-
Bible Nkɔmhyɛ Mu Ɔhene “Guanhwɛfo” NoƆwɛn-Aban—1980 | July 1
-
-
8 “Na me ara mɛboa me nguan nkae ano mafi nsase a mapam wɔn makɔ hɔ no nyinaa so. Na mede wɔn mɛsan maba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ. Na mesisi wɔn so ahwɛfo na wɔahwɛ wɔn, na wɔrensuro bio, na wɔn koma rentu, na wɔn mu bi renka, Awurade [Yehowa] asɛm ni. Hwɛ, nna bi reba, Awurade [Yehowa] asɛm ni, sɛ mɛma trenee Dubaa [a ɛbɔ Dawid adehye abusua a wɔnteɛ no abira] bi so mama Dawid, na ɔhene bi abedi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntrenee asase so. Ne bere so na wobegye Yuda nkwa, na Israel atra ase dwoodwoo, na eyi ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: Awurade [Yehowa] yɛn trenee.”—Yer. 23:3-6.
-
-
Bible Nkɔmhyɛ Mu Ɔhene “Guanhwɛfo” NoƆwɛn-Aban—1980 | July 1
-
-
10, 11. (a) Bɔhyɛ a ɛwɔ Yeremia 23:5, 6 no baa mu wɔ mmpa bɛn so? (b) Ɛhefo so na wɔnam behuu edin ‘Yehowa ne Yɛn Trenee’ no yiye, na ɔkwan bɛn so?
10 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yeremia 23:5, 6 no amma mu wɔ Yesu nna mu wɔ honam fam Yuda ne Israel ne Yerusalem so. Saa Yudafo no ne wɔn nhyehyɛe no pow Yesu sɛ Mesia. Enti Romafo no sɛee wɔn na wɔbɔɔ wɔn hwetee wɔ afe 70 Y.B. mu. Mmom nkɔmhyɛ no bam ankasa wɔ honhom mu Israel so, Kristo asuafo a wɔasra wɔn no.
-
-
Bible Nkɔmhyɛ Mu Ɔhene “Guanhwɛfo” NoƆwɛn-Aban—1980 | July 1
-
-
12. Nkaefo no a ogyaa wɔn fii Babilon na wɔsan hyehyɛɛ wɔn bio wɔ Yuda asase so no bɔɔ ɔkwan maa awo bɛn a ɛho hia?
12 Sɛnea ɛbɛyɛ na obedi kan ayɛ eyi ho mfonini no, Yehowa de Israel nkaefo a wɔasakra wɔn adwene no fi “benkum fam” (wɔ kusuu fam) bae na ɔhyehyɛɛ wɔn wɔ wɔn asase so bio wɔ afe 537 A.Y.B. mu. (Yer. 23:7, 8) Enti kusuu fam a ɔde wɔn fi bae wɔ Babilon na ɔsan hyehyɛɛ wɔn wɔ Yuda asase a ɛde bere tenten adan amamfo no so bio no bɔɔ ɔkwan maa awo kɛse a ɛbɛba asase so saa bere no, wɔ Betlehem-Yuda. Ɛyɛ Yesu Kristo, sɛ́ Ɔhene Dawid aseni no awo.—Luka 2:1-38; 3:23-31.
13. (a) Dɛn na na ɛwɔ Dawid ahemmusua no ho a ne nyinaa akyi no Yehowa maa “trenee dubaa” bi so maa Dawid? (b) Yehowa ne nkaefo no dii wɔ ɔkwan bɛn so na ɛne dubaa no din ‘Yehowa ne Yɛn Trenee’ no ahyia?
13 Enti Yehowa maa “trenee Dubaa” bi so maa Dawid, wɔ Ne nkɔmhyɛ a ɛyɛ amanehunu a ɔde tiaa Ɔhene Konia (anaasɛ Yekonia; anaasɛ, Yehoiakin)b no nyinaa akyi. (Yer. 22:24 de kosi 23:2; Mat. 1:11-16; 2 Ahe. 25:27-30) Saa “Trenee Dubaa” yi, Yesu Kristo, de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no too hɔ sɛ afɔrebɔde de maa nnipa a daakye wɔbɛyɛ n’asefo no. Ɔnam saa yɛ so de nhyɛase too hɔ maa n’akyidifo 144,000 a wɔahyira wɔn ho so no, na ‘wɔabu wɔn atreneefo’ sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɛyɛ ne yɔnko adedifo wɔ ne soro ahenni no mu. (Rom. 8:14-17; 1 Kor. 1:30, 31) Efi 1919 Y.B. reba yi, wɔ anototo a Kristoman mu asɔfo de aba nkaefo a wɔyɛ Ahenni no adedifo 144,000 no so no nyinaa akyi no, Yehowa asan ahyehyɛ saa nkaefo yi de aba ne dom ne ne som mu bio. Enti Yehowa yɛ wɔn nkonimdifo, wabu wɔn bem anaasɛ ɔnam Kristo so ‘abu wɔn atreneefo.’—Rom. 8:31-33; Yer. 23:6.
-