Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Onyankopɔn Bɔhyɛ Wɔ Ne Wiase Nniso Ho Yɛ Nea Wotumi De Ho To So
    Ɔwɛn-Aban—1980 | October 1
    • “Na sɛɛ na Awurade [Yehowa] Israel Nyankopɔn no ka kurow yi mu adan ne Yuda ahene adan a mpempe ne afoa nti woburuwii no ho: Wɔreba ne Kaldeafo [a wɔatwa kurow no ho ahyia] abɛko, na wɔde nnipa a mikum wɔn m’abufuw ne me yamgya mu na wɔn bɔne nyinaa nti mede m’ani mahintaw ɔman yi no afunu abɛhyehyɛ hɔ amaama. Hwɛ, me ara mede ade ne nnuru mɛkyekye ne kuru so, na masa wɔn yare, na matue asomdwoe ne nokware a ɛboro so ano mama wɔn. Na mede Yuda nnommum ne Israel nnommum mɛsan aba bio, na mede wɔn masi hɔ sɛ kan no, na mɛtew wɔn ho afi wɔn amumɔyɛ a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa mu, na mede wɔn amumɔyɛ a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde afom me no mafiri wɔn. Na [Yerusalem] bɛyɛ me ahosan din, ayeyi ne anuonyam, na asase so amanaman a wɔbɛte yiye a mereyɛ wɔn [a wɔayɛ nkoa] no nyinaa mu, na wɔn koma betu, na wɔn ho apopo papa nyinaa ne asomdwoede nyinaa a mɛyɛ mama no [Yerusalem] no ho.”​—Yer. 33:4-9.

      6. Na ayaresa a Yerusalem benya bere a wɔahwie Yehowa abufuhye agu no so akyi no bɛka amanaman no dɛn, na dɛn ntia?

      6 Na Yehowa Nyankopɔn nam Babilonfo anaa Kaldeafo a wɔredi wiase so nkonim no so rehwie n’abufuhye agu Yuda ahemman no mu nkurow ahorow so. Na na ɛfata, efisɛ na Yudafo no awae afi ne mmara nsɛm ho na na wɔabu apam a ɔne wɔn agyanom yɛe no so. Enti na ɛsɛ sɛ wɔsɛe Yerusalem na wɔde emufo a aka no kɔ Babilon na wogyaw asase no to hɔ a nnipa ne nyɛmmoa biara nni so. Na Yehowa ayamye a ɛnsɛ no nkutoo na ɛbɛma wasa Yerusalem yare na wanya ahoɔden sɛ kurow a wɔasan akyekye. Na yare a Yehowa bɛsa no no bɛyɛ nea aman a wɔnyɛ Yudafo no nhwɛ kwan na wontumi nte ase, na wɔn ho bedwiriw wɔn wɔ anwonwadeyɛ Nyankopɔn a ɔte saa no ho. Na nea eyi de bɛbrɛ wɔn no bɛma amanaman yi ho apopo.

  • Onyankopɔn Bɔhyɛ Wɔ Ne Wiase Nniso Ho Yɛ Nea Wotumi De Ho To So
    Ɔwɛn-Aban—1980 | October 1
    • 9, 10. Sɛnea ɛbɛyɛ na aba saa no, dɛn na Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma afi Dawid adehye busua a na akɔ fam no mu aba?

      9 Anigye bɛn ara na yebetumi anya nnɛ wɔ eyi ho! Dɛn ntia? Efisɛ, na wɔatwa Dawid adehye busua no ato fam, nanso na ne dunsin no nwui. Na Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no betumi ama “bãa” bi afefɛw a ɛbɛyɛ ahenni a wɔahyɛ ho bɔ no Daa Dedifo. Ma yentie eyi:

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena