Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
    • 10, 11. (a) Ɛnnɛ, nhyira bɛn na yɛrenya a ɛte sɛ asubɔnten? (b) Nhyira a efi Yehowa hɔ no, sɛn na emu atrɛw ama aso nnipa pii so wɔ nna a edi akyiri yi mu?

      10 Asubɔnten a ɛde nhyira nam. Nsu a na ɛresen fi Yehowa fi no, ɛma yɛkae nhyira a yɛrenya nnɛ. Ɛyɛ nhyira bɛn? Ɛyɛ biribiara a Yehowa de ma yɛn a ɛboa ma yɛne no ntam yɛ papa. Emu kɛse paa ne Kristo agyede afɔre no. Ɛno na wɔnam so tew yɛn ho, na ɛma wotumi de yɛn bɔne kyɛ yɛn. Afei nso, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ, nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, ɛte sɛ nkwa nsu a etumi tew yɛn ho. (Efe. 5:25-27) Saa nhyira yi, sɛn na ɛresen wɔ yɛn bere yi so?

  • Nsu a Ɛresen Nkakrankakra No Yiri Bɛyɛɛ Asubɔnten!
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
    • Nsu a Ɛresen Nkakrankakra No Yiri Bɛyɛɛ Asubɔnten!

      Hesekiel hui sɛ nsu bi resen fi Yehowa kronkronbea hɔ. Bere a nsu no pue fii hɔ no, na ɛresen nkakrankakra, nanso ɛkɔɔ n’anim bɛyɛ kwansin baako no, na ayiri adan asubɔnten a emu dɔ! Afei, Hesekiel hui sɛ nnua kusuu sisi asubɔnten no ho. Saa nnua no ma aduan, na ɛsa yare. Dɛn na wei nyinaa kyerɛ?

      Nsu bi resen nkakrankakra fi Yehowa kronkronbea hɔ; ayiri adan asubɔnten a emu dɔ. Ahyɛnsode a esisi asubɔnten no ho kyerɛ sɛnea nsu no mu dɔ bere a ɛretene kɔ n’anim no. Basafa 1,000: ɛdeda nankɔn. Basafa 2,000: ɛdeda kotodwe. Basafa 3,000: ɛdeda asen. Basafa 4,000: ɛnyɛ nsu a obi betumi anantew afa mu atwa.

      Asubɔnten No De Nhyira Na Ɛnam

      TETE: Bere a Yehowa nkurɔfo no san baa wɔn kurom na wɔsan fii ase som no nokwarem wɔ asɔrefi hɔ no, wonyaa nhyira

      ƐNNƐ: Afe 1919 no, wɔmaa nokware som so bio. Abue kwan ama Onyankopɔn asomfo anokwafo anya honhom fam nhyira pii. Nhyira a yenya no, ɛso bi mmae da

      DAAKYE: Armagedon akyi no, nhyira a Yehowa de bɛma yɛn no bɛyɛ honam fam de ne honhom fam de

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena