-
Ahofadi Ne Kristoman Asehwe No Mu A Wobefi AkaƆwɛn-Aban—1980 | October 1
-
-
“Hwɛ, merehyɛ, Awurade [Yehowa] asɛm ni, na mama wɔasan aba kurow yi ho ne no abɛko, na wɔagye, na wɔde ogya ahyew, na mama Yuda nkurow adan amamfo a obi nte mu.”—Yer. 34:17-22; fa toto Genesis 15:10-18 ho.
-
-
Ahofadi Ne Kristoman Asehwe No Mu A Wobefi AkaƆwɛn-Aban—1980 | October 1
-
-
9. Ɔhome afe no akyi bere bɛn na Yerusalem ntua ɛno fii ase, ɛkɔɔ so bere tenten bɛn, na ɔkwan bɛn so na kurow no bɛyɛɛ nea ɛma afoforo ho popo esiane suro a na wosuro sɛ awiei n ɛte saa bɛba wɔn so nti?
9 Afe 609 A.Y.B. mu no, ɔhome afe no baa awiei ɔsram a ɛto so ason (Tishri) , da a ɛto so akron, da koro ansa na Mpatada no redu. Ɛno akyi, ɔsram a ɛto so du (Tebeth) , da a ɛto so du, wɔ saa afe no ara mu no, Ɔhempɔn Nebukadnesar ne ne Babilon asraafo dɔm no to hyɛɛ Yerusalem so. (2 Ahe. 25:1, 2) Ɛkɔɔ so asram dunwɔtwe kosi sɛ Yerusalem hwee ase, kyerɛ sɛ, ɔsram a ɛto so anan (Tammuz) , da a ɛto so akron, 607 A.Y.B. mu. Bere a na ɔrebɔ mmɔden sɛ obeguan na wakwati Yehowa nkɔmhyɛ no mmamu no, Yeriko kurom ara na Ɔhene Sedekia kodui, na Babilonfo a na wodi n’akyi no kyeree no. Afei wɔsan de no bae ma obehyiaa Nebukadnesar na wɔde no kɔɔ nnommumfa a anidaso biara nni mu mu, wɔ Babilon, baabi a wodi abosonsom ho dwuma kɛse. (Yer. 34:2, 3) Wɔ ɔsram a edi hɔ no mu, anaa Ab 7, 607 A.Y.B. mu no, wɔto hyɛɛ Yerusalem so fom emu nneɛma, na wɔhyew kurow no. Yehowa asɔrefi a ɛwɔ hɔ a na wɔahura ho no annye wɔn. (2 Ahe. 25:3-17) Nokwarem no ɔsɛe a ɛyɛ hu a ɛbaa Yerusalem so no yɛ biribi a na ɛsɛ sɛ ɛma amanaman no ho popo wɔ ade a ɛte saa a Babilonfo betumi de ayɛ wɔn no ho.
10. So nea ɛbae tete hɔ no ma Kristoman ho popo, na n’ankasa ne sɛe no de dɛn na ebefi ase?
10 Nanso, mfehaha pii akyi no tumi a ɔsɛe a ɛbaa Yerusalem so no wɔ sɛ ɛbɛma nkurɔfo ho apopo no nni hɔ mma Kristoman bio. Ne ho mpopo. Onhu biribiara wɔ nkɔmhyɛ mfonini no mu a ɛbɔ no kɔkɔ wɔ n’ankasa ne sɛe a ɛreba wɔ wiase nyinaa no ho. Eyi befi atorosom nyinaa sɛe wɔ ahohiahia kɛse a ebi mmae da a ɛbɛba wiase a ɛko tia Yehowa yi so no mu no ase. Ɛbɛyɛ sɛnea wɔka siei wɔ Mateo 24:15-22 no.
11. Bere bɛn na wogyaw Yerusalem asase no too hɔ amamfo a na onipa anaa ayɛmmoa biara nni so, na so Yeremia ne Baruk nkutoo ne nnipa a Yehowa dom so nti wofii mu kae?
11 Wiɛ, ɛnde, ɔkwan bɛn so na ɔdesani betumi afi ahohiahia a ɛte saa mu aka? Ɛbɛyɛ te sɛ ɔkwan a Yeremia ne ne kyerɛwfo Baruk nam so fii Yerusalem afoa, ɔkɔm, ɔyaredɔm ne ogya ahohiahia no mu kae no! Akyiri yi, ɔsram a ɛto so ason wɔ saa amanehunu afe no mu no, saa nnipa a na ehu aka wɔn a na wɔatew atua atia Babilon nniso no de Yeremia kɔɔ Misraim. Enti Yuda ahemman asase no nyinaa bɛyɛɛ amamfo a onipa anaa ayɛmmoa biara nni so. (2 Ahe. 25:22-26) Enti asase no homee mfe 70 a biribiara anhaw no. (2 Be. 36:20, 21) Nanso, Yeremia ne ne kyerɛwfo Baruk akyi no, afoforo a wɔwɔ Yehowa anim dom nso fii Yerusalem sɛe ne Yuda asase no amamfoyɛ no mu kae. Na wɔnam Yeremia so asi eyi so dua ama wɔn. Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no ani gye wɔn a wofii mu kae no asɛm no ho, sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkwa wɔ ahohiahia a ɛreba no mu a.
-