Dɛn Nti Na Kristoman Remfi Mu?
“Hwɛ, Awurade [Yehowa] asɛm na wɔapa yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ? . . . Efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so wɔn nyinaa yɛ nkontompofo.”—Yer. 8:9, 10.
1. Dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ Yerusalem bedi wɔn a wɔde wɔn ani to no so sɛ ade a wɔnam so de asomdwoe bɛba no huammɔ?
YERUSALEM a ɛwɔ hɔ nnɛ, kurow a wiase anyamesom akɛse abiɛsa no bu no sɛ ɛsom bo kɛse no te sɛ nea ɛredi dwuma kɛse wɔ wiase bio. So ebetumi akyerɛ sɛ ɛno ne Asomdwoe Hene no kurow no? So ɛbɛkyerɛ sɛ ɛno ne nea ehia titiriw wɔ wiase asomdwoe a wɔbɛhyehyɛ asi hɔ no mu anaa? Obedi wɔn a wobu no sɛ ɔsom bo kɛse wɔ ɔsom mu no huammɔ wɔ nsɛm yi mu. Ɛho nhia sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa, efisɛ tete Yerusalem dii Onyankopɔn a na n’anuonyam asɔrefi no si Moria Bepɔw a ɛyɛ ne nkoko a agye din no mu biako so no huammɔ.
2. (a) Dɛn na yɛbɛhwere denam tie a yebetie wɔn a wɔkasa ma Kristoman no so? (b) Ɛhefo na Yehowa ama wɔn so agyina hɔ sɛ wɔmmɔ Kristoman kɔkɔ?
2 Mommma yɛmmfra wɔn a nnɛ wɔfa ɔkwan a ɛde huammɔdi ba so no mu. Kristoman, a ɛde n’ani ato nnɛ bere mu Yerusalem so kɛse no fi teteete anya hokwan akasa wɔ nsɛm a ɛfa ɔsom ne amammui ho no mu. Wɔ din a agye no nyinaa akyi no, sɛ yetie nea wɔn a wɔkasa ma no no wɔ ka wɔ yɛn bere a emu yɛ den sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu yi mu a, ɛnde yɛrennya daa nkwa a yɛhwehwɛ no. Sɛnea Onyankopɔn a Kristoman kyerɛ sɛ ɛsom no no Asɛm a mfomso biara nni mu no kyerɛ no, wɔabu saa Kristosom a wɔde ano ka no fɔ ama ɔsɛe, sɛnea wobuu Yerusalem a na ɛwɔ odiyifo Yeremia nna mu no fɔ no. (Yer. 6:1-8) Wɔnam nnipa a wɔahyira wɔn ho so koraa ama Onyankopɔn te sɛ nea na Yeremia te no so abɔ Kristoman kɔkɔ afa ɔsɛe a ɛwɔ hɔ ma no no ho. Yiw, sɛnea na ɛte wɔ Yerusalem a na ɛwɔ Yeremia nna mu no awiei nna no mu no, Yehowa Nyankopɔn ama n’adansefo a wɔde honhom asra wɔn no so agyina hɔ na wɔadi dwuma te sɛ nnɛ bere mu Yeremia kuw. (2 Be. 36:15, 16) Yehowa asoma saa Kristofo a wɔyɛ n’adansefo yi, sɛnea ɛte no, “daa na mitua ahema mesoma wɔn” kɔ Kristoman asɔre no mufo hɔ. (Yer. 7:25, 13) Nanso ne nyinaa ayɛ ɔkwa!
3. Dɛn na Kristoman “adiyifo” ne “asɔfo” adi akyi ayɛ sɛ nhwɛsode wɔ saa kɔkɔbɔ yi ho?
3 Nanso, Kristoman “adiyifo” ne “asɔfo” apow sɛ wobetie kɔkɔbɔ no. Wɔmpɛ sɛ obi haw wɔn “nguan” no. Enti wɔma wɔn atoro anidaso a ɛbɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛ ahorow no abira. Ɛte sɛ Yeremia nna no mu de no. Ɛte sɛ Kristo asomafo no nna mu. (Yer. 5:20, 21; Mat. 13:13-15; Aso. 28:25-27) So yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ saa nnipa a wɔadaadaa wɔn no na yɛapow kɔkɔbɔ no? Dabi!
AHOTOSO A ENYE A WƆANYA WƆ ANYAMESOM ADE A ƐYƐ FƐ MU
4, 5. (a) Ɔdan bɛn na Kristoman mufo de wɔn ho to so nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yeremia fa kyerɛkyerɛɛ sɛnea nnipa a wodii mfomso a ɛte saa ara wɔ ne nna no mu no te?
4 Ɔpepem bebree na nnɛ wɔde wɔn ho to anyamesom ahyehyɛde a wɔabu no fɔ ama ɔsɛe so. Kristoman asɔfo daadaa wɔn asɔre no mufo ma wɔyɛ saa. Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem ne Yuda asase no so no dii mfomso a ɛte saa wɔ Yeremia nna mu. Yɛmpɛ sɛ yesuasua wɔn. Yehowa hyɛɛ Yeremia sɛ onkogyina Yerusalem asɔrefi no ponkɛse no ano na ɔmpae mu nka nkyerɛ wɔn a wɔreba hɔ no wo pefee mu sɛ:
5 “Mommfa mo ho nnto atosɛm so se: Awurade [Yehowa] asɔrefi, Awurade [Yehowa] asɔrefi, Awurade Yehowa asɔrefi ni! . . . Hwɛ, mode mo ho to atosɛm a enye mma hwee no so. So mobɛbɔ korɔn, adi awu, asɛe aware, akeka ntanhunu, akɔhyew aduhuam ama Baal, akodi anyame foforo a munnim wɔn akyi, ansa na moaba abegyina m’anim ofi yi na wɔde me din ato no yi mu na moaka sɛ: wɔayi yɛn afi mu! Nea ɛbɛyɛ na moakɔ so ayɛ akyide yi nyinaa anaa? So adwowtwafo tu na ofi a wɔde me din ato no yi ayɛ mo ani so anaa? Me nso, hwɛ, mahu, Awurade [Yehowa] asɛm ni.”—Yer. 7:4-11.
6. Adeyɛ bɛn mu na Yesu de Yeremia nsɛm no dii dwuma wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ?
6 Wɔamfa tumi anhyɛ Yeremia nsa sɛ onyi afide nyinaa a wɔn a wodi Yehowa som a wɔde afra abosonsom mu no akyi no de aba hɔ no mfi hɔ. (Yer. 7:30, 31) Nanso wɔ nea ɛboro mfirihyia 630, wɔ bere a wɔasɛe saa asɔrefi no akyi no, Yesu Kristo, sɛ́ Onyankopɔn Ba no, oyii akyide anaa nneɛma funu a ɛwɔ Yerusalem asɔrefi a wɔasan asi no bio no mu fii hɔ mpɛn abien. Bere a ɔreyɛ saa no, Yesu faa nsɛm a Yeremia de dii dwuma no kae. Yɛkenkan sɛ: “Na Yesu kɔɔ asɔrefi. Na ɔkɔpam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ fii asɔrefi hɔ, na ɔkaa sika sesãfo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkongua butuwii. Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi, na mo de, mode ayɛ adwowtwafo tu.” (Mat. 21:12, 1:3; hwɛ Yohane 2:15, 16 nso.) Wɔsɛee saa asɔrefi a wɔagu ho fi no wɔ afe 70 Y.B. mu.
7. (a) Dɛn na Kristoman mu anyamesomfo no dan wɔn asɔredan no de yɛ wɔ bere a wɔkɔ so som wɔ bere koro no ara mu no? (b) Wɔfrɛ Yesu Kristo dɛn, nanso ɔno nso bɛfrɛ wɔn dɛn?
7 Efi afe 1919 Y.B. mu titiriw na nnɛ bere mu Yeremia kuw no atwe wiase no adwene aba tebea a Kristoman wom a ama ne ho agu fi no so. Bere koro no ara a asɔrekɔfo ka sɛ wɔsom wɔ nea wɔka sɛ ɛyɛ Kristofo nneɛma nhyehyɛe yi mu no, wɔkɔ so ‘bɔ korɔn, di awu, na wɔsɛe aware, keka ntanhunu.’ Wɔnam ɔsom so bɔ afɔre ma anyame foforo (Baal, Awuranom ahorow) ka Awurade Yesu Kristo ho. Esiane honam fam adedodow akyidi nti wɔdan wɔn anyamesom adan no yɛ no “adwowtwafo tu.” (Yer. 7:9-11) Wɔ nneɛma a Yehowa kyi yi nyinaa akyi no, Kristoman mu anyamesomfo de wɔn ano som Yesu Kristo na wɔfrɛ no “Awurade.” Wosusuw sɛ esiane sɛ wɔyɛ saa nti na biribiara teɛ na Onyankopɔn ne Kristo pene wɔn som no so. Nanso Yesu Kristo bɛma wɔn ho adwiri wɔn denam frɛ a ɔbɛfrɛ wɔn “mo a moyɛ nea ɛnteɛ” no so, efisɛ wɔnyɛ n’Agya apɛde.—Mat. 7:21-23.
8. Dɛn nti na Kristoman mu anyamesomfo susuw sɛ wɔn anyamesom adan no anya asetra a wɔabɔ ho ban no?
8 Kristoman mu anyamesomfo bu wɔn “asɔrefi” a wɔde Kristo din ato so no sɛ biribi a ɛbɔ obi ho ban fi bɔne a ebefi Onyankopɔn nsam aba no ho, te sɛ nea na Israelfo a Yeremia kaa Yehowa asɛm kyerɛɛ wɔn no te no ara pɛpɛɛpɛ. Wɔde wɔn nsa kyerɛ adan ne nneɛma a wɔayɛ a wose ɛyɛ Kristofo nneɛma no ka sɛ: “Awurade [Yehowa] asɔrefi ni!” (Yer. 7:4) Roma Katolek Asɔre no kyerɛ sɛ ɛno na edi asomafo no akyi denam asomafo adedifo a wɔtoatoa so ara de kosi Kristo asomafo dumien no so pɛɛ. Anglikan asɔre a ɛwɔ Engiresi Aburokyiri no nso yɛ biribi a ɛte saa ara fa ne “bishops” anaasɛ asɔfo mpanyin no ho. Ortodɔks Asɔre horow a ɛwɔ Apuei fam no nso de wɔn ho to wɔn tete agyanom nniso a wosusuw sɛ emu ntwae ara a efii ase wɔn asɔfo mpanyin no so de kosi asomafo dumien no so, a wɔn nso wɔkyerɛ sɛ wofii ase fii asomafo no so a wɔatoa so adi wɔn ade de abesi mprempren no so. Roma Paapanom no nso si so dua sɛ wɔhyehyɛɛ wɔn asɔre no sii ɔsomafo Petro sɛ “ɔbotan” no so, na “asaman apon” remmu mfa no so. (Mat. 16:18, 19) Esiane nneɛma a wɔka sɛ atoa so akɔ so fi Kristo ankasa nna mu de abesi mprempren nti, wobu Kristoman sɛ anya asetra a wɔabɔ ho ban, na wade ne ho afi ɔsɛe ho.
9, 10. (a) Asemmisa bɛn na ɛsɔre a ɛfa asɔrefo a wɔde wɔn ho to Kristoman mu ‘asetra a wɔabɔ ho ban’ no so no ho? (b) Dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnka mfa Yudafo a wɔde ho to wɔn asɔrefi no so no ho?
9 Nanso, sɛ obi de ne ho to Kristoman ‘asetra a wɔabɔ ho ban’ no so a, so eyi si so dua ma no sɛ ɔbɛde ne ho afi amanehunu ne sɛe a wɔbɛsɛe ɔne no no mu anaa? Ɔsomafo Paulo bɔ kɔkɔ sɛ “nna a edi akyiri mu no,” nnipa bɛyɛ wɔn a “wɔwɔ Onyankopɔn som ahofama su, nanso wonni n’ahoɔden;” na ɔde kaa ho sɛ “na eyinom na dan wo ho fi wɔn ho.” (2 Tim. 3:1-5) Enti, sɛ obi de ne ho hyɛ guasodeyɛ ne amanne horow mu wɔ ofie bi anaasɛ wɔ ahyehyɛde bi a wɔkyerɛ sɛ wɔahyira so ama Onyankopɔn mu, na sɛ bere koro no ara mu no atoro som ne wiase no mu nneɛma a wɔde afrafra gu ne ho fi a, so eyi si so dua ma no sɛ wɔbɛbɔ ne ho ban afi Onyankopɔn trenee abufuw a ɔde ba no mu anaa? Wiɛ, dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfo a wɔde wɔn ho to wɔn “asɔrefi” no so no? Tie:
10 “Na monkɔ me trabea a ɛwɔ Silo [bɛyɛ akwansin 20 wɔ Yerusalem kusuu fam], a miyii kan sɛ me din ntra hɔ no, na monkɔhwɛ nea me man Israel bɔne nti mayɛ no. Na afei, esiane sɛ moayɛ eyinom nyinaa, Awurade [Yehowa] asɛm ni, na mitua ahema makasa makyerɛ mo, makasa na moantie, na mafrɛ mo nso na moannye so nti, mɛyɛ ofi a wɔde me din ato no a mode mo ho ato so no, ne trabea a memaa mo ne mo agyanom no, sɛnea meyɛɛ Silo no ara, na matotow mo afi m’anim agu, sɛnea metow mo nuanom nyinaa, Efraim asefo nyinaa, migui no.”—Yer. 7:12-15.
11. Dɛn na ɛbaa Silo so wɔ Samuel nna mu a ɛhaw Israelfo no ɔsom mu nkate horow?
11 Nea ɛtoo Silo wɔ odiyifo aberantewa Samuel nna mu no haw ɔsom mu nkate horow a na Israelfo no wɔ no. Wɔde wɔn ho too apam adaka kronkron no so na agye wɔn afi nkogu a wobedi wɔ Filistifo no anim no mu. Enti woyi fii asɔrefi a ɛwɔ Silo no Kronkron mu Kronkronbea no mu, na asɔfo mmaratofo, a wɔyɛ ɔsɔfo panyin Eli mma no soa de kɔɔ wɔn nsra no mu. Nanso Apam Adaka no ammɔ wɔn ho ban amfi nea obefi Yehowa mmara a wɔatõ no mu aba no ho. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, Apam Adaka no kɔtɔɔ Filistifo abosonsomfo no nsam, na wokum Eli mmabarima a wɔyɛ asɔfo a wɔn ne Hofni ne Pinehas, na bere a ɔsɔfo panyin Eli a wayɛ kɛse no tee awerɛhosɛm no, ɔtew hwee n’akyi buu ne kɔn mu wui. Filistifo no kɔɔ so haw Israelfo no na wɔansan amfa Apam Adaka no, nea ɛkyerɛ wɔn ntam a Yehowa wɔ no ho sɛnkyerɛnne no ammesi n’afa wɔ asɔrefi kronkron a ɛwɔ Silo no mu bio, ɛwom sɛ Filistifo abosonsomfo no san maa so bae bio wɔ ɔhaw a na ɛhaw wɔn nti.—1 Sam. 3:1 de kosi 7:2.
12. Yehowa yɛɛ Yerusalem ne Yuda asase no dɛn sɛnea ɔyɛɛ Silo a na ɔpɛ n’asɛm bere bi no?
12 Yehowa nam Yeremia so bɔɔ kɔkɔ sɛ, sɛnea ɔyɛɛ Silo a na bere bi ɔdɔ no no, saa ara na ɔbɛyɛ Yerusalem. Enti ɔmaa Babilonfo no sɛee Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu. Wɔsɛee asɔredan a na Ɔhene Salomo asi a na Apam Adaka no mpo wom no. Apam Adaka no ankasa ne ɛho kyerɛwtohɔ nyinaa yerae a wonnim faako a ɛwɔ de besi nnɛ. Wɔ amanehunu a ɛbaa Silo so no akyi no, Filistifo no maa Israelfo no traa hɔ. Nanso bere a Babilonfo no sɛee Yerusalem ne n’asɔrefo no akyi pɛ na wotwaa Yudafo a wofii mu no asu kɔɔ akyirikyiri wɔ Babilon. Yudafo kakraa a wogyaw wɔn wɔ akyi no pow asase no guan gyaw hɔ kɔɔ Misriam esiane sɛ wosuro nti. Eyi maa Yuda asase no nyinaa bɛdaa hɔ a obiara nte so. Ɔkwan a ɛte sɛɛ so na Yehowa fa pam Yudafo a wobubu n’apam mu no fii n’anim!
13. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi saa asɛm a ɛfa ahotoso a enye no mu?
13 Momma yɛn a yɛte ase nnɛ no nsua ade mfi eyi mu. Mommma yɛmmfa yɛn ho nnto nea Kristoman mu asɔfo susuw sɛ ebedi dwuma te sɛ ɔsom mu ade a ɛbɛbɔ yɛn ho ban no so na agye yɛn afi ɔsɛe mu. “Ahohiahia kɛse” a ɛrenkyɛ ɛbɛba no so no bɛyɛ kɛse akyɛn nea ɛbaa Yerusalem ne n’asɔrefi no so wɔ mfirihyia 37 akyi, bere a Yesu apam wɔn afi hɔ esiane sɛ wɔagu Yerusalem asɔrefi no ho fĩ na wɔadan hɔ “adwowtwafo tu” nti no.—Mat. 24:1, 2, 21, 22.
EFI ƆSOM MU AHOTEW MU KƆ EFĨYƐ MU
14. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae na wakora Kristoman so?
14 Obiara a ɔyɛ Bible no Nyankopɔn no dɔfo nokwafo no remmɔ mpae da sɛ ɛnsɛ sɛ ade a ɛyɛ nwonwa yi to Kristoman. Yehowa hyɛɛ odiyifo Yeremia sɛ ɛnsɛ ɔbɔ mpae ma Yerusalem ne n’asɔrefi a wɔahura ho no, na wafi Ne trenee abufuw ne atemmu a ɔde ba no so no mu. Nnɛ bere mu Yerusalem, Kristoman, ada ne ho adi sɛ ɔrensakra. Wɔ mfe pii yi a Yehowa asoma ne Kristofo adansefo no akɔ wɔn nkyɛn ma wɔabɔ Kristoman mufo no kɔkɔ no nyinaa akyi no, ɔkɔ so ara wɔ ne nnebɔneyɛ no mu, na wayɛ saa de akodu faako a wɔrenhu no mmɔbɔ.—Yer. 7:18-26; 5:7-9.
15, 16. (a) Abrabɔ kwan bɛn nti na ɛmfata sɛ wohu Kristoman mmɔbɔ? (b) Dɛn na Yehowa kae wɔ Yeremia 7:30, 31 de yɛɛ eyi ho mfatoho?
15 Ɛnsɛ sɛ yehu Kristoman mmɔbɔ wɔ ne sɛe a ɛbɛma nnipa ahwere wɔn nkwa nti. Ɔkwan a wɔafa so no de ahohorabɔ kɛse aba Onyankopɔn din so. Nea edi kan no, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yedwen ne ho ansa. Ne ho hia koraa sen adesamma nyinaa. Susuw sɛnea Kristoman ne emu nnipa ɔpepehaha bebree no agu n’anim ase na wɔataa n’adansefo anokwafo a wɔkaa ne kɔkɔbɔ ahorow ne ne nkwagye ho afotu ahorow kyerɛe no ho. So yɛwɔ ayamhyehye ma adesamma asoɔdenfo a wontie kɔkɔbɔ no kyɛn Ɔsorosoro Nyankopɔn no din no? Ɛyɛ nokware sɛ sɛe a wɔne Kristoman bɛsɛe no yɛ awerɛhow, nanso wɔn anyamesom kwan a ɛyɛ animguase a wɔnam so mprempren no yɛ awerɛhow kyɛn saa. Yehowa kaa eyi de yɛɛ wɔn ho nhwɛso:
16 “Na Yuda mma ayɛ m’ani so bɔne, sɛ Awurade [Yehowa] se ni, wɔde wɔn akyide asisi ofi a wɔde me din ato no mu, de agu ho fĩ; na wɔasisi sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bon mu no [wɔ Yerusalem afasu a ɛwɔ kesee fam no akyi], de hyew [dɛn?] wɔn mmabanin ne wɔn mmabea ogya mu; nso menhyɛɛ wɔn sa, na ɛmmaa me komam da.”—Yer. 7:30, 31; hyɛ Leviticus 18:21; 20:2-5 nsow.
17. (a) Asemmisa bɛn na ɛsɔre a ɛfa mmɔborohunu a wobeyi no adi akyerɛ adesamma a wɔde wɔn bɔɔ afɔre horow no ne awofo a wɔde wɔn mma bɔɔ afɔre no ho? (b) Hena na ɔde adwene a ɛfa ɔdesani a wɔde no bɛbɔ afɔre ho no bae?
17 Enti, afei, sɛ ɛba mmɔborohunu a, hena na ɛsɛ sɛ yehu no mmɔbɔ pii kyɛn ne yɔnko? So ɛsɛ sɛ yeyi mmɔborohunu adi kyerɛ awofo abosonsomfo a Yehowa rebu wɔn atɛn no, anaasɛ mmabarima ne mmabea a wɔreteɛteɛm sũ bere a wɔde wɔn bɔ afɔre horow ma atoro nyame Molek (Ɔhene) wɔ afɔremuka tenten bi so wɔ Tofet wɔ Hinom ba bon no mu no? (Yer. 32:35) Ɛbɛyɛ dɛn na saa awofo a wonni ayamhyehye biara no de Molek, ohoninyame tirimɔdenfo no som ato ɔsom a ɛkɔ so wɔ asɔrefi kronkron a ɛwɔ saa obon no kusuu fam no ho? Ɛnyɛ Yehowa na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn mma mmɔ afɔre mma atoro nyame no. Saa adwene a ɛfa nnipa a wɔde wɔn bɔ afɔre yi ho no baa anyamesomfo a wɔawae afi nokware gyidi no ho no koma mu saa bere no, na ɛnyɛ biribi a ɛbaa Yehowa Nyankopɔn komam. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔde ɔsom a ɛte saa frafra Yehowa som mu no?
18. Sɛ wode saa tete afɔrebɔ ahorow yi to wɔn a Kristoman de wɔn abɔ afɔre a ennuu mfirihyia ɔha yi ho a, na dodow no te dɛn?
18 Sɛ yɛde mmofra a “Yuda mma” akobɔfo no de wɔn bɔɔ afɔre tete hɔ no to adesamma a Kristoman de wɔn abɔ afɔre ama n’anyame ahorow a wɔnyɛ Kristofo no wɔ mfehaha a atwam no mu no ho a, na mmofra a wɔde wɔn bɔɔ afɔre no dodow sua koraa. Ɛwom sɛ Kristoman boa pa ka sɛ ɛno ne Asomdwoe Hene no ahenni a wohu no de, nanso ɔde mmabarima ne mmabea pii a wontumi nkan wɔn abɔ afɔre ama ɔko nyame, Molek anaasɛ “Ɔhene” no. Nea ennuu mfirihyia ɔha ni a ɔde n’asɔre no mufo a wɔyɛ mmerante ne mmabaa a wɔn ho yɛ fɛ ɔpepem bebree abɔ afɔre wɔ wiase nyinaa akodi ahorow abien a wɔde asɛe ade na wɔde ahwie mogya agu sen biara wɔ abakɔsɛm mu no mu, ne afei nso wɔ akodi nketewa ahorow pii nso mu. Kristoman frɛ eyi sɛ Kristosom wɔ abususɛm mu. Obu saa afɔrebɔ ahorow yi sɛ “afɔrebɔ a ɛsen biara” a ɛma wɔn a wɔde wɔn abɔ afɔre no nya hokwan kɔ Kristo anim wɔ ɔsoro hɔ!
AFƆREBƆ AHOROW A ƐSƆ YEHOWA NYANKOPƆN ANI
19. Enti, dɛn na Kristoni a ɔde ne nipadua ma Onyankopɔn sɛ “afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron” no kyerɛ ma no?
19 Afɔrebɔ ahorow a ɛtete saa no nyɛ nea Yehowa Nyankopɔn kamfo kyerɛ ne Ba Yesu Kristo akyidifo no. Mmom, ɔde ne honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛw wɔ Romafo 12:1, 2 sɛ: “Enti, anuanom, migyina Onyankopɔn mmɔborohunu so mitu mo fo sɛ, momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔrebɔ a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo Nyankopɔn som a adwene wom no. Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.” Kristoni a ɔde ne nipadua ma sɛ “afɔrebɔ a ɛte ase a ɛyɛ kronkron” no nkyerɛ sɛ obekum ne ho anaasɛ ɔbɛma anyamesom mu ɔsɔfo bi akum no na ɔde no abɔ afɔre wɔ afɔremuka so. Ɛno renyɛ “Nyankopɔn som a adwene wom.” Mmom, ɛkyerɛ sɛ Kristoni no bɛtra ase sɛ obi a ɔde n’asetra abɔ afɔre wɔ Onyankopɔn som nti, na ɛnyɛ sɛ ɔbɛdan ne ho mogya-dansefo de akyerɛ afoforo.
20. Sɛ ɔtra ase wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ a “ɛsɔ Onyankopɔn ani” no so a, ɛnde afɔrebɔ ahorow bɛn na Kristoni a ɔte ase no betumi de ama Onyankopɔn?
20 Sɛ ɔkɔ so tra ase wɔ ɔkwan a “ɛsɔ Onyankopɔn ani” so a, nokware Kristoni no betumi de afɔrebɔ ahorow a wɔabobɔ din wɔ Hebrifo 13:15, 16 no ama Nyankopɔn: “Enti momma yɛmfa [Kristo, Onyankopɔn sɔfo panyin! no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛno ne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba. Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.”
21. Dɛn na Yehowa de sii ne nkurɔfo a wapaw wɔn no anim sɛ ɛyɛ ade a ehia titiriw kyɛn mmoa afɔrebɔ, enti na nnipa a wɔde wɔn bɛbɔ afɔre horow no nso ɛ?
21 Afɔrebɔ ahorow a wɔakyerɛkyerɛ mu no mma kwan sɛ yɛmfa Yehowa som no mfrafra ɔdesani anaasɛ aboa bi a yɛde no bɛbɔ afɔre ama wiase yi atoro anyame ro de mu. (Yes. 42:8) Ade titiriw a Onyankopɔn hwehwɛ fi ne nkurɔfo hɔ ne osetie, osetie a yɛbɛyɛ ama “Nyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no.” Bere a Yehowa gyee ne nkurɔfo a wapaw wɔn no fii tete Misraim nhyɛso a ekum nipa no mu no, wamfa afɔre a wɔde mmoa bɛbɔ ama no no ansi wɔn anim sɛ ade a edi kan a ɛsɛ sɛ wɔyɛ: “Na mmom asɛm yi ho mmara na mehyɛɛ wɔn sɛ: Muntie me, na mɛyɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman; na monnantew me kwan a mahyɛ mo ho mmara nyinaa so, na awie mo yiye.” (Yer. 7:22, 23; 1 Sam. 16:22) Enti sɛ Yehowa anhwehwɛ mmoa afɔrebɔ ahorow amfi nkurɔfo a wapaw no hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wahwehwɛ adesamma a wɔde wɔn bɛbɔ afɔre horow afi wɔn hɔ. Nnipa a wɔde wɔn bɛbɔ afɔre horow ama Baal anaasɛ Molek no amma “[Ne] komam da.”—Yer. 7:31.
22, 23. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipa mogya a Kristoman ahwie agu a ɛho kyerɛwtohɔ pii wɔ hɔ no nyinaa akyi no, wantumi amfa afɔre horow a ɛfata amma Onyankopɔn? (b) Dɛn na na ɛbɛba nea wɔde no yɛɛ ne ho mfonini wo tete hɔ no so a ɛbɛkyerɛ sɛ ɔbɛfa ne ho adi a wɔrentwe n’aso anaasɛ ɛnte saa?
22 Wɔ ne mogyahwiegu bebrebe a ɛho kyerɛwtohɔ wɔ hɔ no nyinaa akyi no, Kristoman mfaa nea ɛsɔ Onyankopɔn ani mmɔɔ no afɔre ɛ. Wanhu osetie a wɔyɛ ma Bible mu Nyankopɔn no wɔ ne ho. (Mika 6:6-8) De besi nnɛ yi ɔnsakraa n’adwene mfii n’atuatew kwan no so na wabɔ afɔre a ɛfata ama Onyankopɔn: “Onyankopɔn afɔre ne honhom a abubu; Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.” (Dw. 51:17) So Kristoman yɛ obi a ɔfata sɛ ɔfa ne ho di a wɔntwe n’aso? So ɔbɛfa ne ho adi a wɔntwe n’aso? Nea wɔde no yɛɛ ne ho mfonini wɔ tete hɔ, Yerusalem, nsa kaa asotwe a ɛfata no, sɛnea Yehowa kae no:
23 “Enti sɛ Awurade [Yehowa] se ni, hwɛ, nna bi reba, a wɔremfrɛ no Tofet, siebea a wonnya nti, na ɔman yi afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa, na wɔrennya obi mpam wɔn. Na megu Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so ahosɛpɛw nne ne anigye nne, ayeforokunu nne ne ayeforo nne, efisɛ asase no bɛdan amamfo.”—Yer. 7:32-34; 19:6-9.
24. Bere bɛn na saa nkɔmhyɛ a ɛyɛ aniberesɛm no baa mu wɔ tete hɔ?
24 Wɔanni nkɔmhyɛ a ɛyɛ aniberesɛm yi ho dwuma wɔ Ɔhene Yosia a odii ahoni-bubu ho dwuma na ohuraa mmeae ahorow a wɔsom Molek ne adaemone anyame afoforo wɔ hɔ no ho dwuma no nniso bere mu. (2 Ahe. 23:3-20) Tofet ne Hinom bon no a wɔdan no okum bon, a Yudafo afunu deda hɔ, a ɔdamoa biara nni hɔ a wobesie wɔn wɔ mu na wɔde akora wɔn so afi nnomaa ne wuram mmoa a wodi nam no ho no bae wɔ afe 607 A.Y.B. mu, bere a Yerusalem a Babilonfo de bere tenten atwa ho ahyia no hwee ase na wotwaa wɔn a wofii mu kae no asu kɔɔ akyirikyiri na kurow no dan amamfo a asɛe no. Yerusalem ne Yuda daa hɔ amamfo mfirihyia 70.—2 Be. 36:17-21.
25. Wɔ nea ɛkɔɔ so yi nti, Yeremia nkɔmhyɛ mmamu bɛn na Kristoman renguan mfi mu?
25 Kristoman a ɛwɔ hɔ nnɛ a adi mogya ho fɔ, ne n’abosonsom amanne ahorow, nnipa atetesɛm ahorow ne wiase nyansapɛ a wɔde afrafra Bible mu nkyerɛkyerɛ no bɛyɛ obi a ɛrensi no yiye te sɛ nea ansi nea wɔde no yɛɛ ne ho mfonini wɔ tete hɔ no yiye no. Ɔrenguan mfi Yehowa nkɔmhyɛ yi mmamu a obenya kyɛfa wɔ mu no mu: “Na ahum kɛse retu afi asase anoano. Na da no na Awurade [Yehowa] bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei, wɔrenyɛ wɔn ayi, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn, wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.” (Yer. 25:32, 33) Dabi! Kristoman remfi “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu. (Mat. 24:1, 2, 21, 22.) Afei nso, wɔn a aka a wɔhyɛ wiase atoro som ahemman no mu nyinaa bedi n’akyi pɛɛ akɔ ɔsɛe mu!
[Kratafa 3 adaka]
Yeremia nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu no twetwe wɔn a wɔdɔ trenee no adwene kɔ “nkwa kwan” no so. Afei nso ɛkyerɛkyerɛ ɔsɛe atemmu a Yehowa Nyankopɔn de bɛba atoro som ne amanaman a wɔsɔre tia n’apɛde no so no mu. Saa bere no abɛn! Enti bere adu sɛ “Ɔwɛn-Aban” no bɛkyerɛkyerɛ Yeremia nkɔmhyɛ no mmamu wɔ nnɛ bere mu no mu wɔ nea yɛatintim yi ne nea ebedidi so aba no mu.