-
“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
1, 2. Sɛnea Hesekiel 47:1-12 ka no, dɛn na Hesekiel hui, na dɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ ti yi mfiase no.)
ASƆREFI ho anisoadehu a Hesekiel nyae no, ɔsan huu ade foforo bi a ɛyɛ nwonwa wom: Ohui sɛ na nsu bi resen fi asɔrefi hɔ! Ná nsu no ani tew paa, na wo de, hwɛ sɛ ɔde n’ani di akyi rehwɛ baabi a ɛretene kɔ no. (Kenkan Hesekiel 47:1-12.) Ná nsu no resen fi kronkronbea no kwan ano; afei nsu no pue fii asɔrefi no mu. Baabi a nsu no pue fii no, na ɛbɛn ɔpon a ɛwɔ apuei fam no. Ɔbɔfo a na odi Hesekiel anim no de no fii asɔrefi hɔ, na wɔrekɔ nyinaa, na ɔbɔfo no resusuw kwan a wɔretwa no. Bere a wɔrekɔ no, ɛwom ara a na ɔbɔfo no aka akyerɛ Hesekiel sɛ onsi nsu no mu. Odiyifo no hui sɛ bere a nsu no retene kɔ no, na dɔ ara na emu redɔ. Ankyɛ koraa na nsu no yiri bɛyɛɛ asubɔnten a emu dɔ paa, enti na Hesekiel rentumi nnantew mfa mu ntwa, gye sɛ ɔboro!
-
-
“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
5. Sɛ na obi suro sɛ anhwɛ a na nhyira no bi anso no so a, sɛn na asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no bɛka ne koma ato ne yam?
5 Yemmisa sɛ, nhyira no, na ɛbɛdɔɔso ma aso obiara so anaa? Ná ɛnsɛ sɛ obiara suro sɛ anhwɛ a na nhyira no bi anso no so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, anisoadehu no ma yehu sɛ bere a nsu no retene kɔ anim no, wohwɛ sɛnea na emu retrɛw no a, na ɛyɛ nwonwa. Bere a nsu no pue fii asɔrefi hɔ no, na ɛresen nkakrankakra, nanso ɛkɔɔ n’anim bɛyɛ kwansin baako no, na ayiri adan asubɔnten! (Hes. 47:3-5) Wei kyerɛ sɛ, sɛ Yudafo no san kɔtena wɔn kurom na wɔn dodow kɔ anim mpo a, Yehowa nhyira mu bɛtrɛw ama obiara anya bi. Enti asubɔnten no maa Yudafo no hui sɛ Yehowa nhyira bebu so!
-