Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Amanaman Hene”​—Yɛn Mmoa Biako Pɛ
    Ɔwɛn-Aban—1980 | May 1
    • 3. Wɔ ɔhaw a ɛwɔ wiase a ɛda adi pefee a wɔadi kan ahu no nti, dɛn anaasɛ hefo na nnipa kɔ wɔn hɔ kɔhwehwɛ akwankyerɛ?

      3 Hena na ɔwɔ hɔ a onhu wiase nyinaa ɔhaw a ɛda yɛn anim a ɛreba no, nea enye koraa wɔ adesamma abakɔsɛm mu no? Ɛho nhia sɛ yenya tete Yeremia nkɔmhyɛ aniwa no bi ansa na yɛahu eyi. Enti, yɛn mu bi bɛyɛ dɛn afi nea wɔn a wohu nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase no mu mprempren a honhom nkaa wɔn no ka ho asɛm sie no mpo mu? Wɔ nneɛma a ɛyɛ hu a wohu a ɛreba yi nti, ɛka nnipa a wonnim Nyankopɔn no mpo ma wofi wɔn pɛ mu frɛ biribi a ɛkorɔn, wɔde wɔn ani to biribi a ɛkorɔn kyɛn ɔdesani so na wɔde wɔn ho ato so de agye adesamma abusua no nkwa. Amammui mu akwankyerɛfo a wɔn a wofi Kristoman mu no ka ho no bisa ahonhomfrɛfo ne adebisafo ade wɔ anibere mu. Esiane sɛ wonnim nea wɔbɛyɛ ne nea ebefi biribi a ɛho hia a wɔbɛyɛ mu aba nti, wɔhwehwɛ nsoromma mu ahwɛfo bisa wɔn nkrabea na wɔkenkan ɔsoro sɛnkyerɛnne. Ebinom nso su frɛ wɔn anyame, wɔn ahoni a wɔde nnua ayɛ sa wɔde dwetɛ ne sika ne ntade a onipa apam ahyehyɛ wɔn no. So saa nneɛma a agye din a wɔde di dwuma no ne nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to wɔn so ma mmoa mprempren wɔ bere a tebea a wiase no wɔ mu no yɛ nea eyi nnipa ho hu kɛse na afei ɛkyerɛ wiase nyinaa sɛe wɔ daakye a abɛn pɛɛ no mu no? Dabi!​—Yer. 10:1-5.

  • “Amanaman Hene”​—Yɛn Mmoa Biako Pɛ
    Ɔwɛn-Aban—1980 | May 1
    • 5. Ɔkwan bɛn so na odiyifo no faa so kyerɛkyerɛɛ nea ɔyɛ yɛn boafo biako pɛ no mu wɔ Yeremia 10:6-8?

      5 So yebisa nea saa Onii Ko no yɛ? Ɔno ne Nea wontumi mfa obi nto no ho anaasɛ obiara ne no nsɛ no, efisɛ Yeremia kae sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, Awurade [Yehowa]; wo na woyɛ kɛse, na wo din nso so, mmaninyɛ mu. Hena na ɔrensuro wo, amanaman hene, efisɛ wo na [osuro a ɛte sɛɛ] fata wo. Na amanaman anyansafo nyinaa mu ne wɔn ahene nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Na wɔn nyinaa [amanaman no ne wɔn ahemfo] yɛ mmoa ne nkwasea ahoni kasakyerɛ! Ɛyɛ dua! [dua a wɔde dwetɛ ne sika ne ntade ahyehyɛ no te sɛ onyame].”​—Yer. 10:6-8.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena