-
Sɛ Wɔsɛe Nyamesom A Wɔahyehyɛ Wie A, Ɔkwan Bɛn Na Wɔbɛfa So?Ɔwɛn-Aban—1980 | November 1
-
-
14. Henanom na ɛdaa adi sɛ wɔanni wɔn asɛm so, na dɛn nti na wɔanni anoboaboa afahyɛ no wɔ 607 A.Y.B. mu?
14 Nanso na hena ne ɔtorofo, sɛ na ɛnyɛ wɔn mu biara a, efisɛ na wɔahyɛ bɔ sɛ wobetie asɛm a Yeremia bɛka akyerɛ wɔn, sɛ ɛyɛ nea wɔpɛ o, wɔmpɛ o? Na wɔasi kwan so a wɔrekɔ Misraim wɔ keseefam, na na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ ara akosi sɛ wobedu Nil asase no so. Wɔampɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ Babilon, Wiase Tumi a Ɛto so Abiɛsa no nniso ase. Kan no na Misraim ka wɔn ho na wɔsɔre tia Babilon wiase tumi a na emu retrɛw no. Afei a Yuda asase no abɛhyɛ Babilon tumi ase no, na wɔabɔ wɔn tirim sɛ ɛnsɛ sɛ obi ka asase no so na wasom Babilon. Ná ɛnsɛ sɛ wogyaw Yeremia ne ne kyerɛwfo Baruk a wɔhyɛ wɔn ho a wɔde bɛhyɛ Babilon ase ho nkuran no mpo wɔ asase no so. Enti wɔtwee Yehowa asomfo yi kaa wɔn ho kɔe. Wɔanhyɛ da anhyehyɛ ma ɛne no ahyia de, nanso bere a eduu sɛ Yuda asase no de ahurusi di anoboaboa asese afahyɛ no, wɔ Tishri 15 kosi 21, 607 A.Y.B. mu no ara pɛ na saa atuatewfo a wɔsɔre tia Yehowa ahyɛde no sɔre fii asase no so sɛnea wɔaka asie no, a na onipa anaasɛ ofieboa biara nni so.—Yer. 43:4-7.
-
-
Ɛho Hia Sɛ Yɛpaw Ɔkwan Pa No MpremprenƆwɛn-Aban—1980 | December 1
-
-
14, 15. (a) Sɛ́ osetieyɛ ho akatua no, ná dɛn na Baruk benya sɛ “asade” ama n’ankasa ho? (b) So ɛbae saa?
14 Eyi a yɛbɛyɛ ho mfaso ne dɛn? Wɔda no adi wɔ nea wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnka nkyerɛ Baruk no mu: “Mede bɔne reba ɔhonam nyinaa so, Awurade [Yehowa] asɛm ni, na mede wo kra mɛma wo sɛ asade, baabiara a wobɛkɔ.”—Yer. 45:5b.
15 Ɛyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ maa Baruk. Eyi ma ɛda adi sɛ osii gyinae pa a wantwentwɛn ne nan ase koraa. Eyi da adi wɔ Yeremia 43:3-7, a ɛka nea ɛbae bere a wɔsɛee Yerusalem 607 A.Y.B. mu akyi no ho asɛm no. Yɛkenkan sɛ: Bere a Yudafo a wofii mu kae a na ehu aka wɔn no reguan afi Yuda asase no so akɔ Misraim no wɔde “odiyifo Yeremia ne Neria ba Baruk [kaa wɔn ho], na wɔde wɔn kɔɔ Misraim asase so, efisɛ wɔantie Awurade [Yehowa]; na wɔbaa Tahpanhes,” wɔ Misraim kusuufam. Nanso ɛno akyi no Yeremia kɔɔ so hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ saa Yudafo asoɔdenfo no.—Yer. 43:8-44:30.
-