Ti Abien
Odiyifo A Ɔsomee Wɔ “Awiei Nna No Mu”
1, 2. (a) Anisoadehu bɛn na Yeremia nyae a ɛma ohuu nkɔm a na ɔrebɛhyɛ no ho biribi? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma Yeremia asɛm no ho hia wo?
ONYANKOPƆN bisaa ne diyifo a na wapaw no foforo no sɛ: “Dɛn na wuhu yi?” Yeremia a na ɔyɛ aberante no buae sɛ: “Kuku a wɔrefita ase gya mu na mihu, na ano kyerɛ anafo.” Saa anisoadehu no maa Yeremia dii kan huu asɛm a na ɔrebɛka no ho biribi. (Monkenkan Yeremia 1:13-16.) Ná ɛnyɛ sɛ wɔrehuhuw sɛnkyerɛnne kwan so kuku no ho ma no adwo, na mmom na wɔrebɔ ogya a ɛredɛw wɔ ase no mu ma ano ayɛ den. Nokwarem no, na Yehowa rehyɛ nkɔm sɛ wɔrebehwie amanehunu a ɛte sɛ nsuɔhyew agu Yuda asase so esiane mmarato a na ɛrekɔ so no nti. Wususuw sɛ dɛn nti na na kuku no ano kyerɛ anafo fam? Na ɛkyerɛ sɛ amanehunu no befi atifi fam na aba, na ɛhɔ na na Babilonfo befi abɛtow ahyɛ wɔn so. Na saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae. Wɔ mfe a Yeremia de hyɛɛ nkɔm no mu no, ɔde n’ani huu amanehunu a wohwie fii saa kuku a na ɛrehuru yi mu no mpɛn pii kosii sɛ awiei koraa no, wɔsɛee Yerusalem.
2 Babilon nni hɔ bio de, nanso ɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ woma Yeremia nkɔmhyɛ nsɛm no ho hia wo. Dɛn ntia? Efisɛ wote “awiei nna no” mu, bere a nnipa pii ka sɛ wɔyɛ Kristofo; nanso wɔne wɔn asɔre ahorow no nni Onyankopɔn anim dom. (Yer. 23:20) Nanso, wo ne wo mfɛfo Adansefo de, ɛnyɛ atemmu ho asɛm nkutoo na moreka, na mmom moreka anidaso nso ho asɛm sɛnea Yeremia yɛe no.
3. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔahyehyɛ Bible mu nhoma a ɛne Yeremia no mu nsɛm? (b) Dɛn na nhoma yi Ti 2 no bɛka ho asɛm?
3 Ebetumi aba sɛ Yeremia kaa ne nsɛm no ma ɔkyerɛwfo bi yɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ mmere a ɔde hyɛɛ nkɔm no fã a etwa to no mu, na ɛnyɛ sɛ bere a na nsɛm no resisi no na ɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ. (Yer. 25:1-3; 36:1, 4, 32) Nhoma no mu nsɛm nyɛ nnidiso nnidiso sɛnea esisii no, efisɛ Yeremia hyehyɛɛ nsɛm no mu pii sɛnea ɔsɛmpɔw a na ɔreka ho asɛm no te. Enti, wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wubesua Yeremia ne Kwadwom nhoma no ho abakɔsɛm ne sɛnea emu nsɛm no sisii nnidiso nnidiso no ho ade. Hwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 19 no. Ɔhene a na ɔredi ade wɔ bere bi mu wɔ Yuda, ne ɛtɔ mmere bi a nea na ɛrekɔ so wɔ Yuda ne ne mpɔtam a wubehu no bɛma woate asɛm bi a Yeremia kae anaa biribi a ɔyɛe no ase yiye. Ɛno bɛboa wo paa ma woanya Onyankopɔn nsɛm a ɔnam Yeremia so de ama ne nkurɔfo no so mfaso.
NSƐM A ESISII WƆ YEREMIA BERE SO
4-6. Mfe pii ansa na Yeremia refi ne nkɔmhyɛ adwuma no ase no, tebea bɛn na na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no wom?
4 Yeremia hyɛɛ nkɔm wɔ bere bi a na basabasayɛ rekɔ so mu. Ná ɛyɛ bere a akameakame rekɔ so wɔ Asiria, Babilon, ne Egypt ntam. Bɛyɛ mfe 93 ansa na Yeremia refi ase ahyɛ nkɔm no, na Asiria adi Israel mmusuakuw du ahemman a ɛwɔ atifi fam no so nkonim ma wɔatu emufo pii afi asase no so. Saa bere no, Yehowa gyinaa Yerusalem ne Hesekia a na ɔyɛ ɔhene nokwafo a na odi Yerusalem so no akyi ko tiaa Asiria. Ebia wobɛkae sɛnea Onyankopɔn nam anwonwakwan so kunkum asraafo 185,000 a na wɔyɛ atamfo no. (2 Ahe. 19:32-36) Ná Hesekia mmabarima no mu biako ne Manase. Ɛbɛyɛ sɛ wɔwoo Yeremia wɔ Manase mfe 55 nniso no mu, bere a na Yuda hyɛ Asiria tumidi ase no.—2 Be. 33:10, 11.
5 Yeremia na ɔkyerɛw Ahene nhoma a edi kan ne nea ɛto so abien a emu na yehu sɛ Manase san sisii sorɔnsorɔmmea a na ne papa abubu no. Manase sisii afɔremuka maa Baal ne ɔsoro asafo wɔ Yehowa asɔrefie hɔ mpo. Na Manase hwiee mogya a edi bem pii gui, na ɔhyew n’ankasa ba de bɔɔ afɔre maa atoro nyame. Ne tiaatwa mu no, “ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa.” Esiane bɔne a ɔyɛe nyinaa nti, Onyankopɔn hyɛe sɛ mmusu bɛba Yerusalem ne Yuda so sɛnea na ato Samaria ne Israel dedaw no. (2 Ahe. 21:1-6, 12-16) Manase wu akyi no, ne ba Amon toaa ne papa abosonsom no so, nanso na ɛrenkyɛ na nneɛma asakra. Mfe abien akyi no, wokum Amon, na ne ba Yosia a na wadi mfe awotwe no bedii ade wɔ afe 659 A.Y.B. mu.
6 Wɔ Yosia mfe 31 nniso no mu no, Babilon fii ase nyaa tumi sen Asiria. Yosia hui sɛ na saa tebea yi yɛ hokwan a ɛbɛma wagye Yuda afi ananafo tumidi ase. Yosia ansuasua ne papa ne nanabarima, mmom no, ɔsom Yehowa nokware mu, na ɔyɛɛ nsakrae akɛse wɔ ɔsom mu. (2 Ahe. 21:19–22:2) Wɔ Yosia ahenni afe a ɛto so 12 mu no, obubuu sorɔnsorɔmmea, abosonnua, ne atoro som ahoni wɔ n’ahemman no nyinaa mu, na ɛno akyi no, ɔhyɛe sɛ wonsiesie Yehowa asɔrefie no. (Monkenkan 2 Beresosɛm 34:1-8.) Ɛyɛ Yosia ahenni afe a ɛto so 13 (afe 647 A.Y.B.) mu na wɔpaw Yeremia sɛ Onyankopɔn diyifo.
Sɛ na woyɛ odiyifo wɔ Yeremia bere so a, anka wobɛte nka dɛn?
7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na na ɛsono Ɔhene Yosia nniso no ne Manase ne Amon a na wodi n’anim de no? (b) Ná Yosia yɛ onipa bɛn? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 20 no.)
7 Bere a na wɔresiesie asɔrefie no wɔ Ɔhene Yosia a na ɔyɛ ɔhene pa no ahenni afe a ɛto so 18 no mu no na ɔsɔfo panyin no huu “mmara nhoma no.” Ɔhene no maa ne kyerɛwfo no kenkan kyerɛɛ no. Yosia huu mfomso a na ne nkurɔfo no ayɛ, na ɔkɔhwehwɛɛ Yehowa akwankyerɛ fii odiyifobea Hulda hɔ, na ɔka kyerɛɛ ne manfo sɛ wonni Onyankopɔn ahyɛde so. Hulda ka kyerɛɛ Yosia sɛ esiane Yudafo no mmarato nti, Yehowa de “mmusu” bɛba wɔn so. Nanso, esiane su pa a na Yosia wɔ wɔ ɔsom kronn ho nti, na saa mmusu no remma wɔ ne bere so.—2 Ahe. 22:8, 14-20.
8 Ɔhene Yosia san hyɛɛ mmɔden a na ɔrebɔ sɛ obeyi abosonsom ho biribiara afi hɔ no mu den. Ná wasi ne bo paa ma enti ɔkɔɔ asase a na anka Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no te so no so mpo kobubuu sorɔnsorɔmmea ne afɔremuka a ɛwɔ Betel no. Ɔsan nso yɛɛ nhyehyɛe ma wodii Twam afahyɛ kɛse bi. (2 Ahe. 23:4-25) Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi maa Yeremia ani gyei! Nanso, ɛyɛɛ den sɛ ɔbɛma nkurɔfo no asakra wɔn akwan. Ná Manase ne Amon de nkurɔfo no akɔhyɛ abosonsom a wokyi mu, enti na wɔn mu dodow no ara atwe wɔn ho afi nokware som ho. Nsakrae a Yosia de bae nyinaa akyi no, Onyankopɔn honhom kaa Yeremia ma ɔkae sɛ na Yudafo no anyame dɔɔso sɛnea wɔn nkurow dodow te. Ná odiyifo no manfo no te sɛ ɔyere bi a onni nokware. Ná wɔagyaw Yehowa, na na wɔne ananafo anyame akɔbɔ aguaman. Yeremia kae sɛ: “Sɛnea Yerusalem mmorɔn dodow te no, saa na moasisi afɔremuka ama aniwude, afɔremuka a mohyew so afɔrebɔde ma Baal.”—Monkenkan Yeremia 11:1-3, 13.
9. Wɔ Yosia nniso no nna a edi akyiri mu no, nsɛm bɛn na esisii wɔ aman foforo so?
9 Sɛnea nsɛm a ɛte saa a Yeremia kae no amma Yudafo no ansakra no, saa ara nso na amma aman a na wɔatwa Israel ho ahyia no annyae ko a na wɔreko adi asase no so tumi no. Wɔ afe 632 A.Y.B. mu no, Babilonfo ne Mediafo asraafo boom kɔko dii Niniwe a na ɛyɛ Asiriafo ahenkurow no so nkonim. Mfe abiɛsa akyi no, Farao Neko a ofi Egypt dii n’asraafo anim de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam sɛ wɔrekɔboa Asiriafo a na ɔko no mu ayɛ den ama wɔn no. Yosia bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛpam Egypt asraafo no ma wɔasan wɔn akyi wɔ Megido, nanso wopiraa no pira bɔne. Bible nka nea enti a Yosia yɛɛ saa no ho asɛm. (2 Be. 35:20-24) Nsakrae bɛn na na awerɛhosɛm yi de bɛba Yuda amanyɔsɛm ne nyamesom mu? Ná nsɛnnennen foforo bɛn na Yeremia behyia?
NSAKRAE A ƐBAA YUDAFO SOM MU
10. (a) Ɔkwan bɛn so na nea ɛkɔɔ so wɔ Yosia wu akyi no te sɛ nea ɛrekɔ so wɔ yɛn bere yi so? (b) Sɛ wususuw nea Yeremia yɛe no ho a, ɔkwan bɛn so na wubetumi anya so mfaso?
10 Bere a Yeremia tee sɛ Yosia awu no, wo de hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ odii yaw! Ne werɛ howee ma otwaa ɔhene no ho kwadwom. (2 Be. 35:25) Ná ɔhaw wɔ hɔ saa bere no, na basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ aman foforo so no de ahokyere baa Yuda so. Ná Egypt, Asiria, ne Babilon mu biara repere sɛ wobedi asase no so tumi. Na na Yosia wu no ama nsakrae aba Yudafo som mu. Ɛno na ɛde nniso a ɛmaa Yeremia adwuma no yɛɛ mmerɛw no baa awiei, na ɛde nniso a ɛmaa n’adwuma no yɛɛ den no bae. Yɛn nuanom pii ahu nsakrae a ɛte saa wɔ yɛn bere yi so; nniso ahorow bi ma wonyaa ahofadi kakra, na afoforo nso baraa wɔn adwuma no anaa ɛde ɔtaa baa wɔn so. Hena na onim sɛ yɛn mu pii betumi ahyia nsakrae a ɛte saa nnansa yi ara? Sɛ ɛba saa a, ɛbɛka yɛn dɛn? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi akura yɛn mũdi mu? Bere a saa nsɛmmisa yi wɔ yɛn adwenem no, ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw nsɛnnennen a Yeremia tumi gyinaa ano no ho.
11. Wɔ Yosia wu akyi no, dɛn na ɛkɔɔ so wɔ Yuda?
11 Yudafo no de Yosia ba Yehoahas dii ade wɔ Yerusalem. Yehoahas a na wɔsan frɛ no Salum no dii ade asram abiɛsa pɛ. Bere a Farao Neko ne Babilonfo kɔko wiei na ɔsan de n’ani kyerɛɛ anafo fam no, otuu ɔhene foforo no fii ade so de no kɔɔ Egypt, na Yeremia kae sɛ Yehoahas ‘rensan mma bio.’ (Yer. 22:10-12; 2 Be. 36:1-4) Neko de Yehoiakim a ɔno nso yɛ Yosia ba no sii Yehoahas ananmu. Yehoiakim anni ne papa nhwɛso pa no akyi. Wanyɛ n’adwene koraa sɛ obeyi abosonsom afi asase no so sɛnea ne papa yɛe no.—Monkenkan 2 Ahene 23:36, 37.
12, 13. (a) Wɔ Yehoiakim nniso mfiase no, dɛn na na ɛrekɔ so wɔ Yudafo som mu? (b) Dɛn na Yudafo nyamesom akannifo no de yɛɛ Yeremia?
12 Wɔ Yehoiakim nniso no mfiase no, Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnkɔ asɔrefie hɔ nkɔkasa ntia Yudafo no pefee wɔ bɔne a na wɔreyɛ no ho. Ná wobu Yehowa asɔrefie no sɛ sɛbɛ bi a ɛbɛbɔ wɔn ho ban. Nanso, sɛ wɔannyae ‘korɔn a wɔbɔ, awu a wodi, aware a wɔsɛe, ntanhunu a wɔkeka, afɔrebɔde a wɔhyew ma Baal, ne anyame foforo a wonnim wɔn akyi a wodi’ no a, na Yehowa begyaw asɔrefie no. Saa ara na na obegyaw nyaatwomfo a na wɔsom wɔ asɔrefie no mu no, sɛnea ogyaw ntamadan no wɔ Silo wɔ Ɔsɔfo Panyin Eli bere so no. Ná Yuda asase no “bɛdan amamfõ ara nko.” (Yer. 7:1-15, 34; 26:1-6)a Wo de susuw akokoduru a na ɛsɛ sɛ Yeremia de ka saa asɛm no ho hwɛ! Ɛbɛyɛ sɛ ɔkaa asɛm no wɔ baguam wɔ nnipa atitiriw anaa atumfoɔ anim. Saa ara na ɛnnɛ, anuanom mmarima ne mmea binom te nka sɛ wohia akokoduru a wɔde bedi adanse wɔ mmɔnten so anaa wɔde bɛkasa akyerɛ nnipa a wɔyɛ adefo anaa atitiriw. Nanso, yebetumi anya asɛm a edi hɔ yi mu awerɛhyem: Onyankopɔn gyina yɛn akyi pintinn, sɛnea ogyinaa Yeremia akyi no.—Heb. 10:39; 13:6.
13 Ɔkwan bɛn so na sɛnea na nneɛma a ɛrekɔ so wɔ nyamesom ne amanyɔsɛm mu wɔ Yuda no bɛma nyamesom mu akannifo no ayɛ wɔn ade wɔ asɛm a na Yeremia reka no ho? Sɛnea odiyifo no ankasa kae no, “asɔfo ne adiyifo ne ɔman no nyinaa bɛkyeree [me] kae sɛ: ‘Owu na wubewu.’” Wɔde abufuw kɛse kae sɛ: “Ɔbarima yi fata owu afobu.” (Monkenkan Yeremia 26:8-11.) Nanso, wɔn a na wɔsɔre tia Yeremia no antumi ankum no. Ná Yehowa ka ne diyifo no ho, na ogyee no. Ɛwom sɛ, ɛte sɛ nea na wɔn a wɔsɔre tia Yeremia no dɔɔso a na wobetumi adi no so nkonim de, nanso wansuro. Saa ara na wo nso ɛnsɛ sɛ wusuro.
Dɛn na wobɛka afa tebea ahorow a ɛkɔɔ so wɔ Manase ne Amon nniso ne nea ɛkɔɔ so wɔ Yosia de mu no ho? Dɛn na wubetumi asua afi sɛnea Yeremia yɛɛ n’adwuma a na ɛyɛ den no mu?
‘KYERƐW NSƐM NO NYINAA’
14, 15. (a) Adwuma bɛn na Yeremia ne ne kyerɛwfo Baruk yɛe wɔ Yehoiakim ahenni afe a ɛto so anan no mfiase? (b) Ná Yehoiakim yɛ onipa bɛn? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 25 no.)
14 Wɔ Yehoiakim ahenni afe a ɛto so anan mu no, Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnkyerɛw nsɛm a Yehowa aka akyerɛ no fi Yosia bere so no nyinaa. Enti Yeremia kaa nsɛm a na Onyankopɔn aka akyerɛ no mfe 23 a na atwam no nyinaa kyerɛɛ ne kyerɛwfo Baruk. Ná atemmusɛm no fa ahemfo ne ahemman bɛyɛ 20 ho. Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ ɔnkenkan saa nhoma mmobɔwee no mu nsɛm no den wɔ Yehowa fie hɔ. Dɛn nti na ɔkae sɛ ɔnyɛ saa? Yehowa kae sɛ: “Ebia Yuda fie betie mmusu a mabɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so no nyinaa, na wɔasan afi wɔn akwammɔne so, na mede wɔn mfomso ne wɔn bɔne akyɛ wɔn.”—Yer. 25:1-3; 36:1-3.
15 Bere a ahemfie panyin bi kenkan nhoma mmobɔwee no kyerɛɛ Yehoiakim no, ɔhene no twitwaa mu hyew no. Afei ɔhene no hyɛe sɛ wɔmfa Yeremia ne Baruk mmra n’anim. “Nanso Yehowa de wɔn hintawee.” (Monkenkan Yeremia 36:21-26.) Esiane Yehoiakim subammɔne nti, Yehowa nam ne diyifo no so kae sɛ wobesie ɔhene no “sɛnea wosie afurum.” Ná “wɔbɛtwe no akɔtow no akyene Yerusalem kurow apon akyi nohoa.” (Yer. 22:13-19) So yebetumi abɔ nkɔmhyɛ a wɔakyerɛkyerɛ mu yiye yi agu, na yɛaka sɛ Yeremia guguu nsɛm mu?
16. Asɛm pa bɛn na Yeremia kae?
16 Atemmusɛm a ɛte saa a na ɛsɛ sɛ Yeremia ka nyinaa akyi no, na ɔnyɛ odiyifo a ɔka ɔsɛe ho asɛm nkutoo. Ɔkaa anidaso ho asɛm nso. Ná Yehowa begye Israelfo nkaefo bi afi wɔn atamfo nsam na wasan de wɔn aba wɔn ankasa asase so ma wɔabɛtena ase dwoodwoo. Ná Onyankopɔn ne ne nkurɔfo bɛyɛ “apam foforo” a ɛyɛ “daa apam,” na wakyerɛw ne mmara wɔ wɔn koma mu. Ná ɔde wɔn mfomso bɛkyɛ wɔn, na na ɔrenkae wɔn bɔne bio. Afei nso, na Dawid aseni bi ‘bebu atɛntrenee na wayɛ adetrenee asase no so.’ (Yer. 31:7-9; 32:37-41; 33:15) Ná saa nkɔmhyɛ yi benya mmamu mfe pii akyi. Saa nkɔmhyɛ no mmamu fa yɛn nso ho, na ebetumi mpo ama yɛanya daa nkwa ho anidaso. Nanso, wɔ Yeremia bere so de, Yudafo atamfo no kɔɔ so koe, na na wɔpɛ sɛ wodi asase no so tumi.—Monkenkan Yeremia 31:31, 33, 34; Hebrifo 8:7-9; 10:14-18.
SƐNEA BABILON TUMIDI FII ASE
17, 18. Nsɛm bɛn na ɛkɔɔ so wɔ aman foforo so wɔ Yehoiakim ne Sedekia nniso no awiei mu?
17 Wɔ afe 625 A.Y.B. mu no, Babilonfo ne Egyptfo koo ɔko bi a emu yɛ den wɔ Karkemis, wɔ Eufrate Asubɔnten no ho wɔ Yerusalem atifi fam bɛyɛ kilomita 600. Ɔhene Nebukadnesar dii Farao Neko asraafo no so nkonim ma ɛde Egypt tumidi baa awiei wɔ asase no so. (Yer. 46:2) Afei Yuda bɛhyɛɛ Nebukadnesar tumidi ase, na Yehoiakim bɛyɛɛ n’akoa. Nanso, bere a Yehoiakim hyɛɛ Nebukadnesar ase dii ade mfe abiɛsa akyi no, Yehoiakim tew atua. (2 Ahe. 24:1, 2) Ɛmaa Nebukadnesar ne n’asraafo de wɔn ani kyerɛɛ Yuda wɔ afe 618 A.Y.B. mu, na wokotwaa Yerusalem ho hyiae. Wo de, bɔ mmɔden twa tebea bɔne a na ɛwɔ hɔ saa bere no ho mfonini hwɛ, ne sɛnea ɛkaa Onyankopɔn diyifo Yeremia mpo. Ɛbɛyɛ sɛ Yehoiakim wui wɔ bere a wotwaa Yerusalem ho hyiae no mu.b Bere a ne ba Yehoiakin dii ade asram abiɛsa pɛ wɔ Yuda no, ɔde ne ho kɔmaa Babilonfo. Nebukadnesar sesaa ahonyade a ɛwɔ Yerusalem nyinaa, na ɔfaa Yehoiakin, ɔhene no abusuafo, Yuda mmapɔmma, ɔman no mu atitiriw, ne emu adwumfo de wɔn kɔɔ nkoasom mu. Wɔn a wɔde wɔn kɔɔ nkoasom mu no bi ne Daniel, Hanania, Misael, ne Asaria.—2 Ahe. 24:10-16; Dan. 1:1-7.
18 Afei Nebukadnesar de Sedekia a ɔno nso yɛ Yosia mmabarima no mu biako sii Yuda so hene. Ɔno na na ɔbɛyɛ asase so hene a otwa to a ofi Dawid abusua mu. Ne nniso no baa awiei bere a wɔsɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no wɔ afe 607 A.Y.B. mu no. (2 Ahe. 24:17) Nanso, asetena ne amanyɔsɛm mu basabasayɛ kɛse na ɛkɔɔ so wɔ Yuda wɔ mfe 11 a Sedekia de dii ade no mu. Ɛda adi pefee sɛ, na ɛsɛ sɛ Yeremia de ne ho to Onii a na wapaw no sɛ odiyifo no so koraa.
19. Yeremia beresofo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ asɛm a ɔkae no ho, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma ɛho hia wo?
19 Fa no sɛ wone Yeremia. Efi Yosia bere so no, na Yeremia ahu basabasayɛ a akɔ so wɔ amanyɔsɛm mu ne sɛnea na Onyankopɔn nkurɔfo no som asɛe no. Nanso, na onim sɛ nneɛma bɛkɔ so asɛe. Ne kuromfo ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhyɛ nkɔm Yehowa din mu na woanwu yɛn nsam.” (Yer. 11:21) Bere a nkɔm ahorow a Yeremia hyɛe no baa mu mpo no, Yudafo no kae sɛ: “Asɛm a woaka akyerɛ yɛn Yehowa din mu no, yɛrentie wo.” (Yer. 44:16) Nanso, na nkurɔfo nkwa da asiane mu, sɛnea ɛnnɛ ebinom nkwa da asiane mu no. Asɛm a woka no fi Yehowa hɔ, sɛnea na Yeremia de no fi Yehowa hɔ no. Ɛno nti, sɛ wususuw sɛnea Yehowa bɔɔ ne diyifo no ho ban bere a na wɔrebɛsɛe Yerusalem no ho a, wubetumi ahyɛ nsi a wode yɛ wo som adwuma no mu den.
Dɛn na yebetumi asua afi su a Yeremia daa no adi wɔ Yehoiakim nniso mu no mu? Nkɔm titiriw bɛn na Yeremia hyɛe a ɛfa yɛn bere yi ho?
ADEHYE ABUSUA BI AWIEI
20. Dɛn nti na Sedekia nniso no mu na ɛyɛɛ den paa maa Yeremia? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 29 no.)
20 Ebia Sedekia nniso no mu ne bere a ɛyɛɛ den paa maa Yeremia wɔ nkɔmhyɛ adwuma a ɔyɛe no mu. Sedekia kɔɔ so ‘yɛɛ Yehowa ani so bɔne,’ sɛnea ahemfo a wodii n’anim no mu pii yɛe no. (Yer. 52:1, 2) Ná ɔhyɛ Babilonfo ase, na Nebukadnesar ma ɔde Yehowa din kaa ntam a na ɛbɛma wakɔ so de ne ho ahyɛ Babilon hene ase. Nanso, ntam a Sedekia kae nyinaa akyi no, awiei koraa no, ɔtew atua. Saa bere no, na Yeremia atamfo rehyɛ no denneennen sɛ ɔmmɛka wɔn ho wɔ atuatew no mu.—2 Be. 36:13; Hes. 17:12, 13.
21-23. (a) Wɔ Sedekia nniso no mu no, akuw abien a na wɔn adwene nhyia bɛn na na ɛwɔ Yuda? (b) Dɛn na wɔde yɛɛ Yeremia wɔ asɛm a na ɔka no ho, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma ɛho hia wo?
21 Ɛda adi sɛ wɔ Sedekia nniso no mfiase no, Edom, Moab, Amon, Tiro, ne Sidon ahemfo somaa nkurɔfo kɔɔ Yerusalem. Ebia na wɔn atirimpɔw ne sɛ wɔbɛma Sedekia abɛka wɔn ho na wɔako atia Nebukadnesar. Nanso, Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ ɔmmrɛ ne ho ase nhyɛ Babilon ase. Ɛno nti, Yeremia de kɔndua maa nkurɔfo a wɔsomaa wɔn no de kyerɛɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ aman a wofi mu no nso som Babilonfo no. (Yer. 27:1-3, 14)c Nkurɔfo no ani annye asɛm a na Yeremia reka no ho, na Hanania ma ɛyɛɛ den kɛse maa no. Ná Hanania yɛ atoro diyifo a ɔde Onyankopɔn din kaa no baguam sɛ wobebubu Babilon kɔndua no. Nanso, Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia so kae ne sɛ ɔdaadaafo Hanania bewu afe biako ntam. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae.—Yer. 28:1-3, 16, 17.
