-
Monkɔ So Ntwɛn YehowaYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
13. Dɛn na Yuda akannifo de wɔn ho to so, na so saa ahotoso no fata?
13 Afei Yesaia kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na mokae sɛ: Dabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtra aguan. Enti aguan na mubeguan! Na mmoa ahoɔharefo so na yɛbɛtra akɔ. Enti wɔn a wotiw mo no ho bɛyɛ hare!” (Yesaia 30:16) Yudafo no susuw sɛ apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare na ɛbɛma wɔanya nkwa, na ɛnyɛ Yehowa. (Deuteronomium 17:16; Mmebusɛm 21:31) Nanso, sɛnea odiyifo no kyerɛ no, wɔn ahotoso no bɛyɛ kwa efisɛ wɔn atamfo bedi wɔn so nkonim. Wɔn bebrebe no mpo remmoa wɔn. “Nnipa apem prɛko beguan obiakofo huyi ano; nnipa baanum huyi ano na mubeguan.” (Yesaia 30:17a) Yuda asraafo bɛbɔ hu na wɔaguan wɔ atamfo kakraa bi nteɛm ho.a Awiei koraa no, nkaefo bi na ɛbɛka a wɔnyɛ wɔn hwee, “sɛ frankaa dua a esi bepɔw atifi, sɛnkyerɛnne a esi koko so.” (Yesaia 30:17b) Nea ɛne nkɔmhyɛ no hyia no, bere a wɔsɛe Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu no, nkaefo bi na wofi mu ka.—Yeremia 25:8-11.
-
-
Monkɔ So Ntwɛn YehowaYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
a Hyɛ no nsow sɛ, sɛ Yuda dii nokware a, anka ɔrenhu nea ohui no.—Leviticus 26:7, 8.
-