Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yehowa​—Yɛn Ahoɔden
    Ɔwɛn-Aban—1988 | April 1
    • 6, 7. (a) Nea ɛne Yesaia 25:1 hyia no, ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo hyɛ no anuonyam wɔ dɛn ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesaia 25:2, 3 ka kurow bi ho asɛm? (d) Kurow bɛn na na ɛte sɛ nea odiyifo no reka ho asɛm no, na dɛn ntia?

      6 Afei momma yɛnnan nkɔ Yesaia ti 25. Yɛkenkan wɔ nkyekyem 1 sɛ: [Yehowa], me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so makamfo wo din sɛ woayɛ anwonwade; tete beeme agyinatu atim ayɛ nokware.” Yehowa asomfo a wɔwɔ ahotoso hyɛ no anuonyam wɔ anwonwa nnwuma a wayɛ wɔ wɔn mu no ho. Nanso Yesaia ma abirabɔ bi bam bere a ɔka eyi kyerɛ Yehowa no. “Na woadan kurow afabo kuw, woama abannennen ayɛ abansin; ananafo aban afɛfɛ nyɛ kurow bio, na wɔrento bio da biara da . . . Amanaman atirimɔdenfo kurow besuro [Yehowa].”​—Yesaia 25:2, 3, NW.

  • Yehowa​—Yɛn Ahoɔden
    Ɔwɛn-Aban—1988 | April 1
    • 10. (a) Nea ɛne Yesaia 25:3 hyia no, ɔkwan bɛn so na wɔahyɛ ‘amanaman atirimɔdenfo kurow’ no ma wahyɛ Yehowa anuonyam na wanya osuro nso ama no? (b) Wɔ Yesaia 25:4, 5 no, ɔkwan bɛn so na Yesaia ka Yehowa ho asɛm wɔ “mmɔboroni” ne “atirimɔdenfo” nyinaa ho?

      10 Wɔ afe 1919 mu no, Yehowa gyee ne nkurɔfo ankasa fii “Babilon Kɛse” tumi ase. Wɔhyɛɛ saa ‘amanaman atirimɔdenfo kurow’ no maa ɛhyɛɛ Yehowa anuonyam efisɛ na ɛhwehwɛ sɛ ɔde yawdi hwɛ “anwonade” a na wayɛ wɔ n’asomfo a ɔma wɔsan yɛɛ adwuma kɛse no mu. Wɔhyɛ atoro nyamesomfo ma wosuro Yehowa nso de hwɛ nea ɛbɛto wɔn no kwan. Wɔ mfehaha pii mu no, asɔfo nhyɛsofo ama wɔn ho so asen asɔremma no. Na afei Yesaia ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Na woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔboroni, aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu, ahum ano guankɔbea, ahohuru mu onwini, atirimɔdenfo ahome ayɛ sɛ ahum ne osu a ɛboro fasu. Wobrɛɛ ananafo hooyɛ ase sɛ nkyerekyerewa so ahohuru; nhyɛsofo dwae dwom brɛɛ ase sɛ omununkum nwini ase ahohuru.”​—Yesaia 25:4, 5.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena