Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ahofadi Ne Kristoman Asehwe No Mu A Wobefi Aka
    Ɔwɛn-Aban—1980 | October 1
    • 4. Enti, wɔ ɔhome afe a ɛyɛ 610 besi 609 A.Y.B. no mu no, na dɛn na ɛbɛfata sɛ Hebrifo a wɔwɔ nkoa yɛ, nanso dɛn na wɔyɛe a enti nso na ɛfata sɛ Onyankopɔn twe wɔn aso?

      4 Enti, Yeremia nna no mu, wɔ saa ɔhome afe 610 besi 109 A.Y.B. mu no, na eye wɔ Yehowa ani so sɛ Yudafo a wɔwɔ nkoa yɛ apam wɔ n’anim, wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ, sɛ wɔbɛma wɔn Hebrifo nkoa afa wɔn ho adi. Na amanaman ntam tebea horow a na ɛde ɔhaw kɛse reba Yerusalem so no nyinaa akyi no, na eyi ne osetie kwan a ɛsɛ sɛ Yeremia nkurɔfo no fa so. Nanso, ansa na saa ahofadi afe no reba awiei no, wɔn a na anka wɔwɔ nkoa no buu wɔn apam no so na wɔhyɛɛ wɔn nkoa ne wɔn mfenaa ma wɔsan kɔɔ nkoasom mu. Eyi hyɛɛ Yehowa a odi apam so no abufuw, na ɛbɛyɛɛ ade foforo a enti na ɛfata sɛ ɔtwe wɔn aso.​—Yer. 34:8-16.

  • Ahofadi Ne Kristoman Asehwe No Mu A Wobefi Aka
    Ɔwɛn-Aban—1980 | October 1
    • “Ne saa nti sɛ Awurade [Yehowa] se ni: Mo de, muntiee me ɛ, sɛ mobɛpae ahofadi a obiara bɛma ne nua ne ne yɔnko kwan. Hwɛ, me nso merepae ahofadi mama mo, Awurade [Yehowa] asɛm ni: mede mo mama afoa ne owuyare ne ɔkɔm; na mɛma asase so ahenni nyinaa aguan mo ho. Na mmarima a wɔato m’apam, na wɔamma apam a wɔpamee m’anim no nsɛm no antim no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwi ba a wɔpaee mu abien na wɔfaa n’afaafa no ntam no, Yuda mmapɔmma ne Yerusalem mmapɔmma, mpiafo ne asɔfo no ne asase so nkurɔfo a wɔfaa nantwi ba no afaafa no ntam no nyinaa: na mede wɔn mɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn akum wɔn no nsa, na wɔn afunu ayeyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa. Na Yuda hene Sedekia ne ne mmapɔmma no, mede wɔn mɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn akum wɔn no nsa ne Babel hene dɔm a wɔafi mo ho kɔ yi no nsa.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena