-
Amansɛm A Kristofo Mfa Wɔn Ho Nhyɛ Mu Bere A Onyankopɔn Ko RebɛnƆwɛn-Aban—1980 | September 1
-
-
“Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba ahenni mfiase [wɔ afe 628 A.Y.B.] na asɛm yi fii Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ: Sɛ́ Awurade [Yehowa] ka kyerɛɛ me ni: Yɛ nkyehama ne kɔndua fa, na fa bɔ wo kɔn; na fa fa abɔfo a wɔbaa Yuda hene Sedekia nkyɛn Yerusalem no so mena Edom hene ne Moab hene ne Amonfo hene ne Tiro hene ne Sidon hene, na hyɛ wɔn na wɔnkɔka nkyerɛ wɔn wuranom sɛ: Sɛ asafo Awurade [Yehowa], Israel Nyankopɔn se: Sɛ́ monkɔka nkyerɛ mo wuranom ni.”—Yer. 27:1-4.
-
-
Amansɛm A Kristofo Mfa Wɔn Ho Nhyɛ Mu Bere A Onyankopɔn Ko RebɛnƆwɛn-Aban—1980 | September 1
-
-
22. Bere bɛn na Yeremia de asɛm a efi Yehowa hɔ no maa saa abɔfo no, na dɛn nti na ɛnkyerɛ sɛ ɔde ne ho rehyɛ amansɛm mu, na ɔkwan bɛn so na Yehowa sii amansan hene a ɔyɛ no so dua wɔ saa asɛm no mu?
22 Bere a Yeremia de nkra asɛm a efi Yehowa hɔ no maa abɔfo a wofi aman horow anum a wɔayɛ biako no mu no, na ɛno nkyerɛ sɛ ɔde ne ho rehyehyɛ amansɛm mu, efisɛ ne Nyankopɔn, Yehowa, yɛ “amanaman Hene,” na ɔredom aman horow anum no denam kɔkɔ a ɛho hia wɔn aman no nyinaa a ɔde bɔ wɔn no so. Bere a ɔresi n’ankasa n’amansan tumidi no so dua no, Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ:
-