-
Yehowa Yɛn Anidaso Ma Nhyehyɛe Foforo Mu HyɛnƆwɛn-Aban—1980 | June 1
-
-
2. Sɛnea Yeremia 14:8, 9 kyerɛ no, na dɛn na Yehowa yɛ ma Israel man no, nanso tebea no bɛyɛɛ dɛn?
2 Afei, wɔ bere a biribiara nyɛ kusuu wɔ wiase yi ne bere a ɛfata a ɛsɛ sɛ yɛdan yɛn ho kɔ saa Anidaso biako yi ho, sɛnea odiyifo Yeremia yɛe bere a biribiara asɛe ama n’ankasa man no. Yeremia kae bere a ɔresu ama mmea no mu sɛ: “Wo a Israel hwɛ wo kwan, wo a wugye wɔn ohia bere mu, ɛdɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔho, sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo? Ɛdɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wɔatu ne bo, sɛ dɔmmarima a ontumi nnye nkwa? Nso wo ara na wowɔ yɛn mfinimfini, Awurade [Yehowa], na wɔde wo din ato yɛn, nnyaw yɛn hɔ.”—Yer. 14:8, 9.
-
-
Yehowa Yɛn Anidaso Ma Nhyehyɛe Foforo Mu HyɛnƆwɛn-Aban—1980 | June 1
-
-
4. Esiane sɛ wɔde Onyankopɔn din ato Israel man no nti, dɛn na tebea no bɛyɛe a ɛno nti ɛmaa nsemmisa bi sɔree wɔ Yeremia mu?
4 Na wɔde Onyankopɔn ankasa din frɛ tete Israelfo no, enti yebetumi asusuw sɛ na ɔte sɛ obi a ɔwɔ wɔn ntam. Ɛnde dɛn nti na wabɛdan sɛ obi a ontumi nyɛ nea ‘Israel hwɛ no kwan,’ sɛ ɔbɛyɛ te sɛ ɔhɔho a wabɛtra wɔn mu bere tiaa bi, anaasɛ ɔkwantuni a ɔretwam wɔ wɔn asase no so ara kwa, a ɔwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena watwam kɔ? Dɛn nti na wadan sɛ ɔbarima a ɔhaw horow a esi n’anim no ama ne koma atu, a ontumi nyɛ ho biribiara yi? Anaasɛ dɔmmarima a ontumi mmoa nnipa a ehia sɛ ogye wɔn fi nea afi wɔn ankasa kwan a wɔafa so no mu aba no mu no? Wiɛ, dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɛno nti na ama aba saa?
-