Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 5/1 kr. 21-24
  • Munkura Mo Ahotoso Mu Pintinn Nkodu Awiei

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munkura Mo Ahotoso Mu Pintinn Nkodu Awiei
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Wo Gyidi Yɛ Adwuma
  • Ahotoso a Yɛnam Osuahu So Benya
  • Fekubɔ Ahorow Betumi Ama Yɛayera Kwan
  • Ahonyade Nnaadaa
  • Gyidi Gyina Koma Pa So
  • Yɛn Nkwagye Nyankopɔn no Kwan a Yɛbɛhwɛ
  • So Wowɔ Asɛmpa no Mu Gyidi Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nya Yehowa Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Kyerɛ Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow Ho Anisɔ Denam Gyidi a Wobɛkyerɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • “Ma Yɛn Gyidie Nyɛ Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 5/1 kr. 21-24

Munkura Mo Ahotoso Mu Pintinn Nkodu Awiei

FA NO sɛ wimhyɛn ketewa bi atu nam wim wɔ wim tebea horow a enye mu. Wimhyɛn kafo no ntumi nhu ɔkwan mu agyiraehyɛde ahorow bio. Amununkum kabii atwa ne ho ahyia. Ontumi nhu ade wɔ wimhyɛn no anim ahwehwɛ no akyi, nanso ɔte nka sɛ obetumi awie n’akwantu no dwoodwoo. Dɛn na ɛma onya ahotoso no?

Ɔwɔ nnwinnade a edi mũ a ɛma otumi tu fa amununkum mu na osi fam wɔ sum mu. Bere a ɔnam ne kwan so, ɛnkanka baabi a ɛbɛn wimhyɛn gyinabea no, anyinam nkanea kyerɛ no kwan, na ɔnam radio so ne wimhyɛn gyinabea adwumayɛfo a wɔwɔ fam di nkitaho.

Sɛ yɛde toto ho a, yebetumi de ahotoso ahwɛ daakye kwan, ɛwom mpo sɛ wiase nsɛm tebea horow reyɛ hu adekyee biara de. Ebia ɔkwan a yɛretu wɔ nhyehyɛe bɔne yi mu no rekyɛ sen sɛnea ebinom hwɛɛ kwan de, nanso yebetumi anya ahotoso sɛ yɛnyeraa kwan, na ɛbere nso ntiaa yɛn. Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem saa? Efisɛ yɛwɔ akwankyerɛ a ɛma yetumi hu ade a nnipa ntumi nhu.

Onyankopɔn Asɛm yɛ ‘yɛn kwan so hann,’ na ‘wotumi de ho to so, ɛma ayemfo hu nyansa.’ (Dwom 19:7; 119:105) Te sɛ anyinam nkanea a ɛkyerɛ wimhyɛn kafo kwan no, Bible kyerɛ yɛn nsɛm a ebesisi daakye no pɛpɛɛpɛ, na ɛma yɛn akwankyerɛ ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a yebedu baabi a yɛrekɔ no dwoodwoo. Nanso, sɛ yebenya ɔsoro akwankyerɛ mu mfaso a, ɛsɛ sɛ yenya mu ahotoso.

Wɔ Paulo krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu no, ɔka kyerɛɛ Yudafo Kristofo no sɛ ‘wonso nea wofii ase de wɔn ho too so no mu pintinn nkodu awiei.’ (Hebrifo 3:14) Ahotoso a yɛwɔ betumi ahinhim, sɛ ‘yɛanso mu pintinn’ a. Enti asɛmmisa no ba sɛ, Yɛbɛyɛ dɛn atumi akura Yehowa mu ahotoso a yɛwɔ mu akodu awiei?

Fa Wo Gyidi Yɛ Adwuma

Ansa na wimhyɛn kafo betumi atu anenam wim bere a onhu n’anim, na ɔde ne ho ato nnwinnade a ɔwɔ, ne akwankyerɛfo a wɔwɔ fam so koraa no, obehia ntetee a ɛfata ne nnɔnhwerew pii a ɔde betumi anenam wim. Saa ara na ɛho hia sɛ Kristoni de ne gyidi yɛ adwuma bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkɔ so akura Yehowa akwankyerɛ mu ahotoso a ɔwɔ no mu, titiriw bere a tebea horow a emu yɛ den asɔre no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ yɛwɔ honhom koro no ara nti, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: ‘Mede me gyidi yɛɛ adwuma, enti mekasae’ no, yɛn nso yɛde yɛn gyidi yɛ adwuma ma enti yɛkasa.” (2 Korintofo 4:13, NW) Enti, sɛ yɛka Onyankopɔn ho asɛmpa no a, na yɛde yɛn gyidi reyɛ adwuma, na yɛrehyɛ no den.

Magdalena a ɔdaa nneduaban mu mfe anan wɔ wiase ko a ɛto so abien no mu no, kyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ asɛnka adwuma no mu mu sɛ: “Me maame kyerɛkyerɛɛ me sɛ sɛ obi bɛkɔ so anya gyidi a emu yɛ den a, ɛho hia sɛ ɔma afoforo honhom fam yiyedi ho hia no. Mekae asɛm bi a ɛkyerɛkyerɛ sɛnea yɛtee nka no mu. Woyii yɛn fii Ravensbrück nneduaban mu no, me ne me maame duu yɛn fie Fida bi. Nnanu akyi, Kwasida no, yɛkɔkaa anuanom ho yɛɛ afie afie asɛnka. Migye di yiye sɛ, sɛ yɛde yɛn adwene si afoforo a yɛbɛboa wɔn ma wɔanya Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu ahotoso no so a, saa bɔhyɛ ahorow koro no ara bɛyɛ paara ama yɛn kɛse.”—Fa toto Asomafo no Nnwuma 5:42 ho.

Kura a yebekura yɛn ahotoso mu pintinn akodu awiei no hwehwɛ sɛ yɛyɛ honhom fam adwuma wɔ nneɛma foforo mu. Kokoam adesua yɛ adeyɛ foforo a ɛkyɛn so a ɛhyɛ gyidi den. Sɛ yesuasua Beroiafo, na yɛde mmɔdenbɔ hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu daa a, ɛbɛboa yɛn ‘ma yɛanya anidaso a akyinnye nni mu koraa de akodu awiei.’ (Hebrifo 6:11; Asomafo no Nnwuma 17:11) Ampa, kokoam adesua gye bere ne mmɔdenbɔ. Ebetumi aba sɛ ɛno nti na Paulo bɔɔ Hebrifo no kɔkɔ wɔ asiane a ɛwɔ ‘nyaayɛ,’ anaa anihaw ho wɔ nneɛma a ɛtete saa mu no.—Hebrifo 6:12.

Anihaw betumi de ɔhaw a anibere wom pii aba wɔ asetra mu. Salomo kae sɛ “nsamgow ma ɔdan nwini.” (Ɔsɛnkafo 10:18) Ɛnkyɛ na nsu renwini fa osuhyɛ a wonsiesie no mu. Sɛ yɛma yɛn nsam gow honhom fam, na yɛansiesie yɛn gyidi a, yɛn adwenem befi ase ayɛ yɛn nãã. Nanso, Onyankopɔn Asɛm ho a yebedwennwen daa na yɛasua no bɛhyɛ yɛn den, na abɔ yɛn gyidi ho ban.—Dwom 1:2, 3.

Ahotoso a Yɛnam Osuahu So Benya

Nokwarem no, wimhyɛn kafo nam osuahu ne hu a ohu sɛ ne nnwinnade no yɛ ade a obetumi de ne ho ato so no so sua ade. Saa ara na Yehowa mu ahotoso a yɛwɔ no yɛ kɛse bere a yehu n’adɔe ho adanse wɔ yɛn ankasa asetra mu no. Yosua huu eyi, na ɔkaee ne mfɛfo Israelfo no sɛ: “Munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a Awurade mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo.”—Yosua 23:14.

