-
“Gog, Hwɛ, Me Ne Wo Wɔ Asɛm”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
19. Dɛn na ɛbɛma Gog ayɛ n’adwene sɛ obegye agyapade soronko a yɛwɔ no afi yɛn nsam?
19 Gog benya adwemmɔne bi. Amanaman no ‘bedwen adwemmɔne.’ Nea ɛte ne sɛ, efi tete besi nnɛ nyinaa, wiase aman no atan Yehowa asomfo. Wei nti, wɔde abufuw bɛba yɛn so. Saa bere no, ɛbɛyɛ te sɛ nea Yehowa asomfo nni ahobammɔ biara; ɛbɛyɛ te sɛ nea ‘yɛtete hɔ a yenni ɔfasu, na adaban ne apon mpo yenni bi.’ Afei nso, aman no ho bɛpere wɔn sɛ ‘wobenya nneɛma pii afom’ afi yɛn a ‘yɛanya ahode pii’ no hɔ. (Hes. 38:10-12) “Ahode” bɛn na kyerɛwsɛm no reka ho asɛm yi? Yehowa nkurɔfo wɔ honhom fam ahode pii. Agyapade a ɛsom bo ma yɛn paa ne nokware som a yɛde ma Yehowa nko ara no. Nanso amanaman no bɛyɛ wɔn adwene sɛ, saa agyapade soronko a yɛwɔ no, wobegye afi yɛn nsam. Ɛnyɛ sɛ ebia ɛsom bo ma wɔn ntia, na mmom, wokyi nokware som, na wɔn a wɔtaa nokware som akyi nyinaa nso, wɔtan wɔn.
Gog ‘benya adwemmɔne’ bi sɛ ɔbɛpopa nokware som afi asaase so, nanso ɛrenyɛ yiye (Hwɛ nkyekyɛm 19)
-