-
Yehowa Kyi NsisiƆwɛn-Aban—2012 | August 1
-
-
“ONIPA di onipa so ma ewie no bɔne.” (Ɔsɛnkafo 8:9) Wɔkyerɛw saa nsɛm yi bɛyɛ mfe 3,000 ni, na ɛma yehu tebea a ɛwɔ wiase yi mu nnɛ. Baabiara a wobɛfa biara, ebinom de wɔn tumi sisi afoforo. Wɔtaa sisi nnipa a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ ne nnipa a wonni aboafo. Yehowa te nka dɛn wɔ saa nsisi no ho? Yebehu mmuae no wɔ Hesekiel 22:6, 7, 31.—Kenkan.
-
-
Yehowa Kyi NsisiƆwɛn-Aban—2012 | August 1
-
-
Hesekiel kaa asɛm yi wiei no, ɔde kwaadu bi bɔɔ atumfoɔ no, na ɛbɛyɛ sɛ na ɛfa wɔn a wodii atumfoɔ no akyi yɛɛ asoɔden tiaa Yehowa no nso ho. Hesekiel kae sɛ: “Wobu agya ne ɛna animtiaa.” (Nkyekyɛm 7) Esiane sɛ na ɔman no mfa obu a ɛfata mma awofo nti, ɛmaa mmusua gyigyae; na abusua no nso na na ɔman no ahoɔden gyina so.—Exodus 20:12.
Nnipa asisifo de wɔn ani sii wɔn a wonni aboafo so sisii wɔn. Mmara a Onyankopɔn de maa Israel no, ne nnyinaso ne ɔdɔ, enti sɛ nkurɔfo no bu mmara so a, ɛkyerɛ sɛ wɔabu wɔn ani agu saa nnyinaso a ɛne ɔdɔ no so. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo wɔ Mmara no mu sɛ wonnya atenka mma ahɔho a wɔtete wɔn mu no. (Exodus 22:21; 23:9; Leviticus 19:33, 34) Nanso nkurɔfo no ‘sisii’ ahɔho a na wɔtete wɔn mu no.—Nkyekyɛm 7.
Israelfo no teetee nea onni ɔboafo nso—“agyanka ne okunafo.” (Nkyekyɛm 7) Sɛ obi maame anaa ne papa wu anaasɛ ne hokafo wu a, n’asɛm yɛ Yehowa mmɔbɔ paa. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɔno ankasa bebu wɔn a wɔteetee nnyanka ne akunafo no atɛn.—Exodus 22:22-24.
-