-
Amansɛm A Kristofo Mfa Wɔn Ho Nhyɛ Mu Bere A Onyankopɔn Ko RebɛnƆwɛn-Aban—1980 | September 1
-
-
“Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba ahenni mfiase [wɔ afe 628 A.Y.B.] na asɛm yi fii Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ: Sɛ́ Awurade [Yehowa] ka kyerɛɛ me ni: Yɛ nkyehama ne kɔndua fa, na fa bɔ wo kɔn; na fa fa abɔfo a wɔbaa Yuda hene Sedekia nkyɛn Yerusalem no so mena Edom hene ne Moab hene ne Amonfo hene ne Tiro hene ne Sidon hene, na hyɛ wɔn na wɔnkɔka nkyerɛ wɔn wuranom sɛ: Sɛ asafo Awurade [Yehowa], Israel Nyankopɔn se: Sɛ́ monkɔka nkyerɛ mo wuranom ni.”—Yer. 27:1-4.
19. Sɛnea Hebri nkyerɛwee no te no, bere bɛn na Yeremia nsa kaa Yehowa asɛm no, na bere bɛn na wodii ho dwuma?
19 Yɛhyɛ no nsow sɛ wɔbɔɔ ahemfo baanu bi din sɛ wɔn na na wɔredi Yuda ne Yerusalem so, nea odi kan ne Yehoiakim, ne ne nua Sedekia, a odii hene wɔ Yehoiakim ne ne babarima Yehoiakin akyi. Sɛ din Yehoiakim a ɛwɔ Yeremia 27:1 no teɛ de a, ɛnde na Yeremia nsa kaa ne nkɔmhyɛ no wɔ afe 628 A.Y.B. mu, na ɔde eyi siei mfirihyia 11 ansa na ɔredi ho dwuma. Nanso Hebri nkyerɛwee a wɔde nsa na akyerɛw ahorow abiɛsa ne Siriak ne Arabik nkyerɛase ahorow a ɛfa Yeremia 27:1 ho no ka sɛ: “Sedekia” mmom na ɛnyɛ “Yehoiakim,” na eyi ne ɔkwan a nnɛ bere mu Bible nkyerɛase ahorow fa so kyerɛkyerɛ asɛm no mu.a Wɔ eyi nyinaa akyi no, nea Yeremia yɛe de yɛɛ osetie maa Yehowa ahyɛde no bae wɔ Ɔhene Sedekia nniso bere no mu wɔ bere a abɔfo anum a wofi aman a ɛbɛn hɔ, Edom, Moab, Amon, Tiro ne Sidon baa Yerusalem sɛ wɔne Ɔhene Sedekia rebedi no. Wɔ saa bere yi mu no na Nebukadnesar adi Babilon so hene anyɛ yiye koraa no mfirihyia awotwe, na watwa Ɔhene Yehoiakin asu kɔ Babilon, na ɔde ne wɔfa Sedekia atra agua so wɔ Yerusalem. Sɛ́ ɔhene a wɔabrɛ n’ase a ɔsom ɔhene foforo no, Sedekia bɛyɛɛ obi a na ɔsom Babilon.
20. Ahyehyɛde bɛn na saa abɔfo baanum a wɔsomaa wɔn no gyina hɔ ma, na dɛn nti na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wotie akɔmfo anaasɛ ahonhomfrɛfo no nsɛm no?
20 Abɔfo baanum a wofi aman a ɛbɛn wɔn no mu no adeyɛ yɛ nea wɔboom yɛe. Ɛyɛ nkabom adeyɛ. Wotumi hu fi nea wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnka nkyerɛ saa abɔfo yi mu no mu sɛ na wɔrehyehyɛ atirisopam bi na wɔde aka abom asɔre atia Ɔhene Nebukadnesar. Wɔn a wɔka nea ɛbɛba daakye anaa ebesi ne wɔn wɔde wɔn ho hyɛ asumansɛm mu no pɛ sɛ wɔtew atua. Ɛno nti na wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnka nkyerɛ abɔfo no sɛ: “Enti muntie mo adiyifo ne mo nkɔmhyɛfo ne mo adaesofo ne mo akɔmfo ne mo ntafoayifo a wɔka kyerɛ mo sɛ morensom Babilon hene no, na nkɔntoro na wɔhyɛ mo, nea ɛbɛyɛ na wɔayi mo afi mo asase so akɔ akyirikyiri, na masunsum mo na moayera.”—Yer. 27:9, 10.
-
-
Amansɛm A Kristofo Mfa Wɔn Ho Nhyɛ Mu Bere A Onyankopɔn Ko RebɛnƆwɛn-Aban—1980 | September 1
-
-
23. Bere tenten bɛn na wɔbɛyɛ nkoa ama Babilon, na dɛn na ɛbɛto ɔman bi a ɛbɛsɔre atia Yehowa ahyɛde no?
23 Enti, denam Yehowa ahyɛde no so no, ɛbɛyɛ bere tenten—wɔ nokwarem no, mfirihyia 70—na amanaman a Babilonia Ahemman no menee wɔn no bɛtra nkoayɛ kondua ase. Nea wɔde yɛɛ saa nkoayɛ yi ho sɛnkyerɛnne ne nkyehama ne kondua a Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnyɛ na ɔmfa mma abɔfo a wɔbɛsraa Ɔhene Sedekia no. Atua a saa amanaman no bɛtew no rentumi nsɛe Onyankopɔn ahyɛde no.
-