Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
    • 2 Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ asubɔnten no bɛtene akɔbɔ Ɛpo a Awu no mu. Ɛpo a Awu no, emu nsu yɛ nkyenenkyene, na nneɛma a nkwa wom ntumi ntena mu. Nanso bere a asubɔnten no kɔbɔɔ mu no, baabiara a nsu no kɔe no, ɛsaa po no mu nsu yare. Wei maa mpataa pii baa po no mu. Afei, Hesekiel hui sɛ nnua ahorow pii sisi asubɔnten no ho. Saa nnua no, bosome biara ɛsow aba foforo a ahoɔden wom, na ne nhaban no, wɔde sa yare. Nneɛma a Hesekiel hui yi nyinaa, yebetumi aka sɛ ɛmaa ne koma tɔɔ ne yam, na ɛma onyaa anidaso. Nanso yemmisa sɛ, asɔrefi ho anisoadehu no fã yi, na ɛfa Hesekiel ne ne mfɛfo a na ɔne wɔn wɔ Babilon no ho sɛn? Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso, ɛfa yɛn ho sɛn?

  • “Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
    • 6. (a) Ɛbɔ bɛn na Yehowa nam anisoadehu yi so hyɛɛ ne nkurɔfo no? (b) Kɔkɔbɔ bɛn nso na ɛwɔ anisoadehu no mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

      6 Nsu a ɛma nkwa. Hesekiel anisoadehu no mu no, asubɔnten no sen kɔbɔɔ Ɛpo a Awu no mu. Ɛbaa saa no, po no fã kɛse no ara, nkwa baa mu. Hyɛ no nsow sɛ nsu no maa mpataa ahorow pii baa Ɛpo a Awu no mu. Mpataa ahorow a ɛbaa Ɛpo a Awu no mu no, na ɛte sɛ mpataa ahorow a ɛwɔ Ɛpo Kɛse, anaa Mediterranea Po no mu. Biribi foforo wɔ anisoadehu no mu a ɛma yehu sɛ mpataa pii baa Ɛpo a Awu no mu. Ɛne sɛ, na nkurow mmienu bi da po no ano, na na nkurow no ntam kwan ware. Sɛ wufi kurow baako so rekɔ foforo so a, wubehu sɛ na nkurɔfo redi mpataa ho gua wɔ mpoano hɔ. Ɔbɔfo no san kaa sɛ: “Baabiara a asubɔnten no bɛkɔ no, biribiara a ɛwɔ hɔ benya nkwa.” Nanso wei kyerɛ sɛ nsu a ɛsen fii Yehowa fi hɔ no kɔɔ Ɛpo a Awu no fã biara? Daabi. Ɔbɔfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, po no afã bi a na ɛyɛ atɛkyɛ no, nsu a ɛma nkwa no annu hɔ. Saa mmeae no de, na “ɛbɛyɛ nkyenenkyene.”b (Hes. 47:8-11) Enti Yehowa nam anisoadehu yi so hyɛɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ nokware som bɛma wɔanya nkwa na wɔanya nkɔso. Nanso na kɔkɔbɔ bi wɔ anisoadehu no mu. Ɛne sɛ: Ɛnyɛ obiara na obegye Yehowa nhyira no atom; ɛnyɛ obiara nso na obenya ayaresa.

    • a Biribi foforo wɔ hɔ a enti yebetumi aka sɛ, ɛbɛyɛ sɛ Yudafo no annya adwene sɛ nsu a ɛresen no yɛ asubɔnten ankasa. Ɛne sɛ, Hesekiel kae sɛ, nsu a ɛretene no, efi asɔrefi a esi bepɔw tenteenten bi so na ɛreba. Nanso, Yudafo a na wɔkae sɛnea wɔn asaase no te no, na wonim sɛ bepɔw tenten biara saa nni wɔn kurom hɔ a asɔrefi si so. Ɛno da nkyɛn a, anisoadehu no mu no, ɛte sɛ nea asubɔnten no sen kɔbɔɔ Ɛpo a Awu no mu a biribiara ansiw no kwan. Nanso wohwɛ sɛnea na Bɔhyɛ Asaase no te a, na ɛrentumi nyɛ yiye saa.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena