-
“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
2 Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ asubɔnten no bɛtene akɔbɔ Ɛpo a Awu no mu. Ɛpo a Awu no, emu nsu yɛ nkyenenkyene, na nneɛma a nkwa wom ntumi ntena mu. Nanso bere a asubɔnten no kɔbɔɔ mu no, baabiara a nsu no kɔe no, ɛsaa po no mu nsu yare. Wei maa mpataa pii baa po no mu. Afei, Hesekiel hui sɛ nnua ahorow pii sisi asubɔnten no ho. Saa nnua no, bosome biara ɛsow aba foforo a ahoɔden wom, na ne nhaban no, wɔde sa yare. Nneɛma a Hesekiel hui yi nyinaa, yebetumi aka sɛ ɛmaa ne koma tɔɔ ne yam, na ɛma onyaa anidaso. Nanso yemmisa sɛ, asɔrefi ho anisoadehu no fã yi, na ɛfa Hesekiel ne ne mfɛfo a na ɔne wɔn wɔ Babilon no ho sɛn? Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso, ɛfa yɛn ho sɛn?
-
-
“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
6. (a) Ɛbɔ bɛn na Yehowa nam anisoadehu yi so hyɛɛ ne nkurɔfo no? (b) Kɔkɔbɔ bɛn nso na ɛwɔ anisoadehu no mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)
6 Nsu a ɛma nkwa. Hesekiel anisoadehu no mu no, asubɔnten no sen kɔbɔɔ Ɛpo a Awu no mu. Ɛbaa saa no, po no fã kɛse no ara, nkwa baa mu. Hyɛ no nsow sɛ nsu no maa mpataa ahorow pii baa Ɛpo a Awu no mu. Mpataa ahorow a ɛbaa Ɛpo a Awu no mu no, na ɛte sɛ mpataa ahorow a ɛwɔ Ɛpo Kɛse, anaa Mediterranea Po no mu. Biribi foforo wɔ anisoadehu no mu a ɛma yehu sɛ mpataa pii baa Ɛpo a Awu no mu. Ɛne sɛ, na nkurow mmienu bi da po no ano, na na nkurow no ntam kwan ware. Sɛ wufi kurow baako so rekɔ foforo so a, wubehu sɛ na nkurɔfo redi mpataa ho gua wɔ mpoano hɔ. Ɔbɔfo no san kaa sɛ: “Baabiara a asubɔnten no bɛkɔ no, biribiara a ɛwɔ hɔ benya nkwa.” Nanso wei kyerɛ sɛ nsu a ɛsen fii Yehowa fi hɔ no kɔɔ Ɛpo a Awu no fã biara? Daabi. Ɔbɔfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, po no afã bi a na ɛyɛ atɛkyɛ no, nsu a ɛma nkwa no annu hɔ. Saa mmeae no de, na “ɛbɛyɛ nkyenenkyene.”b (Hes. 47:8-11) Enti Yehowa nam anisoadehu yi so hyɛɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ nokware som bɛma wɔanya nkwa na wɔanya nkɔso. Nanso na kɔkɔbɔ bi wɔ anisoadehu no mu. Ɛne sɛ: Ɛnyɛ obiara na obegye Yehowa nhyira no atom; ɛnyɛ obiara nso na obenya ayaresa.
-
-
Nsu a Ɛresen Nkakrankakra No Yiri Bɛyɛɛ Asubɔnten!Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
Nsu a Ɛma Nkwa
TETE: Yehowa hyiraa ne nkurɔfo a wɔyɛɛ osetie no ma wotumi som no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Bere a wɔn dodow kɔɔ anim mpo no, ne nhyira soo wɔn nyinaa so
ƐNNƐ: Honhom fam paradise a emu retrɛw no, ba ara na nnipa reba mu, na Yehowa nhyira mu atrɛw ma ɛso wɔn nyinaa so. Enti yɛn nyinaa tumi som Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so
DAAKYE: Wɔn a wobetwa Armagedon no, wobenyan nnipa ɔpepem pii abɛka wɔn ho, na Yehowa nhyira bɛso wɔn nyinaa so
-
-
“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
12. (a) Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, sɛn na yɛahu sɛ aboa nkurɔfo? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na ɛwɔ anisoadehu no mu a ɛso wɔ mfaso nnɛ? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)
12 Nsu a ɛma nkwa. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Baabiara a asubɔnten no bɛkɔ no, biribiara a ɛwɔ hɔ benya nkwa.” Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, wo de, hwɛ sɛnea aboa wɔn a wɔaba yɛn honhom fam paradise no mu nyinaa. Saa nokwasɛm yi ama nnipa ɔpepem pii anya nkwa ne ayaresa wɔ honhom fam. Nanso, kɔkɔbɔ bi nso wɔ anisoadehu no mu a ɛso wɔ mfaso nnɛ. Ɛne sɛ: Ɛnyɛ obiara na ɔbɛkɔ so atena nokware no mu. Yɛbɛkae a, anisoadehu a Hesekiel nyae no mu no, ohuu awora ne atɛkyɛ wɔ Ɛpo a Awu no afã bi. Saa ara na nnipa bi wɔ hɔ a, ebedu baabi no, wɔremfa nokware a ɛwɔ Bible mu no mmɔ wɔn bra, na wɔbɛtwe wɔn ho afi Yehowa ho.c Mommma yɛnnyɛ saa da!—Kenkan Deuteronomium 10:16-18.
-