Ti Abiɛsa
“Ka Asɛm Yi Kyerɛ Wɔn”
1. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu ne Yeremia di nsɛ? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuasua Yeremia wɔ yɛn som adwuma no mu?
YESU KRISTO ne nhwɛsofo titiriw a yedi n’akyi ka asɛmpa no. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, nnipa a wohuu Yesu wɔ afeha a edi kan no mu no adwene yɛɛ wɔn mmere bi sɛ ɔyɛ odiyifo Yeremia. (Mat. 16:13, 14) Sɛnea Onyankopɔn maa Yesu ahyɛde sɛ ɔnka asɛm no, saa ara nso na ɔmaa Yeremia ahyɛde sɛ ɔnka asɛm no. Sɛ nhwɛso no, bere bi Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Ka asɛm yi kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Yehowa . . . aka ni.’” (Yer. 13:12, 13; Yoh. 12:49) Yeremia daa su ahorow bi adi a ɛte sɛ nea Yesu daa no adi wɔ ne som adwuma no mu no.
2. Ɔkwan bɛn so na nea ɛsɛ sɛ nkurɔfo yɛ nnɛ no te sɛ nea na ɛsɛ sɛ Yudafo a na wɔwɔ Yeremia bere so no yɛ?
2 Nanso, ebia Adansefo binom bɛka sɛ: ‘Ɛsono asɛnka adwuma a yɛreyɛ no, ɛnna ɛsono Yeremia de no. Ná Yeremia yɛ Onyankopɔn kasamafo a na ɔkasa kyerɛ ɔman a na wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn, na nnipa a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no de, wɔn mu dodow no ara nnim Yehowa.’ Ɛwom, saa asɛm no yɛ nokware. Nanso, wɔ Yeremia bere so no, na Yudafo dodow no ara abɛyɛ “nkwaseafo,” na na wɔagyaw nokware Nyankopɔn no. (Monkenkan Yeremia 5:20-22.) Ná ɛsɛ sɛ wɔsakra wɔn adwene na wɔsom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Saa ara na ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ—sɛ́ wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo anaa ɛnte saa no—sua sɛ wobesuro Yehowa na wɔasom no nokware mu. Momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi asuasua Yeremia na yɛasom nokware Nyankopɔn no na yɛaboa nkurɔfo.
‘YEHOWA DE NE NSA KAA M’ANO’
3. Dɛn na Onyankopɔn yɛ maa Yeremia wɔ ne som adwuma no mfiase, na ɛkaa odiyifo no dɛn?
3 Kae sɛ Yeremia tee asɛm a edi hɔ yi wɔ ne nkɔmhyɛ adwuma no mfiase sɛ: “Obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn no, kɔ, na asɛm biara a mɛhyɛ wo no, ka. Nsuro wɔn anim, efisɛ midi w’akyi, na megye wo, Yehowa asɛm ni.” (Yer. 1:7, 8) Afei, Onyankopɔn yɛɛ biribi a na Yeremia nhwɛ kwan. Yeremia kae sɛ: “Yehowa teɛɛ ne nsa de kaa m’ano. Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Hwɛ, mede me nsɛm ahyɛ w’anom. Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo asi amanaman ne ahenni ahorow so.’” (Yer. 1:9, 10) Efi saa bere no, Yeremia hui sɛ na ɔrekasa ama ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no.a Esiane sɛ na Yehowa gyina Yeremia akyi pintinn nti, nsi a na ɔde yɛ ɔsom adwuma no mu yɛɛ den.—Yes. 6:5-8.
4. Nsiyɛ soronko a wɔda no adi wɔ asɛnka mu ho nhwɛso ahorow bɛn na wubetumi aka ho asɛm?
4 Ɛnnɛ, Yehowa mfa ne nsa nka n’asomfo no mu biara ano. Nanso, ɔnam ne honhom so ma wonya ɔpɛ a emu yɛ den de ka asɛmpa no. Wɔn mu pii da nsi a emu yɛ den adi. Fa Maruja a ɔwɔ Spain no sɛ nhwɛso. Ne nan ne ne nsa adwudwo bɛboro mfe 40 ni. Ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ afie afie asɛnka adwuma no, enti ɔhwehwɛ akwan foforo a ɔbɛfa so ayɛ asɛnka adwuma no. Akwan a ɔfa so no mu biako ne sɛ ɔkyerɛw nkrataa kɔma afoforo. Maruja ka ne nsɛm no ma ne babea kyerɛw. Wɔ ɔsram biako bi mu no, Maruja ne ne “kyerɛwfo” no de nkrataa bɛboro 150 kɔmaa afoforo, na wɔde kratawa hyɛɛ nkrataa a wɔkyerɛwee no mu biara mu. Mmɔden a wɔbɔe no maa asɛmpa no duu afie dodow no ara mu wɔ akuraa bi a ɛbɛn wɔn ase. Maruja ka kyerɛɛ ne babea no sɛ, “Sɛ obi a ɔwɔ koma pa nsa ka yɛn nkrataa no bi a, Yehowa behyira yɛn ma yɛanya Bible adesua.” Asafo mu panyin bi a ɔwɔ hɔ kyerɛwee sɛ, “Meda Yehowa ase sɛ yɛwɔ anuanom mmea te sɛ Maruja a wɔkyerɛkyerɛ afoforo ma wohu ade a ɛho hia ankasa.”
5. (a) Ɔkwan bɛn so na Yeremia kɔɔ so yɛɛ nsi bere a na nkurɔfo ntie asɛm a ɔreka no? (b) Ɔkwan bɛn so na wubetumi akɔ so de nsi aka asɛmpa no?
5 Wɔ Yeremia bere so no, na Yerusalemfo dodow no ara ‘ani nnye’ Onyankopɔn asɛm mu nokware no ho. So odiyifo no gyaee asɛm no ka esiane sɛ nnipa pii ankyerɛ ho anigye nti? Dabida! Yeremia kae sɛ: “Yehowa abufuhyew ahyɛ me ma . . . Makura mu abrɛ.” (Yer. 6:10, 11) Wobɛyɛ dɛn atumi akɔ so ada nsi a ɛte saa adi? Ɔkwan biako ne sɛ wubesusuw hokwan a ɛso bi nni a woanya sɛ wugyina nokware Nyankopɔn no ananmu ho. Wunim sɛ nnipa atitiriw a wɔwɔ wiase yi mu abɔ nokware Nyankopɔn no din ahohora. San susuw sɛnea nyamesom akannifo adaadaa nkurɔfo a wɔwɔ w’asasesin mu sɛnea asɔfo no yɛe wɔ Yeremia bere so no ho hwɛ. (Monkenkan Yeremia 2:8, 26, 27.) Nanso, Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a woka no yɛ Onyankopɔn adom ankasa a ɔda no adi kyerɛ nnipa. (Kwa. 3:31, 32) Nokwarem no, sɛ wudwinnwen nokwasɛm a ɛte saa ho a, ebetumi aboa wo ma woakɔ so de nsi aka asɛmpa no na woaboa nnipa a wɔte sɛ nguan no.
6. Ɔhaw ahorow a emu yɛ den bɛn na Yeremia hyiae?
6 Ebia woahu sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛkɔ so de nsi ayɛ Kristofo som adwuma no. Bere a na Yeremia resom Yehowa no, ɔno nso hyiaa ɔhaw ahorow a emu yɛ den, na na atoro adiyifo ka ho. Wubetumi akenkan emu biako ho asɛm wɔ Yeremia ti 28. Nnipa dodow no ara antie asɛm a na ɔreka no, na ɛtɔ mmere bi a, na ɔte nka sɛ wayɛ ankonam. (Yer. 6:16, 17; 15:17) Bio nso, bere bi, n’atamfo bɔɔ pɔw sɛ wobekum no.—Yer. 26:11.
Dɛn nti na wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa wo ma woagyina ɔhaw ahorow a wuhyia bere a woreka asɛmpa no ano?
“O YEHOWA, WOADAADAA ME”
7, 8. Ade a mfaso wɔ so bɛn na Onyankopɔn yɛe de ‘daadaa’ Yeremia?
7 Bere bi a nkurɔfo dii Yeremia ho fɛw na wodidii no atɛm da biara da no, ɔkaa ne haw kyerɛɛ Onyankopɔn. Ɔkwan bɛn so na wubetumi aka sɛ Yehowa ‘daadaa’ ne diyifo nokwafo no, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Yeremia 20:7, 8 no?—Monkenkan.
8 Ɛda adi paa sɛ, Yehowa amfa anitew anaa nnɛɛdɛe so na ɔdaadaa Yeremia. Mmom no, Onyankopɔn ‘daadaa’ ne diyifo no wɔ ɔkwan a ɛfata na ɛso bɛba no mfaso so. Yeremia tee nka sɛ ɔsɔretia no ano yɛ den dodo, na ɔno ankasa nni ahoɔden a obetumi de ayɛ adwuma a Onyankopɔn de ama no no bio. Nanso, ade nyinaa so Tumfoɔ no boaa no ma otumi yɛe. Enti, wubetumi aka sɛ Yehowa dii Yeremia so nkonim. Yehowa daa no adi sɛ ne ho yɛ den sen Yeremia ne nnipa nsusuwii a na wanya no koraa. Bere a na Onyankopɔn nipa yi susuw sɛ n’ahoɔden asa na ɔrentumi nyɛ hwee bio no, Yehowa maa no ahoɔden ma otumi yɛɛ adwuma no, enti yebetumi aka sɛ Yehowa daadaa Yeremia. Onyankopɔn daa no adi sɛ ne ho yɛ den koraa sen odiyifo no mmerɛwyɛ ahorow no. Bere a nkurɔfo antie Yeremia, wɔkasa tiaa no, na wɔyɛɛ no basabasa mpo no, otumi kɔɔ so kaa asɛm no.
9. Dɛn nti na asɛm a ɛwɔ Yeremia 20:11 no betumi ahyɛ wo den?
9 Yehowa gyinaa Yeremia akyi sɛ “ɔdɔmmarima a ne ho yɛ hu,” na ɔboaa no. (Yer. 20:11) Onyankopɔn betumi ahyɛ wo nso den ma woakɔ so ayɛ nsi wɔ nokware som mu a worennyae ɛmfa ho ɔhaw akɛse a wubehyia. Wubetumi asusuw asɛm no ho wɔ ɔkwan foforo so sɛnea nkyerɛase bi ka no no. Ɛka sɛ, Yehowa begyina w’afa sɛ “ɔsraani kokodurufo.”—Contemporary English Version.
10. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ bere a worehyia ɔsɔretia?
10 Ɔsomafo Paulo sii saa asɛm no so dua bere a ɔrehyɛ Kristofo a na wɔrehyia ɔsɔretia nkuran no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no, sɛnea ɛbɛyɛ . . . a, mɛte . . . sɛ mugyina pintinn wɔ honhom koro mu, na mode ɔkra koro bom di apere ma asɛmpa no gyidi, a moremma mo atamfo nhunahuna mo ɔkwan biara so.” (Filip. 1:27, 28) Sɛnea Yeremia ne Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu yɛe no, wo nso wubetumi de wo ho ato ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no so bere a woreyɛ wo som adwuma no, na ɛsɛ sɛ woyɛ saa. Sɛ nnipa binom di wo ho fɛw anaa wɔtow hyɛ wo so a, kae sɛ Yehowa ka wo ho, na obetumi ahyɛ wo den. Ɔhyɛɛ Yeremia den, na wahyɛ wo nuanom pii den; enti obetumi ahyɛ wo nso den. Srɛ no sɛ ɔmmoa wo, na nya ahotoso sɛ obetie wo mpaebɔ. Sɛ Onyankopɔn ma wo ahoɔden de gyina akwanside ahorow ano akokoduru so na sɛ ehu anka wo a, ebia wo nso wubehu sɛ ‘wadaadaa’ wo. Nokwarem no, wubetumi ayɛ ade a na wunsusuw ho da sɛ wubetumi ayɛ no.—Monkenkan Asomafo Nnwuma 4:29-31.
11, 12. (a) Nsakrae bɛn na wubetumi ayɛ na ama woatumi aka asɛm no akyerɛ nnipa pii wɔ asɛnka mu? (b) Sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ kratafa 39 no, ɛhe na wubetumi aka asɛm no wɔ baabi a wote no?
11 Yeremia som adwuma no ho nsɛm a yɛkenkan no betumi aboa yɛn wɔ akwan pii so ma yɛayɛ asɛmpakafo a yetu mpɔn. Bere a Yeremia somee sɛ Yehowa diyifo bɛboro mfe 20 no, otumi kae sɛ: “Mesɔree anɔpahema ne mo kasae; mekasae, nanso moantie.” (Yer. 25:3) Nokwasɛm ne sɛ, anɔpahema na ɔne wɔn kasae. So yebetumi asua biribi a mfaso wɔ so afi nea ɔyɛe no mu? Wɔ asafo ahorow pii mu no, adawurubɔfo binom sɔre anɔpahema kɔka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo wɔ bɔs ne keteke gyinabea. Wɔ nkuraase no, Adansefo pii sɔre anɔpatutuutu kɔka asɛmpa no kyerɛ akuafo ne afoforo a wɔasɔre saa bere no. So wubetumi asusuw akwan foforo a w’ankasa wubetumi afa so de nea woasua afi nokwaredi a Yeremia de yɛɛ ne som adwuma mu no ayɛ adwuma? So wubetumi asɔre ntɛm kakra sɛnea ɛbɛyɛ a wubedu asɛnka nhyiam ase ansa na wɔafi ase?
12 Afei nso, wɔ mmeae ahorow no, afie afie asɛnka a wɔyɛ no awia ne anwummere taa sow aba pii. Adawurubɔfo binom mpo ka asɛm no anadwo. Wɔkɔ nkurɔfo a wɔyɛ adwuma wɔ mmeae a wɔtɔn pɛtro, adidibea, ne mmeae foforo a wɔyɛ adwuma nnɔnhwerew 24 da biara da no nkyɛn. So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ wo bere nhyehyɛe mu na ama woatumi aka asɛm no wɔ bere a ɛda adi sɛ wubenya nnipa a wontaa nto wɔn wɔ fie anaa mmeae foforo no?
Dɛn nti na wowɔ ahotoso sɛ Yehowa gyina w’akyi bere a woreka n’asɛm no?
13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na nea Yeremia yɛe no fa sankɔhwɛ a yɛbɛyɛ ho? (b) Dɛn na ɛma wuhu sɛ ɛsɛ sɛ wudi wo bɔhyɛ so wɔ sankɔhwɛ a wobɛyɛ ho?
13 Bere bi, Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ onkogyina asɔrefie hɔ anaa Yerusalem apon ano na ɔnhyɛ nkɔm. (Yer. 7:2; 17:19, 20) Apon no ano a Yeremia kogyina hyɛɛ nkɔm no maa nnipa dodow no ara tee Yehowa asɛm no. Na esiane sɛ nnipa pii, a na kurow no mu atitiriw, aguadifo, ne nnwumawuranom taa fa saa apon no ano nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔkasa kyerɛɛ nnipa binom mpɛn pii sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa wɔn ma wɔate asɛm a na wɔate dedaw no ase. Dɛn na yebetumi asua afi eyi mu wɔ wɔn a wɔakyerɛ asɛm no ho anigye a yɛbɛkɔ wɔn nkyɛn akɔyɛ sankɔhwɛ no?
14 Ná Yeremia nim sɛ nkurɔfo nkwa gyina adwuma a na ɔreyɛ sɛ Onyankopɔn diyifo no so. Bere bi a ɛyɛɛ den maa no sɛ ɔbɛkɔ akɔka asɛm a Onyankopɔn de ama no sɛ ɔnka nkyerɛ nkurɔfo no, ɔsomaa n’adamfo Baruk ma ɔkɔe. (Monkenkan Yeremia 36:5-8.) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yeremia wɔ eyi mu? Sɛ yɛka kyerɛ ofiewura bi sɛ yɛbɛsan aba ne nkyɛn a, so yedi yɛn bɔhyɛ so? Sɛ yɛrentumi nkɔyɛ sankɔhwɛ anaa ofie Bible adesua bi a, so yɛyɛ nhyehyɛe ma obi kɔyɛ ma yɛn? Yesu kae sɛ: “Momma mo Yiw nyɛ yiw.” (Mat. 5:37) Ɛho hia sɛ yedi yɛn bɔhyɛ so, efisɛ yɛyɛ nokware Nyankopɔn a ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ no ananmusifo.—1 Kor. 14:33, 40.
So woasakra wo bere nhyehyɛe ne akwan a wofa so ka asɛmpa no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi adi nnipa pii adanse?
15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipa pii asuasua nea Yeremia yɛe no na wɔatrɛw wɔn som adwuma mu? (b) Dɛn na woasua afi asɛm a esii wɔ Chile a ɛho mfonini wɔ kratafa 40 no mu?
15 Yeremia kyerɛw Yudafo a na wɔwɔ Babilon no kaa “asɛmpa” a ɛne sɛ, Yehowa bɛsan de wɔn aba wɔn asase so no ho asɛm kyerɛɛ wɔn de kyekyee wɔn werɛ. (Yer. 29:1-4, 10) Ɛnnɛ, nkrataakyerɛw ne telefon nso yɛ akwan a etu mpɔn a yebetumi afa so atrɛw nea Yehowa bɛyɛ nnansa yi ara wɔ “asɛmpa” no ho mu. So wubetumi afa saa akwan yi so aboa w’abusuafo anaa afoforo a wɔwɔ akyirikyiri anaa ɛyɛ den sɛ wubenya wɔn ne wɔn adi nkitaho no?
16 Sɛ Ahenni no ho adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ suasua Yeremia wɔ sɛnea ɔyɛɛ ne som adwuma no fefeefe no a, nneɛma pa taa fi mu ba. Ɔdansefo bi a ɔwɔ Chile ne ɔbea bi a na ofi keteke gyinabea reba bɔɔ nkɔmmɔ. Ɔbea no ani gyee Bible mu asɛm a ɔtee no ho, na ɔpenee so sɛ Ɔdansefo no mmra ne fie ne no mmɛtoa Bible mu nkɔmmɔbɔ no so. Nanso, Ɔdansefo no ankyerɛw baabi a ɔbea no te no anto hɔ. Akyiri yi a yɛn nuabea no hui sɛ ɛho hia sɛ ɔkɔboa ɔbea no ma nokware no ho anigye a wanya no yɛ kɛse no, ɔbɔɔ Yehowa mpae hwehwɛɛ mmoa. Ade kyee no, yɛn nuabea no san kɔɔ keteke gyinabea hɔ dɔnhwerew koro no ara mu. Ɔsan hyiaa ɔbea no. Saa bere yi de, yɛn nuabea no kyerɛw baabi a ɔbea no te too hɔ, na akyiri yi, ɔkɔɔ ne fie kɔboaa no ma ɔtee Kyerɛwnsɛm no ase. Onyankopɔn atemmu bɛba Satan wiase no so nnansa yi ara. Nanso, anidaso wɔ hɔ ma wɔn a wɔbɛsakra na wɔagye asɛmpa no adi no. (Monkenkan Kwadwom 3:31-33.) Enti, momma yensusuw saa asɛm no ho na yɛnyɛ yɛn asasesin mu adwuma fefeefe.
So wobɔ mmɔden biara sɛ wobɛboa anigyefo a wunya wɔn no nyinaa?
‘EBIA WƆN MU BIARA BETIE NA WƆASAN WƆN AKYI’
17. Wobɛyɛ dɛn atumi asuasua Yeremia wɔ nea ɔyɛe no ho wɔ w’asasesin mu?
17 Ná Yehowa mpɛ sɛ nkurɔfo hwere wɔn nkwa. Aka bɛyɛ mfe du ma wɔasɛe Yerusalem no, ɔmaa Yeremia kaa anidaso asɛm bi kyerɛɛ wɔn a na wɔde wɔn akɔ nkoasom mu wɔ Babilon no. Yɛkenkan sɛ: “Mede m’ani besi wɔn so ɔkwan pa so, na mɛma wɔasan aba asase yi so. Mede wɔn besisi hɔ, na merennwiriw wɔn; medua wɔn, na merentutu wɔn ase.” Yeremia tumi ka kyerɛɛ saa nkurɔfo no sɛ: “Anidaso wɔ hɔ ma wo daakye.” (Yer. 24:6; 26:3; 31:17) Yeremia nyaa adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nkurɔfo ho no bi. Ɔde adwempa ankasa na ɛyɛɛ ne som adwuma no, na ɔkaa Yehowa asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Obiara nsan mfi ne kwammɔne so na momma mo nneyɛe nyɛ yiye.” (Yer. 35:15) So wubetumi ahwehwɛ akwan foforo a wobɛfa so akyerɛ nkurɔfo a wɔwɔ w’asasesin mu ho anigye kɛse?
18, 19. (a) Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya bere a yɛreka asɛmpa no? (b) Su a Yeremia daa no adi bɛn na ɛsɛ sɛ yesuasua?
18 Ɔdɔ a emu yɛ den a na Yeremia wɔ ma nkurɔfo no ano annwo da. Bere a wɔsɛee Yerusalem no, ɔkɔɔ so dii wɔn ho awerɛhow. (Monkenkan Kwadwom 2:11.) Amanehunu a ɛbaa Yudafo no so no fi wɔn ankasa. Nanso, Yeremia anka sɛ, ‘Sɛ́ meka kyerɛɛ mo.’ Mmom no, odii nea ɛtoo wɔn no ho awerɛhow kɛse. Saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn som adwuma no bi ne bi, na yɛfa no sɛ ɛyɛ asɛyɛde ara kwa. Ɛsɛ sɛ mmɔden a yɛbɔ de di adanse no da no adi sɛ yɛwɔ ɔdɔ kɛse ma yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdomfo no ne nnipa a wɔbɔɔ wɔn wɔ ne suban so no.
So woma nkurɔfo hu sɛ wɔn ho hia wo?
19 Hokwan anaa dibea biara nni wiase yi mu a ebetumi ayɛ kɛse asen adanse a yɛredi ama nokware Nyankopɔn no. Saa ara na Yeremia tee nka. Ɔkyerɛwee sɛ: “Minyaa wo nsɛm, na midii; w’asɛm bɛyɛɛ ahurusi ne anigye wɔ me koma mu; wo din na ɛda me so, O Yehowa.” (Yer. 15:16) Bere a yɛreka asɛmpa no, nnipa pii betumi abehu Onii a ɔmaa wɔn nkwa no na wɔadɔ no. Sɛ yɛde nsi ne ɔdɔ yɛ yɛn som adwuma no sɛnea Yeremia yɛe no a, yɛbɛboa nnipa pii ma wɔabehu Yehowa na wɔadɔ no.
Akwan foforo a wɔfa so trɛw Yehowa “asɛmpa” no mu bɛn na wubetumi asɔ ahwɛ daakye de asuasua Yeremia?
a Ná Yehowa taa ma abɔfo kosi n’ananmu kasa te sɛ nea ɔno na ɔrekasa, sɛnea ɔyɛe wɔ ha no.—Atem. 13:15, 22; Gal. 3:19.