Yeremia—Onyankopɔn Atemmu Ahorow ho Diyifo a Wɔmpɛ N’asɛm
Wɔayɛ Dapɛn biara Bible akenkan ahorow a efi Yeremia nhoma ho mu no ho nhyehyɛe ama Teokrase Ɔsom Sukuu no fi April 17 kosi August 21. Adesua nsɛm abiɛsa yi bɛma woanya nsɛm a eye a ɛbɛma woate odiyifo no nsɛm a ɔkyerɛwee no ase.
“Minnya mennwenee wo ɔyafunu mu no, na minim wo . . . Misii wo odiyifo memaa amanaman.”—YEREMIA 1:4, 5.
1. (a) Sɛ wosusuw nsɛm a esisii kan no ho a, ebinom bu Yeremia dɛn? (b) Yeremia buu ne ho dɛn?
“WƆ ADIYIFO mpo mu no, Yeremia yɛ otitiriw.” Nsonsonoe kɛse wɔ saa asɛm a Bible ho ɔdenimfo bi kae yi ne adwene a na Yeremia kura wɔ n’ankasa ho bere a odii kan nyaa Yehowa ahyɛde sɛ ɔnsom sɛ odiyifo mma Yuda ne aman afoforo no mu. Mmuae a ɔmae ne sɛ: “Ao, [Yehowa] Nyankopɔn, hwɛ, minnim kasa, na meyɛ abofra.” Ɛda adi sɛ na Yeremia nim yiye sɛ ɔyɛ abofra na na adwumaden a ɛne sɛ ɔnkɔ amanaman a wɔda nitan adi nkyɛn no yɛ den dodo ma no. Yehowa ansusuw saa.—Yeremia 1:6.
2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa Yeremia nyaa ahotoso?
2 Ɛda adi wɔ nkɔmmɔ a Yehowa ne aberantewaa Yeremia bɔe no mu sɛ na ɔyɛ nnipa kakraa bi a Yehowa faa wɔn awo ho asɛyɛde too ne ho so no mu biako. Na dɛn nti na ɔkyerɛɛ anigye pɔtee wɔ Yeremia ho fi bere a wonyinsɛn no reba no? Efisɛ na Yehowa wɔ ahyɛde titiriw bi wɔ n’adwene mu ma ano. Enti na obetumi aka sɛ: “Wunnya mfii adi mfii awotwaa mu no, na metew wo ho.” (Yeremia 1:5) Afei ɔhyɛɛ aberantewaa no sɛ: “Nka sɛ: Meyɛ abofra; na mmom, baabiara a mɛsoma wo no, kɔ, na asɛm biara a mɛka no, ka. Nsuro wɔn anim, na wo de, medi w’akyi, na mayi wo.” Na ɛnsɛ sɛ ɔyɛ n’adwuma no ebi ne ebi. Mmom no, na ɛhwehwɛ akokoduru ne ahotoso wɔ Yehowa mu.—Yeremia 1:7, 8.
3. Dɛn nti na na ahyɛde a wɔde maa Yeremia no yɛ adwumaden kɛse?
3 Hwɛ sɛnea ebia aberantewaa yi ani begye na ne ho adwiriw no bere a ne nsa kaa ahyɛde a ɛte saa fii Onyankopɔn hɔ tee no! Na ahyɛde bɛn ara ni! “Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo masi amanaman so ne ahenni ahorow so, na woatutu na woabubu, na woasɛe na woadwiriw, na woasi na woatɛw nso.” Ɛda adi sɛ tebea a wɔkaa saa asɛm no wom wɔ Yuda wɔ bɛyɛ afeha a ɛto so ason A.Y.B. mfinimfini mu hɔ no de asɛyɛde kɛse too saa odiyifo a na wasi so no so. Na ɛsɛ sɛ ogyina ɔman a ɛyɛ ahantan ne anibiannaso a na ɛde ne ho ato ne kurow kronkron, Yerusalem, ne n’asɔrefi so te sɛ nea ɛyɛ sɛbɛ bi no anim. Bere a owiee ne mfe 40 nkɔmhyɛ adwuma no wɔ Yerusalem no, na ɛsɛ sɛ ɔka n’asɛm no wɔ ahene baanum (Yosia, Yehoas, Yehoiakim, Yehoiakin, ne Sedekia) nniso ase. Na ɛsɛ sɛ ɔka atemmusɛm a wɔmpɛ kyerɛ aman a ɛne Yuda ne Babilon.—Yeremia 1:10; 51:41-64.
Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛn Ani Gye Yeremia Ho?
4, 5. (a) Dɛn nti na nsɛm a esisii wɔ Yeremia bere so no fa yɛn ho? (Romafo 15:4) (b) Asɛm a ɛfa ho titiriw bɛn na yɛn ani gye ho?
4 Nanso ebia yebebisa sɛ, Saa nsɛm a esisii wɔ saa bere no mu no fa yɛn a yɛte ase a yɛabɛn afeha a ɛto so 20 yi awiei no ho dɛn? Ɔsomafo Paulo de mmuae no ma bere a ɔretĩ Israel abakɔsɛm no bi mu wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Korinto asafo no mu no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na wɔde eyinom ayɛ nhwɛso ama yɛn, na yɛn kɔn annɔ bɔne sɛnea wɔn kɔn dɔe no . . . na wɔakyerɛw ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi afotu.”—1 Korintofo 10:6, 11.
5 Nsɛm a esisii wɔ Israel ne Yuda no yɛ kɔkɔbɔ ho nhwɛso ma nokware Kristofo asafo no wɔ awiei bere yi mu. Yebetumi ahu nsɛdi ne nhwɛso ahorow a ɛde nsɛm a ebesisi daakye ho mfonini ma nso. (Fa toto Yeremia 51:6-8 ne Adiyisɛm 18:2, 4 ho.) Enti Yeremia nkɔmhyɛ adwuma no ne nea ɛtoo Yerusalem no kyerɛ biribi kɛse ma Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no, ne titiriw wɔ wɔn dwumadi wɔ Kristoman mu sɛnea yebehu wɔ nsɛm a edidi so yi mu no.
Akokoduru a Yeremia de Bɔɔ Onyankopɔn Atemmu Ahorow ho Dawuru
6. Dɛn na ɛmaa Yeremia adwuma no yɛɛ dɛn kɛsɛ, nanso nkuranhyɛ bɛn na onyae?
6 Sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa bɛhyɛ Yeremia den ama n’asɛyɛde a ɛso no, ɔma onyaa awerɛhyem bio sɛ: “Na sɔre ka nea mɛhyɛ wo nyinaa kyerɛ wɔn. Mma wo ho mpopo wɔn anim . . . Mayɛ wo kurow a ɛyɛ den . . . mahyɛ asase no nyinaa, Yuda ahene, wɔn asafohene, wɔn asɔfo ne asase no so nkurɔfo.” Akyinnye biara nni ho sɛ na Yeremia bɛyɛ sɛ kurow a eye den na ama watumi agyina Yuda sodifo ne asɔfo anim. Na asɛm a wɔmpɛ a emu yɛ den a ɔbɛka akyerɛ nkurɔfo no renyɛ adwuma a ɛyɛ mmerɛw.—Yeremia 1:17, 18.
7. Dɛn nti na na Yudafo sodifo ahorow no bɛko atia Yeremia?
7 Yehowa bɔɔ kɔkɔ sɛ, “Na wɔne wo bedi ako, nanso wɔrentumi wo.” (Yeremia 1:19) Afei dɛn nti na na Yudafo no ne wɔn sodifo no pɛ sɛ wɔko tia saa odiyifo yi? Efisɛ na n’asɛm no kasa tia wɔn anibiannaso ne wɔn guasodeyɛ kwan so ɔsom no. Yeremia ansiw nsɛm so: “Hwɛ, [Yehowa] asɛm adan wɔn ahohorade, ɛnyɛ wɔn de. Na efi wɔn mu akumaa so kosi wɔn mu ɔkɛse so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo, na efi odiyifo so kosi ɔsɔfo [wɔn a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ abrabɔ pa ne honhom mu nnyinasosɛm so] so, wɔn nyinaa yɛ nkontompofo.”—Yeremia 6:10, 13.
8. Ɔkwan bɛn so na na asɔfo ne adiyifo no redaadaa nkurɔfo no?
8 Ampa, na wodi ɔman no anim ma wɔbɔ afɔre ahorow. Na wɔde wɔn ho hyɛ nokware som nneyɛe mu, nanso na wɔn koma nni nea wɔyɛ no mu. Na amanne ahorow kyerɛ pii ma wɔn sen abrabɔ pa. Wɔ bere koro no ara mu no, na Yudafo anyamesom akannifo no redaadaa ɔman no ma wɔanya atoro ahobammɔ, bere a wɔkaa sɛ, “Asomdwoe, asomdwoe,” nanso na asomdwoe nni hɔ no. (Yeremia 6:14; 8:11) Yiw, na wɔredaadaa nnipa no ma wɔagye adi sɛ wɔne Onyankopɔn wɔ asomdwoe. Wɔtee nka sɛ na biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ wɔhaw wɔn ho wɔ ho, efisɛ na wɔyɛ Yehowa nkurɔfo a wɔagye wɔn a wɔwɔ kurow kronkron ne n’asɔrefi. Nanso saa na Yehowa buu tebea no?
9. Kɔkɔbɔ bɛn na Yeremia de maa asomfo no wɔ wɔn asɔrefi no ho?
9 Yehowa hyɛɛ Yeremia sɛ onnyina baabi a ɔmanfo behu no wɔ asɔrefi no pon ano na ɔnka N’asɛm nkyerɛ n’asomfo a wɔba hɔ no. Na ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Mommfa mo ho nnto atosɛm so sɛ: [Yehowa] asɔrefi, [Yehowa] asɔrefi, [Yehowa] asɔrefi ni! . . . Enye mma hwee.” Na Yudafo no nam ohu mu na ɛnyɛ gyidi mu bere a wɔde wɔn asɔrefi no hoahoaa wɔn ho no. Na wɔn werɛ afi Yehowa kɔkɔbɔ nsɛm no dedaw: “Ɔsoro yɛ m’agua, na asase yɛ me nan ntiaso, ɔdan bɛn na mubesi ama me?” Na ɛda adi sɛ Yehowa a ɔyɛ Amansan Hene no nte wɔn asɔrefi hɔ, ɛmfa ho sɛnea ɛyɛ fɛ fa!—Yeremia 7:1-8; Yesaia 66:1.
10, 11. Honhom mu tebea a na ɔman no wom bɛn na Yeremia kasa tiae, na so tebea a ɛwɔ Kristoman mu no ye sen no? (2 Timoteo 3:5)
10 Yeremia kɔɔ so de ne baguam nkaanim a emu yɛ den no mae sɛ: “So mobobɔ korɔn, adi awu, asɛe aware, akeka ntanhunu, akɔhyew aduhuam ama Baal, akodi anyame foforo a munnim wɔn akyi, . . . na moaka sɛ: wɔayi yɛn afi mu! nea ɛbɛyɛ na moakɔ so ayɛ akyide yi nyinaa anaa?” Sɛ Onyankopɔn ‘man a wapaw wɔn’ no, Yudafo no susuwii sɛ obenya su biara ho koma bere tenten a wɔde wɔn afɔrebɔ ahorow kɔ asɔrefi hɔ no. Nanso sɛ na wohu no sɛ agya a ofi nkate mu yɛ ade a ɔkorɔkorɔ ɔbakoro a wasɛe a, ɛnde na wɔn ho bedwiriw wɔn kɛse.—Yeremia 7:9, 10; Exodus 19:5, 6.
11 Na Yudafo som no asɛe wɔ Yehowa ani so araa ma wobetumi abisa asɛm a emu yɛ den yi: “So adwowtwafo tu na ofi a wɔde me din ato no yi ayɛ mo ani so anaa?” Bɛyɛ mfe 700 akyi no na tebea no asɛe ara, bere a Yesu, odiyifo a ɔso sen Yeremia no de nsɛm yi ara kasa tiaa nsisi ne aguadi a na ɛkɔ so wɔ asɔrefi a na wɔasan asi wɔ ne bere so no mu no. Tebea a ɛwɔ Kristoman mu nnɛ no asɛe saa ara.—Yeremia 7:11; Mateo 16:14; Marko 11:15-17.
Wɔantie Awɛmfo, Wɔkaa Asiane ho Asɛm Siei
12. Yudafo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ adiyifo a Yehowa somaa wɔn kɔɔ wɔn nkyɛn no ho?
12 Na Yeremia nyɛ odiyifo a odi kan a Onyankopɔn de no dii dwuma ma ɔbɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ wɔ wɔn atoro kwan no ho. Wɔ mfe ɔha anaa nea ɛboro saa a na atwam no mu no, na wɔasoma adiyifo Yesaia, Mika, Hosea, ne Oded sɛ awɛmfo sɛ wɔmmɔ ɔman no kɔkɔ. (Yesaia 1:1; Mika 1:1; Hosea 1:1; 2 Beresosɛm 28:6-9) Wɔn mu dodow no ara yɛɛ wɔn ade dɛn? “Na masisi mo so awɛmfo sɛ: Monyɛ aso mma torobɛntohyɛn no. Nanso wose: Yɛrenyɛ aso.” (Yeremia 6:17; 7:13, 25, 26) Wɔampene sɛ wɔbɛyɛ aso ama Yeremia. Mmom no wɔtaa no na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma waka n’ano atom. Enti Yehowa kyerɛe sɛ wobenya wɔn ahantan ne gyidi a wɔankyerɛ no ho asotwe.—Yeremia 20:1, 2; 26:8, 11; 37:15; 38:6.
13. Dɛn so na na Onyankopɔn atɛn a obuu ɔman no gyina?
13 Nea Yehowa yɛe wɔ pow a ɔman no powee n’asomafo no ho ne sɛ ɔfrɛɛ asase so amanaman nyinaa bere a ɔkaa eyi no: “Asase, tie, hwɛ, me na mede bɔne mereba ɔman yi so, wɔn nneyɛe so aba no, efisɛ wɔanyɛ asõ amma me nsɛm, na me mmara nso wɔapa.” Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔman no hu amane? Esiane wɔn nneyɛe bɔne a na egyina wɔn nsusuwii bɔne so nti. Wɔpow Yehowa asɛm ne ne Mmara na wodii wɔn ankasa pɛsɛmenkominya ne honam fam adwene akyi.—Yeremia 6:18, 19; Yesaia 55:8, 9; 59:7.
14. Wɔn atoro som no koduu he? (Fa toto 2 Beresosɛm 33:1-9 ho.)
14 Na dɛn na wɔreyɛ wɔ Yuda a ɛhyɛɛ Yehowa abufuw no? Na wɔde tetare bɔ afɔre ma “ɔsoro hemmaa” no. Na wogu ahwiesa ma anyame afoforo hyɛ da de hyɛ Yehowa abufuw. Enti Yehowa bisa sɛ: “So me na wɔrehyɛ me abufuw? . . . So ɛnyɛ wɔn ho na wɔrepira, ɛnyɛ wɔn ho aniwu na wɔhyɛ?” (Yeremia 7:18, 19, New International Version) Nanso wɔn abususɛm nneyɛe no kɔɔ so kɛse mpo—wɔde ahoni a ɛyɛ akyide sisii ofi a Yehowa din da so no mu. Wosisii afɔremuka wɔ Yerusalem afasu akyi wɔ Hinnom bon mu “de hyew wɔn mmabanin ne wɔn mmabea ogya mu.” Akatua bɛn na wobenya wɔ nokware som a wobuu no animtiaa no ho?—Yeremia 7:30, 31.
Yuda Nya Asotwe
15. Na asɛmmɔne bɛn na Yeremia wɔ ma Yuda?
15 Na Kaldeafo ne Mediafo adi Asiria so nkonim wɔ bɛyɛ 632 A.Y.B. mu na na wɔama Misraim adan tumi ketewaa bi a ɛwɔ Yuda kesee fam. Na wɔbɛfa ntua kwan a ɛwɔ benkum fam no so abehunahuna Yuda ankasa. Enti na ɛsɛ sɛ Yeremia ka asɛmmɔne bi kyerɛ ne mfɛfo Yudafo no! “Hwɛ, ɔman bi fi benkum fam asase so reba . . wɔn tirim yɛ den na wonni timmɔbɔ. . . . Wɔamia sɛ akofofo, sɛ wɔne wo, Sion babea, rebɛko.” Na wiase nyinaa tumi a ɛwɔ hɔ saa bere no ne Babilon. Eyi bɛyɛ Onyankopɔn adwinnade a wɔde bɛtwe Yudafo a wonni gyidi no aso.—Yeremia 6:22, 23; 25:8, 9.
16. Dɛn nti na na ntease nnim sɛ Yeremia bɛsrɛ ama ɔman no?
16 So na ntease bi wɔ mmɔden a na Yeremia bɛbɔ sɛ ɔbɛsrɛ ama ne manfo no mu? So na ebetumi aba sɛ ebia wɔagyae nsɛm mu asiesie wɔ nokware som mu? So ebia Yehowa begye nhyehyɛe ahorow a enni mũ atom na ɔde ne nkurɔfo mfomso afiri wɔn? Na Yehowa gyinabea da adi pefee. Anyɛ yiye koraa no, ɔhyɛ Yeremia mprensa sɛ: “Mpa kyɛw bi mma ɔman yi, . . . efisɛ merentie wo.” Wɔ ne mmamu nsusuwso mu no, kɔkɔbɔ a emu yɛ den yi kyerɛ ɔhaw ma Kristoman.—Yeremia 7:16; 11:14; 14:11.
17, 18. Ɔkwan bɛn so na awiei koraa no Onyankopɔn atemmu baa Yuda so?
17 Nsɛm kowiee dɛn maa Yuda? Ekowiee sɛnea na Yehowa nam Yeremia so aka asie no pɛpɛɛpɛ. Wɔ Ɔhene Yehoiakim nniso ase no, Yuda bɛyɛɛ ɔman a na ɛhyɛ Babilon a ɛwɔ tumi no ase. Mfe abiɛsa akyi no Yehoiakim tew atua. Saa adeyɛ a nyansa nnim no maa Babilonfo a wobetwaa kurow Yerusalem ho hyiae no brɛɛ wɔn ase kɛse mpo. Saa bere yi mu no, na Yehoiakim awu a na ne babarima Yehoiakin na wabedi n’ade. Babilon nkahyem no maa Yuda dii nkogu na wɔde Yehoiakin ne adehye abusua no mufo ne Yudafo mmapɔmma nyinaa kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon.—2 Ahene 24:5-17.
