Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Gog, Hwɛ, Me Ne Wo Wɔ Asɛm”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
    • “Asaase No”—Egyina Hɔ Ma Dɛn?

      11. “Asaase” a Gog bɛtow ahyɛ so no, Hesekiel nkɔmhyɛ no kaa ho asɛm sɛn?

      11 Sɛnea yehui wɔ nkyekyɛm 3 no, sɛ Gog a ofi Magog tow hyɛ asaase a ɛsom bo ma Yehowa no so a, ɛbɛma Yehowa abufuw adɛw. Yemmisa sɛ, dɛn ne saa asaase yi? Ma yɛnsan nhwɛ Hesekiel nkɔmhyɛ no. (Kenkan Hesekiel 38:8-12.) Nkɔmhyɛ no ka sɛ “wɔn a wɔagye wɔn” a “wɔaboa wɔn ano afi amanaman mu” no, Gog bɛtow ahyɛ wɔn “asaase” so. Wɔn a wɔagye wɔn a wɔte asaase no so no, hwɛ nea kyerɛwsɛm no san ka fa wɔn ho: ‘Wɔte hɔ dwoodwoo’; baabi a wɔte no, “wonni ɔfasu, na adaban ne apon mpo wonni bi”; afei nso ‘wɔanya ahode pii.’ Asaase a yɛreka ho asɛm yi, ɛno na Yehowa asomfo anokwafo a wɔwɔ wiase baabiara no te so. Yɛbɛyɛ dɛn ahu nea saa asaase yi gyina hɔ ma?

      12. Bere a Israelfo no fii Babilon bae no, nsakrae bɛn na ɛbaa wɔn asaase no so?

      12 Ade baako a ɛbɛboa yɛn ni: Tete Israel asaase a ɛdaa mpan bere a wotuu Onyankopɔn nkurɔfo fii wɔn asaase so no, momma yensusuw ho kakra. Asɛm no ne sɛ, Israel asaase no so na na Onyankopɔn nkurɔfo te. Ɛhɔ na na wɔyɛ adwuma. Ɛhɔ ara nso na na wɔasom Yehowa mfehaha pii. Bere a Israelfo no yɛɛ asoɔden no, Yehowa nam Hesekiel so ka too hɔ sɛ wɔn asaase no bɛsɛe pasaa ma adan amamfo. (Hes. 33:27-29) Nanso Yehowa san hyɛɛ nkɔm sɛ, ne nkurɔfo a wɔde wɔn bɛkɔ Babilon no, wɔn mu bi benu wɔn ho, na wɔbɛsan aba wɔn asaase so abɛsom Yehowa nokwarem bio. Yehowa behyira wɔn, na Israel asaase no bɛsan ayɛ yiye, na ayɛ frɔmfrɔm “sɛ Eden turo.” (Hes. 36:34-36) Afe 537 A.Y.B. no, Yudafo a na wɔwɔ Babilon no san kɔɔ Yerusalem. Ná wɔn kurow no da wɔn koma so, na wɔkɔe no, wɔmaa nokware som so bio.

      13, 14. (a) Ɛnnɛ, asaase bɛn na Yehowa nkurɔfo te so? (b) Adɛn nti na saa asaase yi som bo ma Yehowa paa?

      13 Biribi a ɛte saa asi wɔ yɛn bere yi so. Onyankopɔn ama nokware som so bio ama n’asomfo anokwafo. Sɛnea yehui wɔ nhoma yi Ti 9 no, Babilon Kɛse no bunkam Onyankopɔn nkurɔfo so bere tenten. Nanso Onyankopɔn nkurɔfo dee wɔn ho afe 1919. Saa afe no, Yehowa de ne nkurɔfo a wɔsom no nokwarem no kɔtenaa asaase bi so wɔ sɛnkyerɛnne kwan so anaa honhom fam paradise mu. Sɛnea nokware Nyankopɔn no ahyira yɛn na wabɔ yɛn ho ban ma yetumi som no no, ɛno ne honhom fam paradise no. Yɛn nyinaa te hɔ kama, yɛwɔ ahobammɔ, na yɛn asom dwo yɛn. (Mmeb. 1:33) Yenya honhom fam aduan pii. Afei nso, yɛyere yɛn ho ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm, na ɛno ma yɛn koma tɔ yɛn yam. Anokwa, yɛahu sɛ saa abebusɛm yi yɛ nokware: “Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefo, na Ɔmfa yaw biara nka ho.” (Mmeb. 10:22) Enti, ɛmfa ho baabi a yɛte wɔ wiase no, sɛ yɛkɔ so de yɛn nneyɛe ne yɛn kasa kyerɛ sɛ yɛtaa nokware som akyi a, ɛkyerɛ sɛ, yɛte saa asaase no so; yɛwɔ honhom fam paradise no mu.

      14 Saa asaase no som bo ma Yehowa paa. Adɛn ntia? Wɔn a wɔte asaase no so no, Yehowa bu wɔn sɛ “aman nyinaa mu nneɛma a ɛsom bo.” Ɔno na watwe wɔn nyinaa aba nokware som mu. (Hag. 2:7; Yoh. 6:44) Wɔreyere wɔn ho paa sɛ wobenya suban foforo; wei kyerɛ sɛ, wɔresuasua Onyankopɔn suban a ɛyɛ fɛ no. (Efe. 4:23, 24; 5:1, 2) Wɔsom Yehowa nokwarem, enti biribiara a wɔyɛ wɔ Yehowa som mu no, wɔde wɔn ahoɔden nyinaa na ɛyɛ. Wohwɛ ɔkwan a wɔfa so som Yehowa a, wuhu sɛ wɔdɔ no, na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ no anuonyam. (Rom. 12:1, 2; 1 Yoh. 5:3) Sɛ Yehowa hu sɛ n’asomfo reyere wɔn ho paa sɛ wɔbɛma honhom fam paradise no ayɛ fɛ a, anigye a onya no, yɛrentumi nka. Wo de, susuw ho hwɛ: Sɛ wode nokware som di kan wɔ w’asetenam a, woma honhom fam paradise no yɛ fɛ, na wosan ma Yehowa koma tɔ ne yam!—Mmeb. 27:11.

      Mfoni ahorow: Yehowa asomfo. 1. Anuanom mmarima ne mmea rebɔ nkɔmmɔ wɔ Ahenni Asa so, na wɔn ani agye. 2. Anuanom mmarima ne mmea resiesie Ahenni Asa bi. 3. Onua bi a ɔda afiase rebɔ mpae. 4. Awarefo bi akɔsra onuawa bi a ɔda ayaresabea.

      Ɛmfa ho baabi a yɛwɔ no, sɛ yɛkɔ so taa nokware som akyi a ɛkyerɛ sɛ, yɛte honhom fam paradise no mu (Hwɛ nkyekyɛm 13, 14)

  • “Gog, Hwɛ, Me Ne Wo Wɔ Asɛm”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
    • 16 Bere bɛn na Gog a ofi Magog bɛtow ahyɛ yɛn honhom fam paradise no so? Nkɔmhyɛ no bua sɛ: ‘Mfe a edi akyiri mu no, wobɛtow ahyɛ asaase no so.’ (Hes. 38:8) Wei ma yehu sɛ, sɛ aka kakraa bi ma wiase no akɔ n’awiei a, ɛnna Gog bɛtow ahyɛ yɛn honhom fam paradise no so. Kae sɛ, sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse anaa wiase atoro som nyinaa a, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no afi ase. Sɛ wɔsɛe atoro som wie a, ɛno akyi na Gog de n’ahoɔden nyinaa bɛtow ahyɛ nokware som mufo so. Ɔbɛyɛ saa ansa na Armagedon afi ase.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena