Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Bible Nkɔmhyɛ Mu Ɔhene “Guanhwɛfo” No
    Ɔwɛn-Aban—1980 | July 1
    • 8 “Na me ara mɛboa me nguan nkae ano mafi nsase a mapam wɔn makɔ hɔ no nyinaa so. Na mede wɔn mɛsan maba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ. Na mesisi wɔn so ahwɛfo na wɔahwɛ wɔn, na wɔrensuro bio, na wɔn koma rentu, na wɔn mu bi renka, Awurade [Yehowa] asɛm ni. Hwɛ, nna bi reba, Awurade [Yehowa] asɛm ni, sɛ mɛma trenee Dubaa [a ɛbɔ Dawid adehye abusua a wɔnteɛ no abira] bi so mama Dawid, na ɔhene bi abedi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntrenee asase so. Ne bere so na wobegye Yuda nkwa, na Israel atra ase dwoodwoo, na eyi ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: Awurade [Yehowa] yɛn trenee.”​—Yer. 23:3-6.

      9. Dɛn nti na nokware a ɛyɛ sɛ “oguanhwɛfo” a wɔahyɛ ne ho bɔ no bɛyɛ ‘Yehowa ne yɛ Trenee’ no nkyerɛ sɛ ɔno ne Yehowa ankasa?

      9 “Wɔbɛfrɛ no: ‘Awurade ne yɛn Bembufo.’” Eyi ne sɛnea nkyerɛase a Jewish Publication Society of America no yɛe wɔ afe 1978 mu no kyerɛɛ Yeremia 23:6 ase, wɔ bere a Moffatt nkyerɛase no nso kyerɛɛ ase sɛ, “Yɛn Nkonimdifo.” Obiara nni asase so a wɔde din a ɛte saa too no ankasa. Nanso nkɔmhyɛ no baa mu wɔ Yesu Kristo so. Hokwan a onyae sɛ wɔde saa din no bɛfrɛ no no nkyerɛ sɛ Yesu yɛ Yehowa Nyankopɔn ankasa Israelni a wɔfrɛ no Yosadak, a ne din no ase ne “Wɔabu Yehowa Ɔtreneeni” anaasɛ “Yehowa Teɛ,” no nyɛ Yehowa ankasa. (1 Be. 6:14) Yeremia 33:16 ka kyerɛ yɛn sɛ wɔbɛfrɛ Yerusalem mpo sɛ “Awurade [Yehowa] Yɛn Trenee,” nanso so ɛno kyerɛ sɛ na Yerusalem yɛ Yehowa ankasa? Dabi! Wɔfrɛ Yerusalem hene a otwa to no sɛ Sedekia, na saa din no ase ne “Yah Trenee.” Ɔhene a wɔbɛfrɛ no “Yehowa Ne Yɛn Trenee” a ɔne Yesu Kristo no ne Ɔhene Sedekia bɔ abira koraa.

      10, 11. (a) Bɔhyɛ a ɛwɔ Yeremia 23:5, 6 no baa mu wɔ mmpa bɛn so? (b) Ɛhefo so na wɔnam behuu edin ‘Yehowa ne Yɛn Trenee’ no yiye, na ɔkwan bɛn so?

      10 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yeremia 23:5, 6 no amma mu wɔ Yesu nna mu wɔ honam fam Yuda ne Israel ne Yerusalem so. Saa Yudafo no ne wɔn nhyehyɛe no pow Yesu sɛ Mesia. Enti Romafo no sɛee wɔn na wɔbɔɔ wɔn hwetee wɔ afe 70 Y.B. mu. Mmom nkɔmhyɛ no bam ankasa wɔ honhom mu Israel so, Kristo asuafo a wɔasra wɔn no.

