-
“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
11 Afe 1919 mu no, na Yehowa asomfo bɛyɛ 5,000 pɛ na wɔwɔ wiase, na na wɔn nsa ka honhom fam aduan a wohia. Wei maa wɔn ani gyei paa. Efi saa bere no, wɔn dodow kɔɔ anim. Ɛnnɛ, Onyankopɔn nkurɔfo dodow boro ɔpepem nwɔtwe. Yemmisa sɛ, Bible mu nokwasɛm a ɛte sɛ nsu no, ɛso yɛn nyinaa so anaa? Yiw! Yɛn nsa ka honhom fam aduan a yehia ma ɛboro so. Yɛhwɛ mfe ɔha a atwam no a, Onyankopɔn nkurɔfo nsa kaa Bible, nhoma, nsɛmma nhoma, nhomawa, ne nkratawa ɔpepepem pii. Sɛnea yɛabehu no, asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no, bere a ɛretene kɔ anim nyinaa na emu retrɛw. Saa ara na nnɛ, honhom fam aduan adɔɔso paa. Enti nnipa a Onyankopɔn Asɛm ho sukɔm de wɔn wɔ wiase nyinaa no, wɔn nsa ka bi. Yefii ase tintim Bible ho nhoma no, akyɛ paa. Seesei nea yɛde abɛka ho ne jw.org wɛbsaet no. Wokɔ hɔ a, wubenya honhom fam aduan pii. Nneɛma a egu hɔ no, ɛwɔ kasa bɛboro 1,000 mu! Saa Bible mu nokwasɛm a ɛte sɛ nsu no, sɛn na aboa nnipa komapafo?
-