-
“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
7. Nnua a na esisi asubɔnten no ho wɔ anisoadehu no mu no, awerɛhyem bɛn na ɛmaa Yudafo no nyae?
7 Nnua a ɛma nnipa aduan na ɛsa wɔn yare. Afei ma yɛnhwɛ nnua a esisi asubɔnten no ho no. Ɛma asubɔnten no ho yɛ fɛ, nanso ɛsan kyerɛ biribi. Saa nnua no, na n’aba yɛ dɛ, na na ɛsow aba foforo bosome biara! Enti wo de, hwɛ sɛ Hesekiel ne ne manfo no redwinnwen nnua a ɛte saa ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛbɛma wɔn ani agye. Saa nnua no ne n’aba no ho asɛm yi ma wonyaa awerɛhyem sɛ na Yehowa bɛma wɔn honhom fam aduan adi. Dɛn bio na na wobenya? Hyɛ no nsow sɛ, na wɔde saa nnua no nhaban ‘bɛsa yare.’ (Hes. 47:12) Ná Yehowa nim sɛ, ne nkurɔfo a wɔresan aba wɔn asaase so no, nea na wobehia paa ne honhom fam ayaresa, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔanya. Ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ saa no, nokware som a wɔbɛma so bio ho nkɔmhyɛ afoforo ka ho asɛm. Yesusuw saa nkɔmhyɛ ahorow no ho wɔ nhoma yi Ti 9.
-
-
Nsu a Ɛresen Nkakrankakra No Yiri Bɛyɛɛ Asubɔnten!Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
-
-
Nnua a Ɛma Nnipa Aduan Na Ɛsa Wɔn Yare
TETE: Bere a Yehowa asomfo anokwafo san kɔɔ wɔn asaase so no, Yehowa maa wɔn honhom fam aduan. Afei nso, na wɔayare wɔ honhom fam mfe pii, enti Yehowa saa wɔn yare
ƐNNƐ: Ɛnnɛ, Yehowa rema ne nkurɔfo honhom fam aduan pii, na ɛboa wɔn ma wɔde wɔn ho fi honhom fam kɔm ne honhom fam yare a abu so wɔ wiase no ho
DAAKYE: Kristo ne 144,000 a wɔne no bedi ade no bɛboa nnipa a wotie Onyankopɔn asɛm nyinaa ama wɔayɛ pɛ, na wɔanya apɔwmuden daa!
-