-
Yehowa Ma Asomdwoe Ne Nokware Ma Ɛboro SoƆwɛn-Aban—1996 | January 1
-
-
“[Mɛsa] wɔn yare, na matue asomdwoe ne nokware a ɛboro so ano mama wɔn.”—YEREMIA 33:6.
-
-
Yehowa Ma Asomdwoe Ne Nokware Ma Ɛboro SoƆwɛn-Aban—1996 | January 1
-
-
3. Abakɔsɛm mu nsɛm a esisii bɛn na ɛmaa Israelfo nyaa asomdwoe ho asuade titiriw a ɛto so abien wɔ Yehowa nsɛm a ɔnam Yeremia so kae no mmamu mu?
3 Nanso, ansa na Yerusalem rehwe ase no, na Yehowa ada no adi sɛ ɔno na ɔde asomdwoe ankasa bɛbrɛ Israel, na ɛnyɛ Misraim. Ɔnam Yeremia so hyɛɛ bɔ sɛ: “[Mɛsa] wɔn yare, na matue asomdwoe ne nokware a ɛboro so ano mama wɔn. Na mede Yuda nnommum ne Israel nnommum mɛsan aba bio, na mede wɔn masi hɔ sɛ kan no.” (Yeremia 33:6, 7) Yehowa bɔhyɛ no fii ase nyaa mmamu wɔ 539 A.Y.B. mu bere a wotuu Babilon gui, na wɔmaa Israel nnommum no ahofadi no. (2 Beresosɛm 36:22, 23) Bere a 537 A.Y.B. rekɔ n’awiei no, Israelfo bi dii Asese Afahyɛ no wɔ Israel asase so nea edi kan wɔ mfe 70 mu! Afahyɛ no akyi no, wofii ase sɛ wɔresi Yehowa asɔrefie no bio. Wɔtee nka dɛn wɔ eyi ho? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “[Wɔbɔɔ] ose kɛse Awurade ayeyi no mu sɛ wɔahyɛ Awurade fi no ase nti.”—Esra 3:11.
-