18 Dɛn na ɛbaa asɔrefi kronkron no ne emu nneɛma kronkron a ɛsom bo no nyinaa so? Ɛda adi sɛ anyɛ ahobammɔ siade amma Yuda. Nebukadnesar ‘kɔfaa [Yehowa] fi akorade nyinaa ne ahemfi akorade fii hɔ kɔe, na otwitwaa sika nneɛma a Israel hene Salomo yɛe [Yehowa] aban mu no ho sika.’ (2 Ahene 24:13) Awiei koraa no, ɔhene a Babilon paw no, Sedekia, a wogyaw no wɔ Yerusalem sɛ onni wɔn a wɔaka no so tumi no nso tew atua tiaa ne wuranom. Na ɛno ne ade a etwa to ma Nebukadnesar. Wobetwaa Yerusalem kurow no ho hyiae bio na wɔ 607 A.Y.B. mu no Nebusaradan dii so na wɔsɛee no pasaa.—Yeremia 34:1, 21, 22; 52:5-11.
19, 20. Na nsonsonoe bɛn na ɛwɔ su a Yudafo no ne Yeremia kurae wɔ adebɔne a na wɔaka ho asɛm asie no ho, na dɛn na efii mu bae?
19 Hwɛ asiane ara a ɛyɛ ma ‘ɔman a wɔapaw’ no! Nanso hwɛ sɛnea Yeremia atemmu nsɛm a ɔkae no baa mu pefee. Bere a na Yudafo no te adaeso wiase bi mu na wogye dii sɛ ɔhaw biara rento wɔn no na “adebɔne ho dawurubɔfo” a ɔne Yeremia abɛyɛ ɔnokwafo ankasa na ɛnyɛ ɔdaesofo a odi nkogu. (Yeremia 38:4; hyɛ no nsow sɛ asɛmfua “adebɔne” no pue mpɛn 64 wɔ Yeremia nhoma no mu.) Hwɛ sɛnea Yehowa nkɔmhyɛ aba mu wɔ nokwarem: “Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Eyi ne ɔman a wontie [Yehowa] wɔn Nyankopɔn na wonnye nteɛso no; nokware asa, na atu afi wɔn anom. Na megu Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so ahosɛpɛw nne ne anigye nne, . efisɛ asase no bɛdan amamfõ.”—Yeremia 7:28, 34.
20 Wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow yi so no, na ɛsɛ sɛ Yudafo no gye tom sɛ Onyankopɔn a na wosu frɛ no ne abusuabɔ titiriw a wɔne no wɔ no amma wɔannya nkwagye. Sɛnea nkɔmhyɛ no kae no: “Yɛhwɛ asomdwoe kwan, nso yiye bi mma, ne ɔyaresa bere nso, na hwɛ, abotutu nko. Twabere atwam, aduatew bere asa, na yɛn de, wonnyee yɛn ɛ.” (Yeremia 8:15, 20) Afei na ɛyɛ akontaabu bere ma Yuda. Nanso wɔbɔɔ odiyifo Yeremia ɔkokodurufo no ho ban wɔ n’adwuma no nyinaa mu na wɔma owiee n’adwuma no. Owui wɔ nnommumfa mu, na ɛnyɛ ɔne ɔman a wɔagu n’anim ase no wɔ Babilon na mmom wɔ Misraim. Na ɔde akokoduru ne nokwaredi aka Onyankopɔn atemmu ho asɛm akyerɛ bɛboro mfe 65.
21. Nsemmisa afoforo bɛn na ɛfa yɛn ho?
21 Nanso mprempren yɛn ani gye ho sɛ yebehu sɛnea Yeremia asetra ne ne som adwuma yi fa yɛn mmere yi ho. Henanom na wobegyina hɔ ama Yeremia wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu? Ne Yuda ne Yerusalem nso? Na dɛn ne ɔhaw a efi kusuu fam reba no? Yɛn nsɛm a edidi so no bɛhwehwɛ saa nsemmisa no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Yeremia de akokoduru kaa Onyankopɔn atemmu ahorow kyerɛɛ Yudafo akannifo no ne ɔman no
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Mmaa no too tetare maa “ɔsoro hemmea’ no