-
“Hyɛ Wɔn Moma So Agyirae”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
5, 6. Nkurɔfo a wɔhyɛɛ wɔn agyirae no, dɛn na yebetumi aka afa wɔn ho? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)
5 Dɛn na na ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no bɛyɛ? Yehowa ankasa de adwuma kɛse bi hyɛɛ ne nsa sɛ: “Sen fa Yerusalem kurow no abɔnten so, na wɔn a wɔresi apini na wɔredi akyiwade a wɔreyɛ wɔ hɔ nyinaa ho abooboo no, hyɛ wɔn moma so agyirae.” Ɛbɛyɛ sɛ amonom hɔ ara na Hesekiel kaee sɛ bere bi na ɛsɛ sɛ Israelfo anokwafo a wɔyɛ awofo de mogya srasra wɔn fi pon atifi ne wɔn apongua ho de yɛ sɛnkyerɛnne na wɔankum wɔn mmakan. (Ex. 12:7, 22, 23) Ɛnde yemmisa sɛ, Hesekiel anisoadehu no mu no, adɛn nti na na ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no bɛhyɛ nkurɔfo agyirae? Ná ɛno nso bɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔahyɛ wɔn agyirae wɔ wɔn moma so no benya nkwa wɔ ɔsɛe a ɛreba Yerusalem so no mu anaa?
6 Sɛ yebenya asɛmmisa yi ho mmuae a, ɛsɛ sɛ yehu nea na wobegyina so ahyɛ obi moma so agyirae. Nkurɔfo a na ‘wɔresi apini na wɔredi abooboo’ wɔ akyiwade a na ɛrekɔ so ‘wɔ kurow no mu’ ho no, wɔn na na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn moma so agyirae. Ɛnde saa nkurɔfo no, dɛn na yebetumi aka afa wɔn ho? Baako ne sɛ, ɛnyɛ abosonsom a na ɛrekɔ so wɔ asɔrefi hɔ nko ara na na ama wɔn werɛ ahow, na mmom amumɔyɛ, ɔbrabɔne, ne nyansakorɔn a na ahyɛ Yerusalem ma no nso, na wɔredi ne nyinaa ho awerɛhow. (Hes. 22:9-12) Afei nso, yebetumi aka sɛ wɔmaa nkurɔfo hui sɛ wɔn ani nnye nea na ɛrekɔ so no ho. Wei ma yehu sɛ, nnipa komapafo a wɔte saa no, wɔn anom nsɛm ne wɔn nneyɛe maa obiara hui sɛ nokware som da wɔn koma so, na nneɛma a na ɛrekɔ so wɔ Yerusalem no nso, wokyi koraa. Ná Yehowa behu saa nkurɔfo a wɔfata no mmɔbɔ na wagye wɔn nkwa.
-
-
“Hyɛ Wɔn Moma So Agyirae”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
9, 10. Anokwafo a wonyaa wɔn ti didii mu bere a wɔsɛee Yerusalem no, wɔn mu bi ne henanom, na dɛn na yebetumi aka afa wɔn ho?
9 Kenkan 2 Beresosɛm 36:17-20. Hesekiel nkɔmhyɛ no baa mu afe 607 A.Y.B. mu. Saa bere no na Babilon asraafo sɛee Yerusalem ne n’asɔrefi no. Ná Babilonfo no akɔyɛ sɛ “kuruwa wɔ Yehowa nsam,” kyerɛ sɛ, wɔn na Yehowa nam wɔn so hwiee n’abufuw guu Yerusalem a anni nokware no so na ɔtwee kurow no mufo aso. (Yer. 51:7) Yemmisa sɛ, wokunkum obiara kɛkɛ anaa? Daabi. Hesekiel anisoadehu no kyerɛe sɛ ɛnyɛ obiara na Babilonfo no bɛsɛe no.—Gen. 18:22-33; 2 Pet. 2:9.
10 Anokwafo bi nyaa wɔn ti didii mu. Wɔn mu bi ne Rekabfo no, Etiopiani Ebed-Melek, odiyifo Yeremia, ne ne kyerɛwfo Baruk. (Yer. 35:1-19; 39:15-18; 45:1-5) Sɛ yɛhwɛ Hesekiel anisoadehu no a, yebetumi aka sɛ ‘akyiwade a na wɔreyɛ wɔ Yerusalem nyinaa,’ na saa nkurɔfo yi ‘resi ho apini,’ na na ‘wɔredi ho abooboo.’ (Hes. 9:4) Ɛda adi sɛ, ansa na ɔsɛe no reba no, saa nkurɔfo no maa obiara hui sɛ nokware som da wɔn koma so, na nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ Yerusalem no nso, wokyi koraa. Nea wɔyɛe no nti, na anidaso wɔ hɔ ma wɔn sɛ wobenya wɔn ti adidi mu.
11. Mmarima nsia a na wokurakura nnade a wɔde sɛe ade no ne ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no, wogyina hɔ ma henanom?
11 Anokwafo a wonyaa nkwa no, wohwɛ a, obi hyɛɛ da kyerɛkyerɛw ade guu wɔn moma so ankasa de hyɛɛ wɔn agyirae anaa? Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Hesekiel anaa odiyifo foforo bi kyinkyin Yerusalem hyehyɛɛ anokwafo no moma so agyirae. Wei nti, yebetumi aka sɛ na Hesekiel anisoadehu no reka biribi a na ɛrekɔ so wɔ ɔsoro ho asɛm, enti na nnipa rentumi mfa wɔn aniwa nhu. Anisoadehu no mu no, ɔbarima a na ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no ne mmarima nsia a na wokurakura nnade a wɔde sɛe ade no, wogyina hɔ ma Yehowa asomfo anokwafo a wɔwɔ soro a wɔayɛ krado bere nyinaa sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no. (Dw. 103:20, 21) Enti akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Yehowa de atemmu baa Yerusalem so no, ɔmaa n’abɔfo no hwɛe sɛ wɔrenkunkum obiara kɛkɛ; wɔhwɛ maa anokwafo no nyaa wɔn ti didii mu. Enti na akɔyɛ te sɛ nea abɔfo no rehyɛ saa nkurɔfo no moma so agyirae.
-