Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yehowa Nhyira Ma Yɛn “Asase” Yi
    Ɔwɛn-Aban—1999 | March 1
    • 15. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ obiara na obegye nkwa ho nsiesiei a Onyankopɔn ayɛ no atom, na saafo no awiei bɛyɛ dɛn?

      15 Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na ogye nkwa asɛm no tom nnɛ; na saa ara nso na ɛnyɛ wɔn a wobenyan wɔn wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu nyinaa na wɔbɛyɛ saa. (Yesaia 65:20; Adiyisɛm 21:8) Ɔbɔfo no ka sɛ po no fã bi nnya ayaresa. ‘Wɔbɛma’ mmeae a ɛte sɛ atɛkyɛ a nkwa nnim no “ayɛ nkyene.” (Hesekiel 47:11) Ɛdefa nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ ho no, ɛnyɛ wɔn a wohu Yehowa nsu a ɛma nkwa no nyinaa na wogye tom. (Yesaia 6:10) Wɔ Harmagedon no, wɔbɛma wɔn a wɔapaw sɛ wɔbɛtra honhom fam yare tebea a nkwa nnim mu no ayɛ nkyene, a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa. (Adiyisɛm 19:11-21) Nanso, wɔn a wɔde nokwaredi nom saa nsu yi betumi anya anidaso sɛ wobenya wɔn ti adidi mu, na wɔahu nkɔmhyɛ yi mmamu a etwa to no.

  • Yehowa Nhyira Ma Yɛn “Asase” Yi
    Ɔwɛn-Aban—1999 | March 1
    • 18 Wɔ Mfirihyia Apem no mu no, wɔbɛsa nyarewa nyinaa—honam, adwene, ne nkate fam de. Wɔde sɛnkyerɛnne kwan so nnua a “wɔde sa amanaman no yare” no ayɛ eyi ho mfonini fɛfɛɛfɛ. Esiane nsiesiei a Kristo ne 144,000 no bɛyɛ nti, “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: ‘Meyare.’” (Yesaia 33:24, NW) Na asubɔnten no bɛhyɛn ne bere a ɛbɛyɛ kɛse asen biara mu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ kɛse na emu dɔ na atumi asõ nnipa ɔpepem pii, anaa ebia ɔpepepem pii a wobenyan wɔn a wɔbɛnom nkwa nsu a ani tew no nyinaa so. Anisoadehu mu asubɔnten no saa Po a Awu no yare, na ɛde nkwa baa baabiara a ɛkɔe no. Saa ara na mmarima ne mmea a wɔwɔ Paradise no benya nkwa koraa, na sɛ wɔkyerɛ agyede no so mfaso horow a wɔde ma wɔn no mu gyidi a, wobegye wɔn afi owu a wonya fii Adam hɔ no mu. Adiyisɛm 20:12 hyɛ nkɔm sɛ wobebue “nhoma” bi mu saa bere no, na ama wɔanya hann ho ntease foforo a awufo a wɔanyan wɔn no nso benya mu mfaso. Awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom remma wɔnsa wɔn yare wɔ Paradise mpo. Saa atuatewfo yi na ‘wɔde wɔn bɛma’ daa ɔsɛe “nkyene” no.—Adiyisɛm 20:15.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena