-
Som “Amanaman Hene” No Na Nya NkwaƆwɛn-Aban—1980 | November 1
-
-
10. Ɔkwan bɛn na Yeremia faa so ma ɛyɛɛ mmerɛw maa Ɔhene Sedekia denam nea ɔka kyerɛɛ mmapɔmma a wobebisabisaa no nsɛm no so, na ɔtraa beae foforo a wɔde no kɔe no kosii bere bɛn?
10 Yerusalem mmapɔmma no na wɔyɛɛ te sɛ Ɔhene Sedekia “nnamfo.” Esiane sɛ osuro eyinom nti, ɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ, wɔ owu mu mpo no, ɛnsɛ sɛ ɔka nokware no kyerɛ wɔn, sɛ wobisa a. Ná ɛsɛ sɛ ɔbɔ wɔn asemmisa no gu ara kwa sɛ ɔhene ato nsa afrɛ no, esiane sɛ na ɔmpɛ sɛ wɔsan de no kɔto mpokyerɛ dan mu wɔ Yehonatan, ɔkyerɛwfo no, fi na wakowu wɔ hɔ nti. Ɛdenam kokoam nkɔmmɔ a wɔbɔe no mu nsɛm no nyinaa a ɔrenka nkyerɛ wɔn a wobisa no so no, na ɔbɛma ayɛ mmerɛw ama ɔhene no. Nea ɛne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ mmapɔmma a na wɔn adwenem ayɛ wɔn nãa no hyia no, wɔde no too baabi foforo sɛ deduani, Awɛmfo Abangua no mu. Ɔtraa hɔ kosii ɔsram a ɛto so anan (Tamus) da a ɛto so akron no so wɔ afe 607 A.Y.B. mu, bere a Babilon ba bebubuu Yerusalem, dii so nkonim na Ɔhene Sedekia ne ne dɔm guanee no.—2 Ahe. 25:2-5.
11. Da a wodii Yerusalem so nkonim no, ɔkwan bɛn so na wosiw Mfinimfini Ponkɛse no a anka Yudafo a wɔaka wɔn ahyɛ mu no betumi afa hɔ aguan no ano?
11 Enti, sɛnea na Yeremia abɔ kɔkɔ no, ɛho behiae sɛ Yehowa a na Sedekia te n’asase so ahengua so wɔ Yerusalem no de kurow no hyɛ dɔm a wɔatwa ho ahyia no nsa. Ne saa nti, saa Tamus da a ɛto so 9, 607 A.Y.B. mu no, sɛ́ anka Yudafo atemmufo no bɛtra Yerusalem Mfinimfini Ponkɛse no ano adi nsɛm ahorow no, Babilon mmapɔmma baanum, a wɔakyerɛkyerɛw wɔn din, na wɔtraa kurow no ponkɛse no mu. Saa kwan yi so no wosiw ɛhɔ a na anka Yudafo a wɔaka wɔn ahyem no mu binom bɛfa aguan no ano. (Yer. 39:1-3; 1 Be. 29:23) Asɛm bɛn ni!
-
-
Som “Amanaman Hene” No Na Nya NkwaƆwɛn-Aban—1980 | November 1
-
-
b Ná ɔhɔho piani a wɔasã no rentumi mmɛyɛ ne ho te sɛ Yudani anaasɛ Israel asafo a wɔatwa wɔn twetia no muni.—Deut. 23:1; Fa toto Yesaia 56:3-5 ho.
-