-
“Hyɛ Wɔn Moma So Agyirae”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
16. Yehowa nkurɔfo na wɔbɛhyɛ wɔn a wobegye wɔn nkwa no agyirae anaa? Kyerɛkyerɛ mu.
16 Ɛnyɛ Yehowa nkurɔfo na wɔbɛhyɛ wɔn a wobegye wɔn nkwa no agyirae. Hyɛ no nsow sɛ wɔanka ankyerɛ Hesekiel sɛ ɔno ankasa nkyinkyin Yerusalem na ɔnhyɛ afoforo agyirae mma nkwagye. Yehowa nkurɔfo a yɛwɔ hɔ nnɛ nso, wɔnka nkyerɛɛ yɛn sɛ yɛnhyɛ wɔn a wɔfata nkwagye no agyirae. Mmom, yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yenni saa adwuma yi ho agorɔ koraa? Ɛsɛ sɛ yɛde nsi ne ahokeka ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, na yɛyere yɛn ho bɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ wiase bɔne yi awiei abɛn paa. (Mat. 24:14; 28:18-20) Enti sɛ nnipa a wɔwɔ koma pa betumi abɛsom Yehowa nokwarem a, adwuma a yɛyɛ no ka ho bi.—1 Tim. 4:16.
17. Dɛn na ɛsɛ sɛ nkurɔfo yɛ nnɛ na wɔafata sɛ wɔhyɛ wɔn agyirae daakye?
17 Sɛ nkurɔfo benya nkwa wɔ ɔsɛe a ɛreba no mu a, ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi. Sɛnea yɛadi kan ahu no, wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ ɔsɛe a ɛbaa Yerusalem so afe 607 A.Y.B. mu no, ansa na ɔsɛe no reba no, saa nkurɔfo no ma ɛdaa adi sɛ nokware som da wɔn koma so, na nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ Yerusalem no nso, wokyi koraa. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte nnɛ. Ansa na ɔsɛe no bɛba no, nea ɛsɛ sɛ nkurɔfo yɛ ne sɛ ‘wobesi apini na wɔadi abooboo’ wɔ abɔnefosɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu ho. Nea wei kyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ wodi ho yaw kɛse wɔ wɔn koma mu. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔma obiara hu sɛ wɔn ani nnye nea ɛrekɔ so no ho koraa. Saa ara na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn anom nsɛm ne wɔn nneyɛe kyerɛ sɛ nokware som da wɔn koma so. Wɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛsɛ sɛ wotie asɛmpa a yɛka no, na wofi ase da Kristo suban no bi adi. Afei nso, ɛsɛ sɛ wohyira wɔn ho so ma Yehowa na wɔbɔ asu, na woyi wɔn yam boa Kristo nuanom no. (Hes. 9:4; Mat. 25:34-40; Efe. 4:22-24; 1 Pet. 3:21) Wɔn a wɔreyɛ saa nneɛma yi nnɛ, na wɔbɛkɔ so ara asom Yehowa nokwarem akosi sɛ ahohiahia kɛse no bɛba no, wɔn nko ara na wɔbɛhyɛ wɔn agyirae ama nkwagye.
18. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo bɛhyɛ wɔn a wɔfata no agyirae, na bere bɛn na ɔbɛyɛ saa adwuma no? (b) Anokwafo a wɔasra wɔn no, ɛho hia sɛ wɔhyɛ wɔn agyirae anaa? Kyerɛkyerɛ mu.
18 Yesu na ɔbɛhyɛ wɔn a wɔfata no agyirae, na ɛbɛkɔ so wɔ soro. Hesekiel bere so no, abɔfo ka ho bi na wɔhyɛɛ anokwafo agyirae maa nkwagye. Ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no, yɛn bere yi so no, ɔno ne Yesu Kristo, bere a ‘waba n’anuonyam mu’ sɛ amanaman nyinaa Temmufo no. (Mat. 25:31-33) Ahohiahia kɛse no mu no, sɛ wɔsɛe atoro som wie a, saa bere no na Yesu bɛba n’anuonyam mu.c Saa bere titiriw yi na Yesu bebu nkurɔfo atɛn sɛ wɔyɛ nguan anaa wɔyɛ mpɔnkye. Ɛno akyi pɛɛ na Armagedon befi ase. “Nnipakuw kɛse” no, wɔbɛhyɛ wɔn agyirae sɛ wɔyɛ nguan. Wei kyerɛ sɛ, ‘wɔbɛkɔ daa nkwa mu.’ (Adi. 7:9-14; Mat. 25:34-40, 46) Anokwafo a wɔasra wɔn no nso ɛ? Wɔn de, ɛho nhia sɛ wɔhyɛ wɔn agyirae ma wotwa Armagedon. Mmom, wobenya wɔn ahyɛnsode a etwa to no ansa na wɔawu anaa ansa na ahohiahia kɛse no afi ase. Afei, ansa na Armagedon befi ase no, wɔbɛfa wɔn a wɔda so wɔ asaase so no akɔ soro.—Adi. 7:1-3.
-
-
Apinisi Ne Abooboodi, Nkurɔfo a Wɔhyɛ Wɔn Agyirae, Ɔsɛe—Bere Bɛn Ne Ɔkwan Bɛn So?Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
“Nkurɔfo a wɔbɛhyɛ wɔn agyirae”
BERE BƐN: Ahohiahia kɛse no mu
ƆKWAN BƐN SO: Ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no gyina hɔ ma Yesu Kristo bere a ɔbɛba sɛ amanaman nyinaa Temmufo no. Nnipakuw kɛse no, wɔbɛhyɛ wɔn agyirae sɛ wɔyɛ nguan. Wei kyerɛ sɛ, wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Armagedon
-