      11 Wiase Nyinaa Ko I a ɛbae 1914-1918 mu na Kristoman mu asɔfo ne amanaman a wɔde wɔn ho ahyɛ ɔko no mu no bɔɔ honhom mu Israel nkaefo no hwetee. Nanso efi afe 1919 mu reba na Yehowa de Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no dii dwuma de boaboaa nkaefo a wɔabɔ wɔn ahwete no ano yɛɛ wɔn biako wɔ honhom mu wɔ wiase nyinaa. Wɔtew saa honhom mu Israel nkaefo a wɔasakra wɔn adwene a wɔasan de wɔn aba bio no ho ma wɔfatae sɛ wɔbɛka “ahenni no ho asɛmpa” no wɔ amanaman nyinaa mu wɔ “asase a wɔte so no nyinaa so.” (Mat. 24:9-14, NW) Yehowa adom a ɛnam Kristo so no so na wɔfa buu wɔn atreneefo anaa wobuu wɔn bem. Yehowa bɛyɛɛ wɔn Kyigyinafo, wɔn “nkonimdifo,” na wɔbɛyɛɛ ne Kristofo adansefo. (Yes. 43:10) Na esiane sɛ saa ɔdom yi bɛfa Ɔhene Guanhwɛfo, Yesu Kristo a wɔde no atra agua so no so aba nti, edin ‘Yehowa Ne Yɛn Trenee’ no fata sɛ wɔde frɛ no.

  • Bible Nkɔmhyɛ Mu Ɔhene “Guanhwɛfo” No
    Ɔwɛn-Aban—1980 | July 1
    • 13. (a) Dɛn na na ɛwɔ Dawid ahemmusua no ho a ne nyinaa akyi no Yehowa maa “trenee dubaa” bi so maa Dawid? (b) Yehowa ne nkaefo no dii wɔ ɔkwan bɛn so na ɛne dubaa no din ‘Yehowa ne Yɛn Trenee’ no ahyia?

      13 Enti Yehowa maa “trenee Dubaa” bi so maa Dawid, wɔ Ne nkɔmhyɛ a ɛyɛ amanehunu a ɔde tiaa Ɔhene Konia (anaasɛ Yekonia; anaasɛ, Yehoiakin)b no nyinaa akyi. (Yer. 22:24 de kosi 23:2; Mat. 1:11-16; 2 Ahe. 25:27-30) Saa “Trenee Dubaa” yi, Yesu Kristo, de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no too hɔ sɛ afɔrebɔde de maa nnipa a daakye wɔbɛyɛ n’asefo no. Ɔnam saa yɛ so de nhyɛase too hɔ maa n’akyidifo 144,000 a wɔahyira wɔn ho so no, na ‘wɔabu wɔn atreneefo’ sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɛyɛ ne yɔnko adedifo wɔ ne soro ahenni no mu. (Rom. 8:14-17; 1 Kor. 1:30, 31) Efi 1919 Y.B. reba yi, wɔ anototo a Kristoman mu asɔfo de aba nkaefo a wɔyɛ Ahenni no adedifo 144,000 no so no nyinaa akyi no, Yehowa asan ahyehyɛ saa nkaefo yi de aba ne dom ne ne som mu bio. Enti Yehowa yɛ wɔn nkonimdifo, wabu wɔn bem anaasɛ ɔnam Kristo so ‘abu wɔn atreneefo.’​—Rom. 8:31-33; Yer. 23:6.

  • Bible Nkɔmhyɛ Mu Ɔhene “Guanhwɛfo” No
    Ɔwɛn-Aban—1980 | July 1
    • 15. Nea ɛne tebea a nkaefo a wɔasra wɔn no wom bɔ abira no, tebea bɛn mu na Kristoman hu ne wɔ mu mprempren?

      15 Honhom mu Israel nkaefo a wɔasan ahyehyɛ wɔn a wɔte honhom mu paradise no wɔ ɔsoro Hene, nea wɔfrɛ no ‘Yehowa Ne Yɛn Trenee’ no ase. (Yer. 23:3-6) Honhom mu paradise a asomdwoe ne dwoodwoo asetra a ɛte sɛɛ wom nni Kristoman mu nnɛ. Nea ohu ne ho wom mmom ne tebea a emu ayɛ fi a awaresɛe ne honhom mu kɔm ayɛ mu ma mu. Tebea a ɔwom no bubu koma na eyi yɛ nneɛma a ɛsɛe koma a ɛrebɛba no ho sɛnkyerɛnne. Ɛbɛma obi atɔ ntintan mpo sɛ ɔsabofo.​—Yer. 23:9, 10; Mat. 24:21, 22.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena