Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Amansɛm A Kristofo Mfa Wɔn Ho Nhyɛ Mu Bere A Onyankopɔn Ko Rebɛn
    Ɔwɛn-Aban—1980 | September 1
    • 18. Dɛn na wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnyɛ wɔ Yehoiakim nniso afe a edi kan no mu, na ɔbɛsoma wɔn akɔ hena hɔ, na asɛm bɛn na ɛka ho?

      18 Enti, Yeremia nkɔmhyɛ no kura ntease bi a aba wɔ ne bere mu pɛpɛɛpɛ ma yɛn wɔ ti 27. Ɛhɔ na odiyifo no nsɛm no ka sɛ:

      “Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba ahenni mfiase [wɔ afe 628 A.Y.B.] na asɛm yi fii Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ: Sɛ́ Awurade [Yehowa] ka kyerɛɛ me ni: Yɛ nkyehama ne kɔndua fa, na fa bɔ wo kɔn; na fa fa abɔfo a wɔbaa Yuda hene Sedekia nkyɛn Yerusalem no so mena Edom hene ne Moab hene ne Amonfo hene ne Tiro hene ne Sidon hene, na hyɛ wɔn na wɔnkɔka nkyerɛ wɔn wuranom sɛ: Sɛ asafo Awurade [Yehowa], Israel Nyankopɔn se: Sɛ́ monkɔka nkyerɛ mo wuranom ni.”​—Yer. 27:1-4.

      19. Sɛnea Hebri nkyerɛwee no te no, bere bɛn na Yeremia nsa kaa Yehowa asɛm no, na bere bɛn na wodii ho dwuma?

      19 Yɛhyɛ no nsow sɛ wɔbɔɔ ahemfo baanu bi din sɛ wɔn na na wɔredi Yuda ne Yerusalem so, nea odi kan ne Yehoiakim, ne ne nua Sedekia, a odii hene wɔ Yehoiakim ne ne babarima Yehoiakin akyi. Sɛ din Yehoiakim a ɛwɔ Yeremia 27:1 no teɛ de a, ɛnde na Yeremia nsa kaa ne nkɔmhyɛ no wɔ afe 628 A.Y.B. mu, na ɔde eyi siei mfirihyia 11 ansa na ɔredi ho dwuma. Nanso Hebri nkyerɛwee a wɔde nsa na akyerɛw ahorow abiɛsa ne Siriak ne Arabik nkyerɛase ahorow a ɛfa Yeremia 27:1 ho no ka sɛ: “Sedekia” mmom na ɛnyɛ “Yehoiakim,” na eyi ne ɔkwan a nnɛ bere mu Bible nkyerɛase ahorow fa so kyerɛkyerɛ asɛm no mu.a Wɔ eyi nyinaa akyi no, nea Yeremia yɛe de yɛɛ osetie maa Yehowa ahyɛde no bae wɔ Ɔhene Sedekia nniso bere no mu wɔ bere a abɔfo anum a wofi aman a ɛbɛn hɔ, Edom, Moab, Amon, Tiro ne Sidon baa Yerusalem sɛ wɔne Ɔhene Sedekia rebedi no. Wɔ saa bere yi mu no na Nebukadnesar adi Babilon so hene anyɛ yiye koraa no mfirihyia awotwe, na watwa Ɔhene Yehoiakin asu kɔ Babilon, na ɔde ne wɔfa Sedekia atra agua so wɔ Yerusalem. Sɛ́ ɔhene a wɔabrɛ n’ase a ɔsom ɔhene foforo no, Sedekia bɛyɛɛ obi a na ɔsom Babilon.

  • Amansɛm A Kristofo Mfa Wɔn Ho Nhyɛ Mu Bere A Onyankopɔn Ko Rebɛn
    Ɔwɛn-Aban—1980 | September 1
    • a Hwɛ The Bible in Living English (Byington) ; The Jerusalem Bible; The New English Bible; The New American Bible, a etwa nkyekyem a wɔde fi ase no mu nsɛm no ho na ɛwɔ agyiraehyɛde bi a ɛkenkan sɛ “Sedekia; Revised Standard Version: An American Translation: Moffatt; ne Good News Bible.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena