-
Monkɔ So Ntwɛn YehowaYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
22. Nea ɛne nhyira a ɛbɛba anokwafo so bɔ abira no, dɛn na Yehowa akora so ama abɔnefo?
22 Yesaia asɛm no sesa bio. Ɔka sɛ, “Hwɛ” te sɛ nea ɔpɛ sɛ n’atiefo yɛ dinn tie no. “[Yehowa, “NW”] din fi akyirikyiri reba, n’abufuw redɛw, opumpun no yɛ duru, abohuru ayɛ n’anom ma, na ne tɛkrɛma te sɛ ogya a ɛhyew ade.” (Yesaia 30:27) Ebesi ha no, Yehowa atwe ne ho, na wama ne nkurɔfo atamfo ayɛ nea wɔn ankasa pɛ. Afei otwiw bɛn—te sɛ ɔprannaa a ɛrebom kurududu—bebu atɛn. “N’ahome te sɛ asu a eyiri bedu kɔn mu, na ɔde hunuyɛ sɔnee asɔn amanaman so, na ɔde ntwɛtwɛdɛwɔ nnareka ato aman anom.” (Yesaia 30:28) “Asu a eyiri” betwa Onyankopɔn nkurɔfo atamfo ho ahyia, na ‘ɔde sɔnee asɔn’ wɔn so koraa, na ɔde “nnareka” ato wɔn anom. Wɔbɛsɛe wɔn.
-
-
Monkɔ So Ntwɛn YehowaYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
[Mfonini wɔ kratafa 312]
Yehowa de ‘abufuw ne omununkum a emu yɛ duru’ bɛba
-