22 Afei na Yuda mu akyɛ abien—wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔhyɛ Babilon ase ne wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔntew atua. Wɔ afe 609 A.Y.B. mu no, Sedekia kɔɔ Egypt kɔhwehwɛɛ asraafo fii hɔ de tew atua. Afei, na ɛsɛ sɛ Yeremia gyina basabasa a na ne manfo a wɔkyerɛ sɛ wɔntew atua no reyɛ no ano. (Yer. 52:3; Hes. 17:15) Nebukadnesar ne n’asraafo san baa Yuda besiw atuatew no ano, wɔko faa Yuda nkurow nyinaa, na wɔsan twaa Yerusalem ho hyiae bio. Asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia ne ne manfo wɔ saa bere a na emu yɛ den yi mu ne sɛ Babilonfo bɛko afa Yerusalem. Ná wobekunkum wɔn a wɔbɛkɔ so atena kurow no mu no, nanso ná wɔn a wobefi kurow no mu akɔ Kaldeafo no hɔ no benya wɔn ti adidi mu.—Monkenkan Yeremia 21:8-10; 52:4.
23 Yuda mpanyimfo no kyerɛe sɛ Yeremia yɛ ɔfatwafo a wakogyina Babilonfo no afã. Bere a Yeremia kaa nokwasɛm kyerɛɛ Yuda mpanyimfo no, wɔhwee no de no too afiase. (Yer. 37:13-15) Nanso, Yeremia angow Yehowa asɛm a na ɔreka no mu. Enti, mpanyimfo no ka kyerɛɛ Sedekia sɛ onkum Yeremia. Wɔde odiyifo no kɔtoo abura bi a na nsu nnim mu, ná anka obetumi awu wɔ dontori a ɛwom no mu. Nanso, Etiopiani Ebed-Melek a na ɔyɛ adwuma wɔ ɔhene no fie no koyii Yeremia. (Yer. 38:4-13) Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ahonim mma wɔn kwan mma wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amanɔyɛsɛm mu ntawntawdi mu nti, hwɛ sɛnea wɔtaa hu amane! Ɛda adi pefee sɛ, nea ɛtoo Yeremia no betumi ahyɛ wo den ma woagyina sɔhwɛ ano na woadi so nkonim.
24. Nsɛm bɛn na esisii wɔ afe 607 A.Y.B. mu?
24 Awiei koraa no, wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, Babilonfo no tumi buu Yerusalem afasu no, na wɔsɛee kurow no. Nebukadnesar asraafo no hyew Yehowa asɔrefie no, wodwiriw kurow no afasu gui, na wokunkum Yuda mmapɔmma. Sedekia yɛe sɛ ɔreguan, nanso wɔkɔkyeree no de no brɛɛ Nebukadnesar. Wokunkum Sedekia mmabarima wɔ n’anim, na afei Nebukadnesar ma wɔbobɔɔ n’aniwa, na wɔkyekyeree no de no kɔɔ Babilon. (Yer. 39:1-7) Asɛm a Yeremia ka faa Yuda ne Yerusalem ho no baa mu pɛpɛɛpɛ. Sɛ́ anka Onyankopɔn diyifo no bedi ahurusi no, odii amanehunu a na aba ne nkurɔfo so no ho awerɛhow. Yebetumi akenkan sɛnea ɔtee nka no ho asɛm wɔ Bible mu nhoma a ɛne Kwadwom mu. Sɛ yɛrekenkan saa nhoma no a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛka yɛn koma kɛse.
NEA NNIPA A WƆKAA YUDA NO YƐE
25, 26. (a) Nsɛm bɛn na esisii wɔ Yerusalem sɛe no akyi? (b) Wɔ Yerusalem sɛe no akyi no, dɛn na Yeremia beresofo no yɛe wɔ asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ho?
25 Dɛn na ɛtoo Yeremia bere a nsɛm a ɛyɛ hu yi sisii no? Yerusalem mpanyimfo no ma wɔde Yeremia too afiase, nanso Babilonfo a na wɔadi wɔn so nkonim no ne no dii no yiye, na wogyaa no. Akyiri yi, wɔde Yeremia fraa Yudafo bi a na wɔde wɔn rekɔ nkoasom mu no mu, nanso wogyaa no. Ná adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ Onyankopɔn som mu; ná ɔda so ara wɔ adwuma bi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ Yudafo a na wɔaka asase no so no mu. Nebukadnesar paw Gedalia de no sii asase a na wako adi so no so amrado, na ɔhyɛɛ Yudafo a na wɔaka asase no so bɔ sɛ sɛ wɔkɔ so som ɔno Babilon hene no a, wobenya asomdwoe. Nanso, Yudafo bi a na wɔn ani nnye nhyehyɛe no ho no kum Gedalia. (Yer. 39:13, 14; 40:1-7; 41:2) Yeremia ka kyerɛɛ Yudafo a na wɔaka asase no so no sɛ wɔnkɔ so ntena hɔ, na ɛnsɛ sɛ wosuro Babilon hene no. Nanso, wɔn akannifo no frɛɛ Yeremia ɔtorofo, na wɔhyɛɛ Yeremia ne Baruk de wɔn kaa wɔn ho guan kɔɔ Egypt. Ne nyinaa akyi no, Yeremia hyɛɛ nkɔm sɛ Nebukadnesar ne Egypt bɛko na wadi so nkonim, ná ɛno de mmusu bɛba Yudafo a na wɔaguan akɔtena hɔ no so.—Yer. 42:9-11; 43:1-11; 44:11-13.
26 Saa bere yi nso, Yeremia manfo no antie asɛm a Onyankopɔn diyifo nokwafo no kae no. Dɛn ntia? Wɔkae sɛ: “Efi bere a yegyaee sɛ yɛbɛhyew afɔrebɔde ama ‘ɔsoro hemmaa’ na yɛahwie afɔrebɔ nsã ama no no, biribiara abɔ yɛn, na nkrante ne ɔkɔm ama yɛn ase ahyew.” (Yer. 44:16, 18) Eyi ma yehu sɛnea na Yeremia beresofo no ne Onyankopɔn ntam asɛe afa! Nanso, hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran sɛ yɛabehu sɛ onipa a ɔtɔ sin betumi akɔ so adi nokware ama Yehowa bere a nnipa a wonni gyidi atwa ne ho ahyia no!
27. Dɛn na yenim fa Yeremia nkɔmhyɛ adwuma no nna a edi akyiri no ho?
27 Afe 580 A.Y.B. mu na Yeremia kyerɛw n’asɛm a etwa to. Ɛno ne afiase a Ewil-Merodak a odii Nebukadnesar ade yii Yehoiakin fii no. (Yer. 52:31-34) Saa bere no, na Yeremia adi bɛyɛ mfe 90. Yenni adanse biara a edi mũ a ɛfa bere a Yeremia wui ho. Ɛbɛyɛ sɛ odii ne nna a edi akyiri no wɔ Egypt, na odii nokware kosii ne wuda, bere a na ɔde bɛyɛ mfe 67 asom Yehowa no. Ɔyɛɛ ne som adwuma no wɔ mfe a na ne manfo dodow no ara som nokware mu ne mfe pii a na wɔawae afi nokware som ho mu. Ne nyinaa akyi no, onyaa nnipa bi a na wosuro Onyankopɔn ma wotiee asɛm a ɔkae no. Nanso, nnipa dodow no ara antie no, na mpo woyii wɔn anim tan no. So ɛno amma Yeremia antumi anyɛ adwuma a wɔde maa no no? Ɛnte saa koraa! Mfiase no ara na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔne wo bɛko, nanso wɔrentumi wo, ‘efisɛ midi w’akyi.’” (Yer. 1:19) Adwuma a wɔde ama yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo no te sɛ Yeremia de no. Enti yebetumi ahwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛyɛ wɔn ade saa ara wɔ adwuma a yɛyɛ no ho. (Monkenkan Mateo 10:16-22.) Ɛnde, dɛn na yebetumi asua afi Yeremia hɔ, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn som adwuma no? Momma yensusuw saa nsɛmmisa yi ho.
Dɛn na ɛtoo Sedekia ne ne manfo a wɔantie asɛm a Yeremia kae no? Dɛn na woahu afa Yeremia ho?
a Nsɛdi a ɛwɔ asɛm a ɛwɔ Yeremia 7:1-15 ne 26:1-6 mu no ama nnipa binom anya adwene sɛ asɛm koro no ara na saa kyerɛw nsɛm abien no ka ho asɛm.
b Daniel 1:1, 2 ka sɛ wɔde Yehoiakim hyɛɛ Nebukadnesar nsa wɔ Yehoiakim ahenni afe a ɛto so abiɛsa no mu, na ɛda adi sɛ na ɛyɛ mfe abiɛsa a ɔde ne ho hyɛɛ Nebukadnesar ase dii ade no mu. Ebetumi aba sɛ ɔhene no wui wɔ bere a wotwaa kurow no ho hyiae na awiei koraa wodii so nkonim no mu. Adanse biara nni Bible mu a ɛfoa Josephus kyerɛwtohɔ a ɛkyerɛ sɛ Nebukadnesar kum Yehoiakim, na ɔma wɔtow ne funu kyenee Yerusalem afasu no akyi a wɔansie no no so.—Yer. 22:18, 19; 36:30.
c Ebia Yehoiakim din a ɛwɔ Yeremia 27:1 no yɛ mfomso a ɔkyerɛwfo bi yɛe, efisɛ Sedekia din na ɛwɔ Yeremia 27:3, 12.