Josefina, onuawa warefo bi a ofi Philippines, nyaa asuade a ɛte saa ara. Ɔkyerɛkyerɛ sɛnea na n’asetra te ansa na ɔrebehu nokware no mu sɛ: “Na me kunu nom nsa kɛse, na sɛ ɔbow a, na ne bo fuw ma ɔboro me. Na yɛn aware a anigye nnim no renya yɛn babarima no nso so nkɛntɛnso. Na me ne me kunu nyinaa yɛ adwuma nya sika pii, nanso na yɛsɛe yɛn akatua no mu fã kɛse no ara wɔ kyakyatow mu. Na me kunu wɔ nnamfo bebree, nanso wɔn mu dodow no ara faa no adamfo sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtɔ nsa ama wɔn, na ebinom mpo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma no abow na wɔaserew no kɛkɛ.

“Nneɛma sesae bere a yebehuu Yehowa, na yetiee n’afotu no. Me kunu nnom nsa bio, yɛagyae kyakya tow, na yɛwɔ nnamfo pa a wɔdɔ yɛn na wɔboa yɛn. Anigye wɔ yɛn aware mu, na yɛn babarima no renyin abɛyɛ abrantewa fɛfɛ. Yɛyɛ adwuma nnɔnhwerew kakraa bi, nanso yɛwɔ sika pii sen kan no. Osuahu ama yɛahu sɛ Yehowa te sɛ Agya a ɔwɔ dɔ a ɔkyerɛ yɛn ɔkwampa bere nyinaa.”

Esiane akwankyerɛ a wɔnam radio so de ma wimhyɛn kafo anaa adwinnade bi a wɔde yɛ adwuma nti, ɛtɔ da bi a wohu sɛ ɛho hia sɛ wɔsesa wɔn kwan. Saa ara na Yehowa akwankyerɛ nti ɛho behia sɛ yɛsesa yɛn kwan. “W’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.” (Yesaia 30:21) Ɛdenam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde so no, yenya afotu a ɛma yehu honhom fam asiane ahorow. Eyinom biako ne fekubɔ.

Fekubɔ Ahorow Betumi Ama Yɛayera Kwan

Wimhyɛn ketewa betumi ayera kwan ntɛm ara, sɛ wɔanyɛ nsakrae a ɛho hia a. Saa ara na ɛnnɛ, nkɛntɛnso a efi ban no akyi ba Kristofo so bere nyinaa. Yɛte wiase bi a ekura honam fam adwene a nnipa pii di honhom fam nneɛma a ɛsom bo ho fɛw, na wɔma sika ne anigyede ho hia wɔn kɛse sen biribiara mu. Paulo bɔɔ Timoteo kɔkɔ sɛ nna a edi akyiri no mu ‘bɛyɛ den.’ (2 Timoteo 3:1-5) Mmofra a wɔadu mpanyin mfe so a wɔpɛ sɛ wogye wɔn tom na wogye din no titiriw taa de wɔn ho hyɛ fekubɔne mu.—2 Timoteo 2:22.

Amanda a wadi mfe 17 no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere bi, me mfɛfo sukuufo maa me gyidi yɛɛ mmerɛw koduu baabi. Wɔkɔɔ so kae sɛ me som yɛ katee na ntease nnim, na eyi fii ase buu m’abam. Nanso, m’awofo boaa me ma metee ase sɛ Kristofo akwankyerɛ ahorow bɔ obi ho ban mmom sen sɛ ɛbɛhyɛ ne so. Seesei mahu sɛ saa nnyinasosɛm yi reboa me ma manya asetra a abotɔyam wom kɛse sen kan ayɔnkofo a na me ne wɔn kɔ sukuu no. Masua sɛ mede me ho bɛto nnipa a wodwen me ho ankasa no so—m’awofo ne Yehowa—na mereyɛ akwampae adwuma.”

Mfe biara a yɛadi no, yebehyia nkurɔfo a wɔka yɛn gyidi ho nsɛmmɔne. Ɛbɛyɛ te sɛ nea nyansa wɔ nsɛm a wɔka no mu, nanso wɔ Onyankopɔn fam de, ɛyɛ honam mu de, na ɛnyɛ honhom mu de. (1 Korintofo 2:14) Na nnipakuw bi a wɔwɔ din wɔ Korinto wɔ Paulo nna no mu yɛ Akyinnyegyefo a wokura wiase nyansa. Akyinnye biara nni ho sɛ saa nyansapɛfo yi nkyerɛkyerɛ no maa Korinto Kristofo binom hweree owusɔre anidaso no mu gyidi. (1 Korintofo 15:12) Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo! [Fekubɔne, NW] sɛe ɔbra pa.”—1 Korintofo 15:33.

Nanso, fekupa hyɛ yɛn den honhom mu. Wɔ Kristofo asafo no mu no, yenya hokwan ne nkurɔfo a wɔbɔ wɔn bra wɔ gyidi mu bɔ. Norman, onua bi a osuaa nokware no wɔ 1939 mu no da so ara yɛ nkuranhyɛ kɛse ma obiara. Dɛn na ama wakɔ so ayɛ nnam honhom mu? Obua sɛ: “Asafo nhyiam ne adamfofa a emu yɛ den a wɔne anuanom anokwafo nya yɛ nea ɛho hia. Fekubɔ a ɛte saa yi aboa me ma mahu nsonsonoe a ɛda Onyankopɔn ahyehyɛde ne Satan de no ntam mu yiye.

Ahonyade Nnaadaa

Brian, wimhyɛn kafo bi a ne ho akokwaw kyerɛkyerɛ mu sɛ “ɛtɔ da bi a ebetumi ayɛ den ama wimhyɛn kafo bi sɛ obenya ne nnwinnade mu ahotoso—esiane sɛ ɛne n’awosu mu nkate nhyia nti. Wonim sɛ asraafo a wɔyɛ wimhyɛn kafo a wɔn ho akokwaw de wɔn wimhyɛn abu dikyi esiane sɛ nkanea a ɛwɔ asase so yɛɛ wɔn ani so sɛ nsoromma nti—ɛwom mpo sɛ wɔn nnwinnade no kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnte saa de.”

Saa ara na yɛn awosu mu nkate a ɛyɛ pɛsɛmenkominya no betumi adaadaa yɛn wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Yesu kae sɛ ahonyade yɛ “nnaadaa,” na Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ ‘sikanibere ama nnipa pii awae afi gyidi no ho.’—Marko 4:19; 1 Timoteo 6:10.

Te sɛ nkanea a ɛhyerɛn a ebu n’ani nnaadaa no, ahonyade ntraso ho botae ahorow betumi de yɛn afa ɔkwammɔne so. Sɛ anka yebedi ‘nneɛma a yɛn ani da so’ ho ahurusi no, wiase a ɛretwam no mu nneɛma ho ahohoahoa betumi atwetwe yɛn adwene. (Hebrifo 11:1; 1 Yohane 2:16, 17.) Sɛ ‘yɛasi yɛn bo’ sɛ yɛbɛtra ase sɛ adefo a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛrennya bere pii mma honhom fam onyin.—1 Timoteo 6:9; Mateo 6:24; Hebrifo 13:5.

Aberante warefo bi a ne din de Patrick gye toom sɛ ɔne ne yere de honhom fam botae ahorow sesaa asetra pa mu anigye. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Asafo no mufo a wɔwɔ kar akɛse ne afie fɛfɛ no nyaa yɛn so nkɛntɛnso. Ɛwom sɛ yɛammu yɛn ani angu Ahenni anidaso no so da de, nanso yɛtee nka sɛ yɛn nso yebetumi anya asetra a abotɔyam wom. Nanso, bere kɔɔ so no, yehui sɛ nokware anigye fi Yehowa som ne honhom fam onyin mu. Seesei yɛama yɛn asetra akwati akɛsesɛm. Yɛatew nnɔnhwerew dodow a yɛde yɛ adwuma no so, na yɛabɛyɛ daa akwampaefo.”

