BIBLE MU AKORADE | HESEKIEL 1-5
Hesekiel De Anigye Bɔɔ Onyankopɔn Asɛm Dawuru
Hesekiel nyaa anisoadehu bi. Anisoadehu no mu no, Yehowa maa no nhoma mmobɔwee sɛ onni. Ná ɛno kyerɛ sɛn?
Ná ɛsɛ sɛ Hesekiel ma Onyankopɔn asɛm no kɔ ne mu yiye. Nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no, na ɛsɛ sɛ Hesekiel dwennwen ho ma esian kɔ ne komam, na epusuw no ma ɔka ho asɛm
Hesekiel kɔɔ so de adwempa yɛɛ n’adwuma no, enti nhoma mmobɔwee no yɛɛ no dɛ