-
“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
6. (a) Ɛbɔ bɛn na Yehowa nam anisoadehu yi so hyɛɛ ne nkurɔfo no? (b) Kɔkɔbɔ bɛn nso na ɛwɔ anisoadehu no mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)
6 Nsu a ɛma nkwa. Hesekiel anisoadehu no mu no, asubɔnten no sen kɔbɔɔ Ɛpo a Awu no mu. Ɛbaa saa no, po no fã kɛse no ara, nkwa baa mu. Hyɛ no nsow sɛ nsu no maa mpataa ahorow pii baa Ɛpo a Awu no mu. Mpataa ahorow a ɛbaa Ɛpo a Awu no mu no, na ɛte sɛ mpataa ahorow a ɛwɔ Ɛpo Kɛse, anaa Mediterranea Po no mu. Biribi foforo wɔ anisoadehu no mu a ɛma yehu sɛ mpataa pii baa Ɛpo a Awu no mu. Ɛne sɛ, na nkurow mmienu bi da po no ano, na na nkurow no ntam kwan ware. Sɛ wufi kurow baako so rekɔ foforo so a, wubehu sɛ na nkurɔfo redi mpataa ho gua wɔ mpoano hɔ. Ɔbɔfo no san kaa sɛ: “Baabiara a asubɔnten no bɛkɔ no, biribiara a ɛwɔ hɔ benya nkwa.” Nanso wei kyerɛ sɛ nsu a ɛsen fii Yehowa fi hɔ no kɔɔ Ɛpo a Awu no fã biara? Daabi. Ɔbɔfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, po no afã bi a na ɛyɛ atɛkyɛ no, nsu a ɛma nkwa no annu hɔ. Saa mmeae no de, na “ɛbɛyɛ nkyenenkyene.”b (Hes. 47:8-11) Enti Yehowa nam anisoadehu yi so hyɛɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ nokware som bɛma wɔanya nkwa na wɔanya nkɔso. Nanso na kɔkɔbɔ bi wɔ anisoadehu no mu. Ɛne sɛ: Ɛnyɛ obiara na obegye Yehowa nhyira no atom; ɛnyɛ obiara nso na obenya ayaresa.
-
-
“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
b Nkurɔfo a wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu no, wɔn mu binom ka sɛ wei nso yɛ nhyira. Nea enti a wɔka saa ne sɛ, esiane sɛ wɔde nkyene kora nneɛma so nti, sɛ wokɔ Ɛpo a Awu no mpɔtam hɔ a, efi bere tenten na nkurɔfo ayɛ nkyene ho adwuma wɔ hɔ, na ɛyɛ adwuma a mfaso wɔ so paa. Nanso hyɛ no nsow sɛ, kyerɛwsɛm no ka no pefee sɛ saa mmeae a na ɛyɛ atɛkyɛ no, “ɛrennya ayaresa.” Nkwa amma mu, anaa annya ayaresa, efisɛ nsu a ɛma nkwa a efi Yehowa fi no annu hɔ. Enti ɛha yi de, ɛbɛyɛ sɛ atɛkyɛ a na ɛyɛ nkyenenkyene no, ɛnyɛ nhyira.—Dw. 107:33, 34; Yer. 17:6.
c Yesu mfatoho a ɛfa asau ho no, ɛne saa asɛm yi di nsɛ. Asau no kyeree mpataa pii, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na na ɛyɛ “papa.” Mpataa a enye no, wɔtow gui. Enti Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ, ebetumi aba sɛ, nnipa a wɔba Yehowa ahyehyɛde no mu no, bere bi akyi no, wɔn mu dodow bi renni nokware.—Mat. 13:47-50; 2 Tim. 2:20, 21.

12. (a) Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, sɛn na yɛahu sɛ aboa nkurɔfo? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na ɛwɔ anisoadehu no mu a ɛso wɔ mfaso nnɛ? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)
12 Nsu a ɛma nkwa. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Baabiara a asubɔnten no bɛkɔ no, biribiara a ɛwɔ hɔ benya nkwa.” Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, wo de, hwɛ sɛnea aboa wɔn a wɔaba yɛn honhom fam paradise no mu nyinaa. Saa nokwasɛm yi ama nnipa ɔpepem pii anya nkwa ne ayaresa wɔ honhom fam. Nanso, kɔkɔbɔ bi nso wɔ anisoadehu no mu a ɛso wɔ mfaso nnɛ. Ɛne sɛ: Ɛnyɛ obiara na ɔbɛkɔ so atena nokware no mu. Yɛbɛkae a, anisoadehu a Hesekiel nyae no mu no, ohuu awora ne atɛkyɛ wɔ Ɛpo a Awu no afã bi. Saa ara na nnipa bi wɔ hɔ a, ebedu baabi no, wɔremfa nokware a ɛwɔ Bible mu no mmɔ wɔn bra, na wɔbɛtwe wɔn ho afi Yehowa ho.c Mommma yɛnnyɛ saa da!—Kenkan Deuteronomium 10:16-18.
-
-
“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
14, 15. (a) Hesekiel anisoadehu no mu no, baabi a na ɛyɛ atɛkyɛ a nsu no ansa no yare no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (b) Asubɔnten a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu no, sɛn na yenya so mfaso nnɛ?
14 Yehu sɛ, baabi a na ɛyɛ atɛkyɛ no, nsu no ansa no yare. Ɛno nso, yebetumi asua biribi afi mu. Ɛne sɛ, nhyira a Yehowa ama ɛresen te sɛ nsu wɔ yɛn asetenam no, ɛnsɛ sɛ yɛpo. Sɛ yɛannya ayaresa a, ɛbɛyɛ awerɛhow paa. Yɛbɛyɛ te sɛ wiase yi mu nnipa pii a wɔyareyare no. (Mat. 13:15) Enti, asubɔnten a ɛde nhyira nam no, momma yɛmma kwan mma ɛmmoa yɛn, na yɛn ani nnye. Wo de, ma yɛnhwɛ nneɛma bi a yɛyɛ wɔ yɛn som mu. Yɛde anigye sua nokwasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛte sɛ nsu a ani tew no. Yɛka saa nokwasɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ asɛnka mu. Afei nso, yɛn nsa ka akwankyerɛ pa, awerɛkyekye, ne mmoa fi asafo mu mpanyimfo a akoa nokwafo no atete wɔn no hɔ. Sɛ yedwinnwen weinom nyinaa ho a, ɛma yɛkae asubɔnten a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no. Baabiara a asubɔnten no sen kɔ no, ɛma nkwa, na ɛsa yare!
-