Gyidi Gyina Koma Pa So

Koma pa nso yɛ adwuma titiriw wɔ Yehowa mu ahotoso a yebenya mu. Ampa, “gyidi ne ade a yɛn ani da so ho ahotoso ne nneɛma a yenhu ho adansegye [anaa, “adanse a edi mũ,” NW ase hɔ asɛm].” (Hebrifo 11:1) Nanso sɛ yɛannya koma pa a, ɛbɛyɛ den sɛ yebegye biribi adi. (Mmebusɛm 18:15; Mateo 5:6) Esiane eyi nti ɔsomafo Paulo kae sɛ “ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.”—2 Tesalonikafo 3:2.

Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi anya adanse a edi mũ a ɛwɔ hɔ no nyinaa ho koma pa? Ɛdenam su pa horow a yebenya, su ahorow a ɛma gyidi tu mpɔn na ɛkanyan no so. Petro ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛmfa ɔbra pa, nimdeɛ, ahosodi, boasetɔ, onyamesom pa, onuadɔ ne ɔdɔ nka yɛn gyidi ho.’ (2 Petro 1:5-7; Galatifo 5:22, 23) Nanso, sɛ yɛyɛ ahopɛfo anaasɛ yɛyɛ Yehowa som adwuma kakraa bi a, yentumi nhwɛ kwan sɛ yɛn gyidi benya nkɔso ahe biara.

Esra ‘siesiee ne koma’ sɛ ɔbɛkenkan Yehowa Asɛm na ɔde ayɛ adwuma. (Esra 7:10) Na Mika nso wɔ koma pa. “Me de, Awurade na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no; me Nyankopɔn betie me.”—Mika 7:7.

Magdalena a yɛadi kan afa n’asɛm aka no nso de boasetɔ twɛn Yehowa. (Habakuk 2:3) Ɔka sɛ: “Yɛwɔ honhom mu paradise no dedaw. Nea edi hɔ, honam fam Paradise no bɛba nnansa yi ara. Bere a ennya mmae no, nnipa ɔpehaha pii de wɔn ho rebɔ nnipakuw kɛse no. Ɛyɛ me anigye sɛ mihu sɛ nnipa bebree reba Onyankopɔn ahyehyɛde no mu.”

Yɛn Nkwagye Nyankopɔn no Kwan a Yɛbɛhwɛ

Yɛn ahotoso mu a yebekura akodu awiei no hwehwɛ sɛ yɛde yɛn gyidi bɛyɛ adwuma, na yɛatie akwankyerɛ a yenya fi Yehowa ne n’ahyehyɛde no hɔ no yiye. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛho mmɔden biara a yɛbɛbɔ no fata. Wimhyɛn kafo nya abotɔyam kɛse bere a watwa kwan tenten a emu yɛ den, na ɔde n’ani kyerɛ fam, na awiei koraa no, ofi amununkum kabii no mu no. Afei asase—a ahabammono ayɛ so ma na ɛrema no akwaaba—na ɛda n’anim tɛtrɛɛ no. Wimhyɛn gyinabea kwan da ase hɔ, a ɛretwɛn agye no.

Anigyesɛm wɔ hɔ retwɛn yɛn nso. Wiase a emu yɛ sum, na bɔne wom no befi hɔ ama trenee wiase foforo aba. Onyankopɔn akwaabama a anigye wom retwɛn yɛn. Sɛ yetie odwontofo no nsɛm yi a, yebetumi adu hɔ: “Wo AWURADE, ne m’anidaso, nea mifi me mmofraase mede me ho metoo no so. . . . Wo na meyi wo ayɛ daa yi.”—Dwom 71:5, 6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena