-
“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
1, 2. Sɛnea Hesekiel 47:1-12 ka no, dɛn na Hesekiel hui, na dɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)
ASƆREFI ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, ɔsan huu ade foforo bi a ɛyɛ nwonwa wom: Ohui sɛ na nsu bi resen fi asɔrefi hɔ! Ná nsu no ani tew paa, na wo de, hwɛ sɛ ɔde n’ani di akyi rehwɛ baabi a ɛretene kɔ no. (Kenkan Hesekiel 47:1-12.) Ná nsu no resen fi kronkronbea no kwan ano; afei nsu no pue fii asɔrefi no mu. Baabi a nsu no pue fii no, na ɛbɛn ɔpon a ɛwɔ apuei fam no. Ɔbɔfo a na odi Hesekiel anim no de no fii asɔrefi hɔ, na wɔrekɔ nyinaa, na ɔbɔfo no resusuw kwan a wɔretwa no. Bere a wɔrekɔ no, ɛwom ara a na ɔbɔfo no aka akyerɛ Hesekiel sɛ onsi nsu no mu. Odiyifo no hui sɛ bere a nsu no retene kɔ no, na dɔ ara na emu redɔ. Ankyɛ koraa na nsu no yiri bɛyɛɛ asubɔnten a emu dɔ paa, enti na Hesekiel rentumi nnantew mfa mu ntwa, gye sɛ ɔboro!
-
-
“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
4. (a) Asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, na ɛbɛma Yudafo no ahwɛ kwan sɛ wobenya nhyira afi Yehowa hɔ. Ɛyɛ nhyira bɛn? (b) Yɛhwɛ sɛnea Bible de nsɛmfua “asubɔnten” ne “nsu” di dwuma a, sɛn na ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira ne nkurɔfo? (Hwɛ adaka a wɔato din “Nsubɔnten a Efi Yehowa Hɔ a Ɛde Nhyira Nam.”)
4 Asubɔnten a ɛde nhyira nam. Bible taa de nsubɔnten ne nsu gyina hɔ ma nhyira a efi Yehowa hɔ. Hesekiel hui sɛ asubɔnten bi a ɛte saa resen fi asɔrefi hɔ. Enti yebetumi aka sɛ, anisoadehu no maa Onyankopɔn nkurɔfo no hui sɛ, sɛ wɔkɔ so som Yehowa nokwarem a wobenya ne nhyira. Nhyira bɛn na yɛreka ho asɛm yi? Ɛne sɛ, na asɔfo no bɛsan de Onyankopɔn asɛm akyerɛkyerɛ wɔn bio. Ɛnyɛ ɛno nko, sɛ wofi ase bɔ afɔre wɔ asɔrefi hɔ a, na wobetumi anya awerɛhyem bio sɛ Yehowa de wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. (Hes. 44:15, 23; 45:17) Ɛba saa a, na wɔn ho bɛsan atew te sɛ nea wɔde nsu a ani tew a ɛresen fi asɔrefi hɔ no aguare wɔn.
-