-
“Me Man, Mumfi No Mu”Ɔwɛn-Aban—1980 | December 1
-
-
“Me Man, Mumfi No Mu”
“Me man, mumfi no mu, no moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.”—Adi. 18:4.
1. Bere bɛn na wɔde ɔfrɛ no mae sɛ womfi Babilon Kɛse no mu, na dɛn nti na na ɔfrɛ yi fata saa bere no?
“ME MAN, mumfi no mu.” Wɔabɔ saa dawuru yi fi 1919, afe a emu na aman a na wɔreko wɔ 1914-1918 wiase nyinaa ko no mu no yɛɛ asomdwoe apam no. Ná wiase yi Nyamesom a Wɔahyehyɛ gyina wiase nyinaa ko no akyi. Na wɔn a Bible no Nyankopɔn frɛ wɔn “me man” no nso ɛ? Na saa Kristofo a wɔpɛ asomdwoe yi aba Babilon Kɛse no ne n’amammui mu ahokafo a, wɔde wɔn ahyɛ Wiase Nyinaa Ko I mu no nnommumfa mu, na wɔkyekyeree wɔn guu afiase mpo.
2. Ɔfrɛ a ɛte sɛ eyi bɛn na wɔnam Yeremia so dii kan de mae?
2 Ná wɔakyerɛw asɛm “mumfi no mu” no wɔ Adiyisɛm 18:4. Ná ɔfrɛ bi a ɛte saa ara wɔ hɔ a, wɔakyerɛw wɔ Yeremia 51:45: “Me man, mumfi adi mfi ne mu, na munnyigye mo kra mfi Awurade [Yehowa] abufuw mu gya no ano.”
3, 4. (a) Sɛnea Yeremia 50:8-10 kyerɛ no, na ɛhe na ‘wobeguan’ afi? (b) Ebedu bere a nkɔmhyɛ a edi akyiri yi benya mmamu no, so na Babilon ne Yehowa da so wɔ abusuabɔ a na ɛwɔ wɔn ntam wɔ Nebukadnesar ahenni bere so no anaa? Dɛn ntia?
3 ‘Wonguan mfi he’? Yeremia 50:8-10 bua pefee sɛ: “Munguan mfi Babel, na mumfi Kaldeafo asase so nkɔ, na monyɛ sɛ mpapo a wodi nguan anim. Na hwɛ, me na menyan amanaman akɛse asafo mama wɔafi benkum fam asase so atu Babel so sa, na wɔatwa ne ho mpasua, ɛhɔ na wobefi afa no, . . . Na Kaldeafo bɛdan asade, wɔn a wɔbɛfow no nyinaa bɛmeemee. Awurade [Yehowa] asɛm ni.”
-
-
“Me Man, Mumfi No Mu”Ɔwɛn-Aban—1980 | December 1
-
-
5. Sɛnea Yesaia 44:28 kosi 45:7 kyerɛ no, Babilon asehwe bere no mu no, hena dwumadi na ɛyɛɛ Yesu Kristo dwumadi ho mfonini, na ɔkwan bɛn so na nsaano nkyerɛwee a epuee ban no ho no asekyerɛ a Daniel de mae no ne nea Yesaia ka siei no hyiae?
5 Sɛnea Yesaia 44:28 kosi 45:7 kyerɛ no, bere a na Babilon asehwe rebɛn no, Kores Ɔkɛseɛ, Medo Persia ahemman no so difo no, yɛɛ adwuma a ɛyɛɛ nea Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no bɛyɛ wɔ “awiei bere” yi mu no ho mfonini. Saa anadwo no a Babilon hwee ase wɔ 539 A.Y.B. mu no, odiyifo Daniel kyerɛɛ nsa ano nkyerɛwee a epuee ban ho ma Ɔhene Belsasar hui no ase: “PERES [asɛmfua a ɛto so abiɛsa wɔ nsa ano nkyerɛwee no mu no biako kabea], wɔakyɛ w’ahenni mu de ama Mediafo ne Persiafo.” Daniel a ɔde n’ani hui no kyerɛwtohɔ no kɔɔ so kae sɛ: “Anadwo no ara na wokum Kaldeafo hene Belsasar. Na Mediani Dario [sɛ Kores hokafo no] faa ahenni no, na wadi mfe aduosia abien.”—Dan. 5:28-31; 9:1, 2.
6. (a) Nea Babilon yɛɛ ho mfonini wɔ Belsasar nna no mu no yɛ nea wɔada no adi wɔ Bible mu nhoma bɛn mu, na ɛyɛ dɛn nnɛ? (b) Hena na ɔhyehyɛɛ sɛnkyerɛnne kwan so Babilon no, na nyamesom ahorow bɛn na ɛwɔ eyi mu?
6 Nea tete Babilon yɛɛ ho mfonini wɔ ne nna a edi akyiri no mu sɛ wiase awuraa no yɛ nea wɔada no adi wɔ Adiyisɛm nhoma a odiyifo Yohane nam honhom so kyerɛwee bɛyɛ 96 Y.B. mu no mu, bere a na tete Babilon amamfo no da so wɔ hɔ no. Ɛda adi wɔ nea Yohane kyerɛwee wɔ Adiyisɛm 16:12 kosi 19:3 no mu pefee sɛ Babilon a wɔsɛee no Belsasar bere so no yɛɛ atoro som wiase ahemman a ɛda so wɔ hɔ no ho mfonini. Saa ahemman, a nnɛyi asɔre horow a wɔabu wɔn fɔ no nyinaa wom no, yɛ nea ‘Ɔbɔmmɔfo kɛse a ɔsɔre tia Yehowa’ no fii ase. Ɔne Nimrod, Noa nanankansoa, na ɔkyekyee Babilon kurow no wɔ Eufrate Asubɔnten no so. (Adi. 16:12; Gen. 10:8-10) Ahemman a mprempren wɔfrɛ no Babilon Kɛse no yɛ asɔre horow a ‘wɔsɔre tia Yehowa’ a mprempren wɔwɔ wɔn “awiei bere” mu no nyinaa a aka abom.—Dan. 12:4.
7. (a) Bere bɛn na “aguanfo” no fii tete Babilon? (b) Bere bɛn na aguanfo fi Babilon Kɛse no mu, na dɛn nti na saa bere no na wotumi yɛ saa?
7 Saa wiase nyinaa nyamesom ahyehyɛde no mu na wɔfrɛ Yehowa nkurɔfo sɛ ‘womfi mu’ ntɛm. Saa ahemman no na Babilon a Yeremia kaa ho asɛm wɔ ti 50 ne 51 no yɛɛ ho mfonini. Wɔ tete Babilon ahemman no fam no, Yudafo ne wɔn ahokafo a wɔwɔ nnommumfa mu no antumi ‘amfi mu’ kosi sɛ ɛhwee ase wɔ Mediafo ne Persiafo nsam 539 A.Y.B. mu. (Yes. 14:12-17) Nanso, yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu nso ɛ? Na wɔn a Yehowa frɛ wɔn “me man” nnɛ no nso ɛ? Wɔhyɛ eyinom sɛ ‘womfi’ nnɛyi Babilon Kɛse no mu ansa na wɔasɛe no wɔ “ahohiahia kɛse” a Yesu Kristo kaa ho asɛm siei no mu. (Mat. 24:21, 22; Adi. 1:1; 7:14, 15) Nea enti a ɛte saa ne sɛ ɛho hia sɛ aguanfo yi kwati ɔhaw ne ɔsɛe a ɛbɛba Babilon Kɛse, atoro som wiase ahemman a ɛda so wɔ hɔ no so no.—Adi. 18:4.
-