-
Amansɛm A Kristofo Mfa Wɔn Ho Nhyɛ Mu Bere A Onyankopɔn Ko RebɛnƆwɛn-Aban—1980 | September 1
-
-
9. So mmapɔmma atemmufo no gyaa mu maa anyamesom mu nhyɛso wɔ Yeremia asɛm no mu anaa, na ɔkwan bɛn na wɔpɛ sɛ wɔfa so kwati amanehunu?
9 Wɔn a wɔka mmapɔmma a wɔyɛɛ ade de gyee Yeremia fii owu afɔbu no mu no ho ne Safan ba Ahikam. Mmapɔmma no ampene anyamesom mu nhyɛso a wɔde ba no so. Wɔpenee so sɛ Yeremia yɛ Yehowa kasamafo ampa. Wɔmpɛ sɛ Yehowa de n’akoa nokwafo no mogya a edi bem no ho asodi to wɔn so. Wosii gyinae sɛ wobegyina Yeremia akyi: onni fɔ! N’anoyi no ma wotumi kaee abakɔsɛm mu nhwɛso horow. Sɛ nhwɛso no, na aka bɛyɛ sɛ mfirihyia 100 na nkɔm a Mika hyɛ de tiaa Yuda ne Yerusalem no abam. Ɔhene Hesekia twee ne ho fii mogya ho fɔ a obedi no ho efisɛ wamma kwan amma wɔankum Mika, wɔ nea wose ɔka ɔmammɔesɛm, nsɛm a edi Ɔman no awu nti. Enti mpanyimfo a wɔreka asɛm sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ ɔkwan a wɔfa so di Yeremia asɛm no ho dwuma no, kae sɛ: “Yɛreyɛ bɔne kɛse atia yɛn kra.”—Yer. 26:16-19, 24; Mika 3:9-12.
-
-
Amansɛm A Kristofo Mfa Wɔn Ho Nhyɛ Mu Bere A Onyankopɔn Ko RebɛnƆwɛn-Aban—1980 | September 1
-
-
11. Amanehunu bɛn na Yehoiakim de baa n’ankasa ho so?
11 Yehoiakim de amanehunu baa n’ankasa so. Ne nniso afe a ɛto so awotwe no mu, na Ɔhene Nebukadnesar betwaa Yerusalem ho hyiae na ɔde Yehoiakim yɛɛ ɔhene a ɔsom Babilon wiase nniso foforo no. Ɛno akyi mfirihyia abiɛsa na Yehoiakim wui mpofirim. Wɔtow ne funu kyenee Yerusalem afasu akyi sɛ obi a “afurum sie na wobesie no.” Ɛte sɛ nea Yeremia ahyɛ nkɔm ato hɔ no pɛpɛɛpɛ. (Yer. 22:18, 19; 2 Be. 36:5-8; 2 Ahe. 24:1-6) Amanehunu bɛn ni!
-