãte ho no kɔtɔ oku mu, na nea waforo afi oku no mu no, wɔde hentia yi no. Na wohiɛhiɛ soro mfɛnsere ma asase nnyinaso wosowosow. Oburuw na asase buruw, ɔpae na asase pae, ɔpopo na asase popo. Asase tɔ ntintan sɛ ɔsabofo, na ehinhim sɛ asesewa bi, na ne mmarato ayɛ no so duru, na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.”—Yesaia 24:16b-20.
16 Nea ɛbɛba Yesaia nkurɔfo so no ma odi awerɛhow. Tebea a ɔwɔ mu no ma ɔyare na ne ho hiahia no. Nkontompofo adɔɔso na wɔhaw asase no sofo. Sɛ Yehowa yi n’ahobammɔ a, Yudafo a wonni nokware no bɛbɔ hu awia ne anadwo. Wɔrenhu nea ɛbɛba wɔn so. Wɔrentumi nguan mfi ɔhaw a ɛbɛba wɔn so no mu esiane Yehowa mmara ne nyansa a wɔapo nti. (Mmebusɛm 1:24-27) Ɔhaw bɛba, ɛmfa ho mpo sɛ asase no so nkontompofo bɔ mmɔden daadaa nkurɔfo no sɛ biribiara bɛkɔ yiye, na wɔnam atoro ne nnaadaasɛm so de wɔn kɔ ɔsɛe mu no. (Yeremia 27:9-15) Atamfo befi abɔnten abɛfow wɔn de wɔn akɔ nnommum mu. Eyinom nyinaa ma Yesaia ho hiahia no.
-
-
Yehowa Di HeneYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
[Mfonini wɔ kratafa 267]
Yesaia di awerɛhow wɔ nea ɛbɛba ne nkurɔfo so no ho
-