-
“Eyi Ne Asɔrefi No Ho Mmara”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Hesekiel Anisoadehu No Mu Nnɛ?
13, 14. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ yɛn bere yi mu nso, Hesekiel asɔrefi ho anisoadehu no renya mmamu? (b) Akwan mmienu bɛn so na yenya anisoadehu no so mfaso nnɛ? (Hwɛ adaka 13A a wɔato din, “Ɛsono Asɔrefi No Mu Biara, Ɛnna Ɛsono Nea Emu Biara Kyerɛ” no nso.)
13 Enti yebetumi aka paa sɛ Hesekiel asɔrefi ho anisoadehu no fa yɛn ho nnɛ? Yiw! Kae sɛ Hesekiel anisoadehu no ne Yesaia nkɔmhyɛ bi di nsɛ. Hesekiel hui sɛ Onyankopɔn asɔrefi kronkron no si “bepɔw tenten bi so,” na Yesaia nso hyɛɛ nkɔm sɛ “Yehowa fi bepɔw betim wɔ mmepɔw atifi.” Yesaia hyɛɛ da kaa sɛ ne nkɔmhyɛ no bɛbam wɔ “awiei nna,” anaa “nna a edi akyiri” no mu. (Hes. 40:2; Yes. 2:2-4; ase hɔ asɛm; hwɛ Mika 4:1-4 nso.) Enti nkɔmhyɛ ahorow yi fa nna a edi akyiri no ho, na efii ase nyaa mmamu afe 1919. Nea enti a ɛte saa ne sɛ efi saa afe no reba no, wɔama nokware som so, te sɛ nea wɔde asi bepɔw tenten bi so.b
14 Ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ, Hesekiel anisoadehu no fa nokware som a yɛde rema Yehowa nnɛ no ho. Sɛnea tete Yudafo a na wɔwɔ Babilon no nyaa anisoadehu no so mfaso no, yɛn nso, ɛboa yɛn wɔ akwan mmienu so. (1) Ɛboa yɛn ma yehu ɔkwan a yɛbɛfa so asom Yehowa sɛnea ɔpɛ. (2) Ɛma yenya awerɛhyem sɛ wɔbɛma nokware som so bio, na yebenya Yehowa nhyira.
-
-
Nea Yebetumi Asua Afi Asɔrefi Ho Anisoadehu a Hesekiel Nyae No MuNokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
Wɔama Nokware Som So Na Wɔabɔ Ho Ban Afi Nkekae Ho
Asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, na esi “bepɔw tenten bi so” (1). Yemmisa sɛ, yɛn nso, yɛama nokware som so, kyerɛ sɛ, ɛno ne ade a ɛho hia yɛn sen biara wɔ yɛn asetenam anaa?
-