Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 2/15 kr. 32
  • Nea Ɔsɔre Ntɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɔsɔre Ntɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 2/15 kr. 32

Nea Ɔsɔre Ntɛm

WƆ MEDITARANEA mpɔtam hɔ nnua a ɛsow aba mu no, nea ɛyɛ nwonwa ne ɔsonkoran dua. Wɔ January anaa February awiei no, edi kan fefɛw ​—kyɛ yiye ansa na nnua afoforo no mu pii ayɛ saa. Na ɔfefɛw bɛn ara ni! Nhwiren kɔkɔɔ anaa fitaa pae wɔ dua no ho nyinaa, na fitaa no te sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no tirim dwen wɔ ɔkwan bi so.​—Fa toto Ɔsɛnkafo 12:5 ho.

Tete Hebrifo no frɛɛ ɔsonkoran dua no sɛ nea “onyan,” na ɛtwe adwene si nhwiren a egu ntɛm no so. Yehowa de eyi kyerɛkyerɛɛ nkrasɛm a ɛho hia bi mu. Wɔde ɔsonkoran abaa bi kyerɛɛ Yeremia wɔ ne som adwuma no mfiase. Na ɛkyerɛ dɛn? Yehowa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Merewɛn wɔ m’asɛm ho, na mayɛ.”​—Yeremia 1:12, New World Translation.

Sɛnea ɔsonkoran dua ‘nyan’ ntɛm no, saa ara na Yehowa ‘tua ahema’ wɔ sɛnkyerɛnne kwan so soma n’adiyifo ma wɔde nea ebefi ne man asoɔden mu aba ho kɔkɔbɔ kɔma wɔn. (Yeremia 7:25) Na ɔrenhome​—‘ɔbɛwɛn’​—kosi sɛ ne nkɔmhyɛ asɛm no bɛbam. Enti wɔ 607 A.Y.B. mu, wɔ bere a Yehowa ahyɛ mu no, n’atemmu baa Yuda man a na awae no so.

Onyankopɔn Asɛm hyɛ nkɔm sɛ atemmu a ɛte saa ara bɛba nneɛma nhyehyɛe bɔne a yɛwom mu yi so. (Dwom 37:9, 10; 2 Petro 3:10-13) Odiyifo Habakuk reka atemmu adeyɛ a ɛte sɛɛ ho asɛm no, ɔma awerɛhyem sɛ: “Na adehu no da so kyerɛ bere a wɔahyɛ. . .twɛn no ara; na ɔba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri” (Habakuk 2: 3) Ɔsonkoran nhwiren fɛfɛ no kae yɛn sɛ Yehowa bɛwɛn wɔ n’asɛm ho kosi sɛ ɛbɛba mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena